啟示錄 19 – CCBT & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

啟示錄 19:1-21

天上的讚美

1這事以後,我聽見天上好像有一大群人在呼喊:「哈利路亞19·1 哈利路亞」意思是「要讚美上帝」。!救贖、榮耀和權能都歸於我們的上帝! 2因為祂的審判真實公義,祂懲罰了那用淫亂敗壞世界的大淫婦,為那些被她殺害的奴僕伸冤。」 3他們又歡呼說:「哈利路亞!焚燒大淫婦的煙不斷上騰,直到永永遠遠。」 4那二十四位長老和四個活物也俯伏敬拜坐在寶座上的上帝,說:「阿們!哈利路亞!」

5這時從寶座那裡發出聲音,說:「上帝所有的奴僕和一切敬畏祂的人,無論尊卑老少,都要讚美我們的上帝!」 6我聽見有聲音好像一大群人的呼喊聲,又像洪濤,也像雷鳴,說:「哈利路亞!因為我們的主——全能的上帝已經執掌王權了。 7我們應當歡喜快樂,歸榮耀給祂,因為羔羊的婚期到了,祂的新娘已預備妥當, 8獲准穿上光亮潔白的細麻衣。」這細麻衣代表聖徒的義行。

9天使吩咐我說:「你要寫下來,被邀請參加羔羊婚宴的人有福了!」他又說:「這是上帝親口說的,千真萬確。」 10我俯伏在他腳前要拜他,他卻說:「千萬不可!我和你並那些為耶穌做見證的弟兄姊妹同是上帝的奴僕。你要敬拜上帝,因為預言的真諦就是為耶穌做見證。」

白馬騎士

11我看見天開了,有一匹白馬出來,馬上的騎士名叫「誠信真實」,祂憑公義審判、作戰。 12祂的雙目如火焰,頭上戴了許多冠冕,寫著一個只有祂自己才明白的名字。 13祂穿著被鮮血浸透的衣服,祂的名字是「上帝的道」。 14眾天軍穿著潔白的細麻衣,騎著白馬跟隨祂。 15祂口中吐出一把利劍,可以攻擊列國。祂必用鐵杖統治他們,踩踏盛滿全能上帝之烈怒的榨酒池。 16祂的衣服和大腿上都寫著祂的名號:「萬王之王,萬主之主。」

17我又看見一位天使站在太陽裡,對空中飛翔的鳥大聲呼喚: 18「來吧!一起來參加上帝的盛宴,一同享用君王、將軍、勇士、馬匹、騎士、自由人、奴隸和尊卑老少的肉吧!」

19我看見那怪獸、地上的眾王及其軍隊聚集起來,要與白馬騎士和祂的軍隊作戰。 20後來,怪獸被俘虜了,在怪獸面前行奇蹟的假先知也一同被擒了。這假先知曾用奇蹟欺騙那些蓋了獸印、敬拜獸像的人。他和怪獸一同被活活地扔進硫磺火湖裡。 21怪獸的殘兵紛紛被白馬騎士口中的利劍所殺,飛鳥飽餐了他們的肉。

Akuapem Twi Contemporary Bible

Adiyisɛm 19:1-21

Nnipakuw A Wɔwɔ Ɔsoro No Ani Gye

1Eyi akyi no, metee nne bi te sɛ nnipakuw a wɔwɔ ɔsoro teɛ mu se,

“Haleluya!

Nkwagye ne anuonyam ne tumi wɔ yɛn Nyankopɔn,

2efisɛ nʼatemmu yɛ nokware,

na eye sɛ obuu oguamanfo kɛse

a ɔde nʼaguamammɔ asɛe asase no atɛn.

Onyankopɔn atwe nʼaso, efisɛ okum nʼasomfo.”

3Na afei wɔteɛɛ mu bio se,

“Haleluya!

Wusiw befi kurow no mu akɔ ɔsoro daa daa.”

4Mpanyimfo aduonu anan ne ateasefo baanan no butubutuu Onyankopɔn a ɔte nʼahengua so no anim som no. Na wɔteɛɛ mu se,

“Amen, Haleluya!”

5Afei nne bi fi ahengua no so bae se,

“Monkamfo yɛn Nyankopɔn,

mo a moyɛ nʼasomfo nyinaa,

mo a musuro no,

akɛse ne nkumaa!”

6Afei metee nne bi te sɛ nnipadɔm a ɛte sɛ asuworo ne aprannaa a ɛrepaapae a ɛteɛ mu se,

“Haleluya!

Yɛn Tumfo Awurade Nyankopɔn di hene.

7Momma yɛn ho nsɛpɛw yɛn na yɛn ani nnye

na yɛnhyɛ no anuonyam

efisɛ Oguamma no ayeforohyia adu

a nʼayeforokunu asiesie ne ho.

8Wɔde nwera pa a ani hyerɛn na ani tew

maa no sɛ ɔnhyɛ.”

(Nwera no kyerɛ ahotefo trenee nneyɛe.)

9Afei ɔbɔfo no ka kyerɛɛ me se, “Kyerɛw sɛ, Nhyira nka wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn wɔ Oguamma no ayeforohyia anwummere aponto ase.” Ɔka kaa ho se, “Eyi yɛ Onyankopɔn asɛm turodoo.”

10Mibutuw ne nan ase pɛɛ sɛ mesom no. Nanso ɔka kyerɛɛ me se, “Nyɛ saa, efisɛ meyɛ ɔsomfo te sɛ wo ne wo nuanom a wodi Yesu ho adanse no. Som Onyankopɔn efisɛ nokware a Yesu daa no adi no na ɛhyɛ adiyifo no nkuran.”

Ahene Mu Hene

11Afei mihuu sɛ ɔsoro abue a ɔpɔnkɔ fitaa wɔ hɔ. Na nea ɔte ne so no din de “Ɔseadeɛyɛ ne Ɔnokwafo.” Nokware na ogyina so bu atɛn na ɔko ne ko. 12Nʼaniwa te sɛ ogya a ɛredɛw na ɔhyɛ ahenkyɛw bebree. Na ɔwɔ din bi a wɔakyerɛw agu ne ho, nanso na obiara nnim din no nkyerɛase ka ne ho. 13Na ɔhyɛ atade bi a wɔde anu mogya mu. Na ne din ne “Onyankopɔn Asɛm” 14Ɔsoro asraafo a wɔhyehyɛ nwera fitaa a ani tew a wɔtete apɔnkɔ fitafitaa so dii nʼakyi. 15Afoa a ano yɛ nnam yiye a ɔde bedi aman so no fii nʼanom bae. Dade pema na ɔde bedi wɔn so. Sɛnea wotiatia bobe a ɛwɔ nsakyiamoa mu no so no, saa ara na obetiatia nnipa no so de akyerɛ Onyankopɔn Tumfo no abufuw. 16Na wɔakyerɛw din agu nʼatade mu ne ne srɛ ho se,

Ahene mu Hene ne Awuranom mu Awurade.

17Afei, mihuu ɔbɔfo bi a ogyina owia mu. Ɔteɛɛ mu guu nnomaa a wɔnam wim nyinaa so se, “Mommra mmehyia mu wɔ Onyankopɔn aponto kɛse no ase. 18Mummedi ahemfo nam ne asafohene nam ne atumfo nam ne apɔnkɔ ne wɔn sotefo nam ne adehye ne nkoa ne akɛse ne nketewa nyinaa nam.”

19Afei mihuu aboa no ne asase so ahene ne wɔn asraafo a wɔaboa wɔn ho ano rekɔko atia nea ɔte ɔpɔnkɔ no so no ne ne dɔm. 20Wɔkyeree aboa no ne nʼatoro adiyifo a ɔyɛɛ anwonwade maa no no. Saa anwonwade no so na ɔnam daadaa wɔn a wɔde aboa no ahyɛ wɔn agyirae ne wɔn a wɔsom aboa no honi no. Wɔtow aboa no ne atoro adiyifo no anikann guu ogya ɔtare a sufre na na ɛredɛw wɔ mu no mu. 21Wɔde afoa a efi ɔpɔnkɔkafo no anom kunkum wɔn asraafo, na nnomaa no dii wɔn nam sɛnea wobetumi.