提多書 1 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

提多書 1:1-16

問候

1保羅作上帝的奴僕和耶穌基督的使徒,是為了使上帝揀選的人有信心、明白真理,從而過敬虔的生活, 2有永生的盼望。這永生是從不說謊的上帝在亙古以前應許的。 3祂在所定的時候,藉著人的傳揚將自己的道顯明出來。我奉我們救主上帝的命令傳揚這道。

4提多啊,我寫信給你,就我們共同的信仰來說,你是我真正的兒子。

願父上帝和我們的救主基督耶穌賜給你恩典和平安!

長老的資格

5當初,我把你留在克里特島,是要你完成未辦完的事工,並照我的指示在各城選立長老。 6作長老的必須無可指責,只有一位妻子,兒女都信主、沒有放蕩不羈的行為。 7身為上帝的管家,作監督的必須無可指責,不傲慢,不暴躁,不酗酒,不好鬥,不貪財。 8他必須好客、樂善、自制、正直、聖潔、自律, 9持守所領受的真道,以便能夠以純正的教導勸勉人,駁倒那些反對的人。

10因為有許多悖逆之人喜歡空談,善於欺騙,尤其是那些奉行割禮的人。 11你一定要堵住他們的口,因為他們為了不義之財教不該教的,誤導了別人全家。 12克里特人自己的一位先知說:「克里特人說謊成性,邪惡如獸,好吃懶做。」 13這話是真的。因此你要嚴正地斥責他們,使他們有純正的信仰, 14不理會猶太人荒誕的傳說和那些違背真理之人的誡律。 15對潔淨的人而言,一切都是潔淨的;對污穢不信的人而言,什麼都不潔淨,連他們的思想和良心都是污穢的。 16他們自稱認識上帝,在行為上卻否認祂。他們令人可憎,悖逆成性,一無是處。

Asante Twi Contemporary Bible

Tito 1:1-16

Nkyea

1Nwoma yi firi Onyankopɔn ɔsomfoɔ ne Yesu Kristo somafoɔ Paulo nkyɛn. Wɔyii me na wɔsomaa me sɛ memmɛboa nhyɛ nnipa a Onyankopɔn ayi wɔn no gyidie mu den na menkyerɛkyerɛ wɔn nokwasɛm a ɛde nyamesuro ba, 2a ne nnyinasoɔ yɛ nkwa a ɛnni awieeɛ no. Onyankopɔn a ɔnni atorɔ no hyɛɛ yɛn asetena yi ho bɔ ansa na ɔrefiri ewiase ase; 3na ɛberɛ a ɛsɛ mu no, ɔdaa asɛm no a daa yɛka ho asɛm no adi. Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Agyenkwa na wafrɛ me sɛ menyɛ adwuma a ɔde ahyɛ me nsa yi.

4Meretwerɛ akɔma me ba Tito afa gyidie baako a yɛn nyinaa kura mu no ho:

Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri Agya Onyankopɔn ne Kristo Yesu, yɛn Agyenkwa no nka wo!

Asɛmpakafoɔ Yiedie

5Megyaa wo Kreta sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛtoto nneɛma a aka no pɛpɛɛpɛ na wayi mpanimfoɔ atuatua asafo a ɛwɔ kuro biara mu no ano. 6Kae mmara a mehyɛ maa wo no. Ɔpanin yɛ obi a ne ho nni asɛm na ɔwɔ yere baako na ne mma yɛ agyidifoɔ a wɔmmɔ ahohwi bra, na wɔnyɛ asoɔden nso. 7Ɛnsɛ sɛ mfomsoɔ biara ba ɔpanin no ho ɛfiri sɛ, Onyame adwuma hyɛ ne nsa. Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ ahomasoɔ, anaa obi a ne bo nkyɛre fu anaa ɔkɔwensani anaa basabasayɛfoɔ anaa sikanibereɛfoɔ. 8Ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a ɔpɛ ahɔhoyɛ na nʼani gye deɛ ɛyɛ ho na nʼadwenem da hɔ na ɔtene na ɔyɛ kronn na ɔwɔ ahohyɛsoɔ. 9Ɛsɛ sɛ ɔsɔ asɛm no mu denden sɛdeɛ wɔkyerɛɛ no no. Sɛ ɛba saa a, ɔbɛtumi ahyɛ afoforɔ den wɔ saa nkyerɛkyerɛ pa no mu, na wada wɔn a wɔtia asɛm no mu no nso mfomsoɔ adi.

10Nnipa pii wɔ hɔ a wɔsɔre tia na wɔnam wɔn nkwaseasɛm so daadaa afoforɔ, ne titire no, wɔn a wɔfiri twetiatwasom no mu. 11Ɛsɛ sɛ wosi wɔn nkyerɛkyerɛ no ano ɛfiri sɛ, wɔnam wɔn nkyerɛkyerɛ bɔne no so ma ntoto ba mmusua mu nam so de pɛ sika. 12Mpo Kreta adiyifoɔ no mu baako kaa sɛ, “Kretafoɔ no yɛ atorofoɔ, mmoa atirimuɔdenfoɔ ne akwadwofoɔ adidifoɔ.” 13Na asɛm a ɔkaeɛ no yɛ nokorɛ. Esiane saa enti, ɛsɛ sɛ moka wɔn anim yie sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya gyidie pa, 14na wɔantena ase amma twetiatwa atorɔsɛm ne nhyɛ a ɛfiri nnipa a wɔapo nokorɛ no. 15Biribiara yɛ kronn ma wɔn a wɔyɛ kronn no, nanso biribiara nyɛ kronn mma wɔn a wɔn ho agu fi na wɔnni gyidie, ɛfiri sɛ, wɔn adwene ne wɔn atiboa ho agu fi. 16Wɔka sɛ wɔnim Onyankopɔn, nanso wɔn nneyɛeɛ nkyerɛ saa. Wɔyɛ nnipa a obiara tan wɔn, na wɔyɛ asoɔdenfoɔ a wɔntumi nyɛ ade pa biara.