撒母耳記下 15 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

撒母耳記下 15:1-37

押沙龍謀反

1後來,押沙龍為自己備了車馬,又派五十個人在他前面開道。 2他常常清早起來,站在城門的通道旁邊。每當有人來找王審理爭訟時,押沙龍便問他是從哪一座城來的,那人就會報上自己所屬的支派。 3押沙龍會對他說:「你的申訴合情合理,可惜王沒有派人來聽你申訴。」 4他接著會說:「要是我被立為國中的審判官就好了!那樣,任何人有申訴都可以來找我,我一定會為他主持公道。」 5每當有人要向他叩拜,他都伸手扶他,親吻他。 6押沙龍這樣對待每一個來向王申訴的以色列人,贏得了民心。

7過了四年,押沙龍對王說:「請讓我到希伯崙去還我向耶和華許下的願吧。 8僕人住在亞蘭基述時曾許願,如果耶和華帶領我回到耶路撒冷,我必在希伯崙敬拜祂。」 9王說:「你平安地去吧!」押沙龍就去了希伯崙10他派密使通知以色列各支派一聽見號角的響聲,便喊:「押沙龍希伯崙做王了!」 11有二百人應邀隨同押沙龍一起從耶路撒冷希伯崙,他們對內情一無所知。 12押沙龍獻祭的時候,還派人去把大衛的謀士亞希多弗從他的故鄉基羅請來。反叛的勢力大增,擁護押沙龍的民眾越來越多。

大衛逃離耶路撒冷

13有人來稟告大衛:「以色列的民心都歸向押沙龍了。」 14大衛便對在耶路撒冷跟隨他的臣僕說:「我們趕快逃命吧!否則,我們都難逃押沙龍的追捕。我們要馬上離開!免得他趕到殘害我們,屠殺全城。」 15臣僕對王說:「臣等謹遵我主我王的決定。」 16於是王就帶著全家逃命,只留下十個妃嬪看守宮殿。

17大衛王帶著眾民離開耶路撒冷,走到最後的那座房子時,停了下來。 18跟隨他的人都走到前面去了,包括基利提人、比利提人以及從迦特來跟隨他的六百人。 19王問迦特以太說:「你為什麼要跟我們一起逃難呢?回去留在新王那裡吧!你是流亡到這裡的外族人。 20你剛來不久,我怎麼可以叫你跟我們一同四處飄流呢?我甚至不知道往何處去。你還是和你的弟兄回去吧,願耶和華以慈愛和信實待你!」 21以太卻答道:「我憑永活的耶和華和我主我王的性命起誓,不管我王去哪裡,僕人都要誓死追隨到底!」 22大衛便對以太說:「那就繼續前行吧!」於是,迦特以太帶著他的人及所有的家眷繼續前行。 23眾人離開時,百姓都放聲大哭。王帶著所有的人過了汲淪溪,向曠野走去。

24祭司撒督亞比亞他和抬上帝約櫃的利未人都來了,他們把約櫃放下,讓城裡出來的人先走過去。 25王對撒督說:「你把上帝的約櫃運回城去吧。倘若耶和華恩待我,祂必使我重返家園,重見約櫃和會幕; 26但如果我使祂不悅,我也甘願聽憑祂的處置。 27你是個有先見之明的人,安心帶著你的兒子亞希瑪斯亞比亞他的兒子約拿單回城吧。 28我會在曠野渡口那裡等你們的消息。」 29於是,撒督亞比亞他便把上帝的約櫃抬回耶路撒冷,留了下來。

30大衛蒙著頭,赤著腳登上橄欖山,邊走邊哭,他的隨從也蒙著頭,哭著走上山。 31有人告訴大衛亞希多弗也叛變,投奔了押沙龍大衛就禱告說:「耶和華啊,求你使亞希多弗的謀算都變得愚不可及。」 32大衛來到山頂敬拜上帝的地方,看見亞基戶篩撕破了衣服,頭蒙灰塵前來迎接他。 33大衛對他說:「你跟我一同逃命,只會給我帶來不便。 34你還是回到城中,告訴押沙龍你願意做他的臣僕,就像以前做我的臣僕一樣,這樣你就可以幫我破壞亞希多弗的計謀。 35祭司撒督亞比亞他都在那裡,你在宮內聽到什麼消息就告訴他們。 36撒督的兒子亞希瑪斯亞比亞他的兒子約拿單也在那裡,你聽到什麼消息,可以派他們傳信給我。」 37於是,大衛的朋友戶篩便回到城裡。那時,押沙龍也進了耶路撒冷

Asante Twi Contemporary Bible

2 Samuel 15:1-37

Absalom Atuateɛ

1Yei akyi no, Absalom tɔɔ teaseɛnam ne apɔnkɔ, na ɔbɔɔ mmarima aduonum paa sɛ wɔbɛdi nʼanim. 2Adekyeɛ biara, ɔsɔre ntɛm na wakɔtena kuropɔn no ɛpono ano. Na sɛ nnipa bi de asɛm bɛto ɔhene no anim sɛ ɔmmu ho atɛn a, Absalom bɛbisa faako a wɔfirie, na wɔakyerɛ abusuakuo a wɔfiri mu. 3Na Absalom bɛka sɛ, “Wʼasɛm yɛ dɛ deɛ, nanso ɔhene nni obiara a ɔbɛtie. 4Sɛ meyɛ ɔtemmufoɔ anka mepɛ. Anka nnipa de wɔn nsɛm bɛba mʼanim, na mabu wɔn atɛn.”

5Sɛ nnipa pɛ sɛ wɔkoto no a, Absalom mma wɔn nyɛ saa na mmom ɔsɔ wɔn nsa, yɛ wɔn atuu. 6Absalom yɛɛ saa de nyaa Israelfoɔ no nyinaa wɔ nʼafa.

7Mfirinhyia ɛnan akyi, Absalom ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Ma menkɔ Hebron na menkɔbɔ afɔdeɛ mma Awurade sɛdeɛ mahyɛ no bɔ no. 8Ɛberɛ a na mewɔ Gesur no na mehyɛɛ saa bɔ no sɛ, ‘Sɛ Awurade de me sane ba Yerusalem a, mɛbɔ afɔdeɛ ama no wɔ Hebron.’ ”

9Ɔhene no kaa sɛ, “Ɛyɛ, kɔ na kɔdi wo bɔhyɛ so.” Enti, Absalom kɔɔ Hebron.

10Ɛberɛ a ɔwɔ hɔ no, ɔfaa sum ase somaa abɔfoɔ kɔɔ Israel afanan nyinaa kɔhwanyanee ɔmanfoɔ de tiaa ɔhene no. Ne nkra ne sɛ, “Sɛ mote totorobɛnto nne pɛ a, monka sɛ, ‘Absalom adi ɔhene wɔ Hebron.’ ” 11Absalom faa mmarima ahanu firii Yerusalem kaa ne ho a na wɔnnim Absalom nsusuiɛ yi ho hwee. 12Ɛberɛ a Absalom rebɔ afɔdeɛ no, ɔsoma ma wɔkɔfaa Giloni Ahitofel a na ɔyɛ Dawid fotufoɔ firi ne kurom Gilo baeɛ. Ankyɛre nnipa bebree no ara bɛkaa Absalom ho, na atirisopam no mu yɛɛ den.

Dawid Dwane Firi Yerusalem

13Ankyɛre, ɔbɔfoɔ bi baa Yerusalem bɛka kyerɛɛ ɔhene Dawid sɛ, “Israel nyinaa atu di Absalom akyi sɛ wɔayɛ dɔm atia wo.”

14Ɛhɔ ara, Dawid ka kyerɛɛ ne mmarima sɛ, “Monyɛ no ntɛm na yɛnnwane mfiri ha, ansa na waduru ha, sɛdeɛ amanehunu bɛpare yɛn ne Yerusalem kuro mu no nyinaa.”

15Nʼafotufoɔ no buaa sɛ, “Yɛgyina wʼakyi. Biribiara a wogye di sɛ ɛyɛ no, yɛ.”

16Enti, ɔhene no ne ne fiefoɔ sii so kɔɔ prɛko pɛ a wannya biribiara wɔ akyire sɛ ne mpenafoɔ edu bi a wɔbɛhwɛ nʼahemfie no so. 17Ɔhene no ne ne nkurɔfoɔ no faa fam, na wɔfaa kuropɔn no fa bi, 18maa Dawid akodɔm no bɛtwaa wɔn ho dii wɔn anim. Nnipa a wɔkaa Dawid ho kɔeɛ no yɛ Gitifoɔ ahansia a wɔfiri Gat a ne banbɔfoɔ nso ka ho.

19Na ɔhene no bisaa Gatni Itai a ɔyɛ ɔsafohene no sɛ, “Adɛn enti na woka yɛn ho rekɔ? Sane kɔka wo nkurɔfoɔ ho, na monkɔ ɔhene Absalom nkyɛn, ɛfiri sɛ, woyɛ ɔhɔhoɔ wɔ Israel ne ɔmamfrani a wɔatwa wo asuo. 20Woduruu ha nnora nko ara. Na ɛsɛ sɛ mehyɛ wo na wo ne yɛn kyini anaa? Me mpo, mennim baabi a yɛbɛkorɔ. Sane wʼakyi na kɔfa wʼakodɔm ka wo ho, na Awurade nkyerɛ wo ne dɔ ne ne nokorɛ.”

21Nanso, Itai ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Mede Awurade din ne wo ara wo nkwa ka ntam sɛ, baabiara a wobɛkɔ no, mɛkɔ bi a deɛ ɛbɛsi biara mfa me ho, sɛ ɛyɛ nkwa anaa owuo.”

22Dawid buaa no sɛ, “Ɛyɛ, ka yɛn ho.” Ɛno enti, Itai ne ne mmarima ahansia ne wɔn fiefoɔ kaa wɔn ho kɔeɛ.

23Awerɛhoɔ kɛseɛ sii asase no so, ɛberɛ a ɔhene ne nʼakyidifoɔ resene korɔ no. Wɔtwaa Kidron bɔnhwa no de wɔn ani kyerɛɛ ɛserɛ so.

24Abiatar ne Sadok ne Lewifoɔ no faa Apam Adaka no, na wɔde sii kwankyɛn. Na wɔbɔɔ afɔdeɛ wɔ hɔ kɔsii sɛ obiara seneeɛ.

25Na ɔhene no ka kyerɛɛ Sadok sɛ, “Sane fa Onyankopɔn Adaka no kɔ kuropɔn no mu. Sɛ menya Awurade anim adom a, ɔbɛsane de me aba ama mahunu Adaka no ne ne ntomadan no bio. 26Nanso, sɛ ɔne me awie a, ma ɔnyɛ deɛ ɛyɛ ma no.”

27Na ɔhene no ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Sadok sɛ, “Me nhyehyɛeɛ nie: Wo ne Abiatar nyɛ kodɛɛ nsane nkɔ kuropɔn no mu a wo babarima Ahimaas ne Yonatan a ɔyɛ Abiatar babarima ka ho. 28Mɛtwɛn wɔ faako a wɔtwa Asubɔnten Yordan kɔ ɛserɛ no so hɔ kɔsi sɛ mɛte mo nkra. Momma mente asɛm a ɛbɛsi Yerusalem, ansa na makɔ ɛserɛ so.” 29Enti, Sadok ne Abiatar faa Onyankopɔn Adaka no de sane kɔɔ Yerusalem, na wɔtenaa hɔ.

30Dawid faa ɛkwan a ɛkɔ Ngo Bepɔ so no so a, ɔrekɔ no nyinaa, na ɔretwa adwo. Na wakata ne tiri so, ɛnna ne nan sisi fam saa ara a ɛkyerɛ awerɛhoɔdie. Na nnipa a wɔka ne ho no nso katakataa wɔn tiri so, twaa adwo ɛberɛ a wɔgu so reforo bepɔ no. 31Ɛberɛ a obi ka kyerɛɛ Dawid sɛ, afei deɛ ne ɔfotufoɔ Ahitofel taa Absalom akyi no, Dawid bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao Awurade, ma Ahitofel ntu Absalom ɛfo bɔne!”

32Wɔduruu Ngo Bepɔ no atifi baabi a nnipa som Onyankopɔn no, Dawid hunuu Husai a ɔfiri Arki a ɔretwɛn no. Na Husai asunsuane nʼatadeɛ mu, de dɔteɛ afɔre ne tirim, de kyerɛ awerɛhoɔdie. 33Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wo ne me kɔ a, wobɛyɛ adesoa ama me. 34Sane kɔ Yerusalem, na ka kyerɛ Absalom sɛ, ‘Afei, mɛyɛ wo fotufoɔ sɛdeɛ da bi hɔ no na meyɛ wʼagya fotufoɔ no.’ Ɛba saa a, wobɛtumi atia Ahitofel afotuo mu, asɛe no. 35Asɔfoɔ Sadok ne Abiatar wɔ hɔ. Ka adwene a wɔafa wɔ me ho, pɛ sɛ wɔkyere me no kyerɛ wɔn, 36na wɔbɛsoma wɔn mmammarima Ahimaas ne Yonatan na wɔabɛhwehwɛ me, aka deɛ ɛrekɔ so akyerɛ me.”

37Enti, Dawid adamfo Husai sane kɔɔ Yerusalem, kɔduruu hɔ berɛ korɔ no a Absalom nso duruu hɔ no mu.