撒母耳記上 31 – CCBT & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

撒母耳記上 31:1-13

掃羅之死

1非利士人與以色列人交戰,以色列人敗逃,許多人在基利波山被殺。 2非利士人窮追掃羅及其眾子,殺了掃羅的兒子約拿單亞比拿達麥基舒亞3掃羅周圍戰事激烈,他被弓箭手發現、射成重傷, 4就對為他拿兵器的人說:「拔出你的刀來刺死我吧,免得那些未受割禮的人來刺殺和凌辱我。」但拿兵器的人非常害怕,不敢動手,掃羅就自己伏刀自盡了。 5侍從看見掃羅已死,也伏刀自盡了。 6這樣,掃羅和他三個兒子,以及為他拿兵器的人和他的軍隊都死了。 7平原一帶和約旦河對面的以色列人見以色列軍敗逃、掃羅及其眾子已死,都棄城而逃。於是,非利士人佔據了那些城邑。

8次日,非利士人來剝陣亡者的衣物,發現掃羅和他的三個兒子橫屍基利波山, 9就割下了掃羅的頭顱,剝下他的盔甲,並派人走遍非利士全境,在他們偶像的廟裡及民眾中通告消息。 10非利士人把掃羅的盔甲放在亞斯她錄神廟裡,把他的屍體釘在伯·珊城牆上。 11基列·雅比人聽說非利士人對掃羅的所作所為, 12他們所有的勇士就連夜趕到伯·珊,從牆上取下掃羅和他兒子們的屍體,帶到雅比火化, 13把骨灰葬在雅比的垂絲柳樹下,又為他們禁食了七天。

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Samuel 31:1-13

Saulo Wu

1Afei, Filistifo no ko tiaa Israel. Israelfo no guanee wɔ wɔn anim, na wokunkum pii wɔ Gilboa bepɔw so. 2Filistifo no kɔɔ Saulo ne ne mmabarima so, kunkum wɔn mu baasa a ɛyɛ Yonatan, Abinadab ne Malki-Sua. 3Ɔko no mu yɛɛ den wɔ baabi a na Saulo wɔ hɔ. Filistifo agyantowfo no bɛn no, na wopiraa no kɛse pa ara.

4Saulo fi yaw mu ka kyerɛɛ nʼakodekurafo no se, “Twe wʼafoa no, na fa wɔ me, na wɔn a wontwaa twetia no amfa wɔn afoa ammɛwɔ me, angu mʼanim ase.”

Na nʼakodekurafo no suroo sɛ ɔbɛyɛ saa. Enti Saulo twee ɔno ankasa afoa sinaa ne ho wɔ so. 5Bere a nʼakodekurafo no huu sɛ wawu no, ɔno nso sinaa ne ho wɔ nʼankasa afoa no so, na owu kaa ne ho. 6Enti Saulo ne ne mma mmarima baasa, nʼakodekurafo ne nʼakofo nyinaa totɔɔ saa da no.

7Bere a Israelfo a wɔwɔ Yesreel bon no fa baabi ne Yordan agya no huu sɛ Israel asraafo no adi nkogu, na Saulo nso ne ne mmabarima no nso atotɔ no, wogyaw wɔn nkurow hɔ guanee. Na Filistifo no bɛtenaa hɔ.

8Ade kyee a Filistifo koyiyii atɔfo no ho no, wohuu Saulo ne ne mmabarima baasa no amu wɔ Gilboa bepɔw so. 9Enti wotwaa Saulo ti, yiyii nʼakode nyinaa. Afei, wɔbɔɔ Saulo wu no dawuru wɔ wɔn abosomfi, ne ɔman no mu nyinaa. 10Wɔde nʼakode no koguu Astoret nsɔree so, na wɔkyekyeree nʼamu no fam kuropɔn Bet-San fasu ho.

11Na Yabes Gileadfo tee nea Filistifo ayɛ Saulo no, 12wɔn akofo twaa kwan anadwo mu no nyinaa kɔɔ Bet-San kɔfaa Saulo ne ne mmabarima baasa no amu fii ɔfasu no ho. Wɔde kɔɔ Yabes bɛhyew wɔn. 13Afei, wɔfaa wɔn nnompe kɔkoraa no odum dua no ase wɔ Yabes, na wodii mmuada nnanson.