啟示錄 13 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

啟示錄 13:1-18

兩隻怪獸

1我又看見一隻怪獸從海中上來,有七頭十角,每隻角上都戴著一個冠冕,每個頭上都寫著褻瀆上帝的名號。 2牠看起來像豹,卻有熊的腳和獅子的口。巨龍將自己的能力、王位和大權柄都交給了怪獸。 3我看見怪獸的一個頭似乎受了致命傷,這傷卻復原了。全世界的人都驚奇地跟從了牠。 4他們拜巨龍,因為巨龍將自己的權力給了怪獸。他們又拜怪獸,說:「有誰比得上這獸呢?誰能與牠對抗呢?」 5巨龍又使怪獸說狂妄、褻瀆的話,並給牠權柄,可以任意妄為四十二個月。 6怪獸開口褻瀆上帝的名、上帝的居所和一切居住在天上的。 7牠又獲准去攻打聖徒,征服他們,並得到權柄制伏各民族、各部落、各語言族群、各國家。 8凡住在地上的人,就是從創世以來名字沒有記在被殺羔羊的生命冊上的,都會崇拜怪獸。

9凡有耳朵的都應當聽。

10該被擄的人必被擄,

該被刀殺的必被刀殺。

因此,聖徒需要堅忍和信心。

11我又看見另一隻怪獸從地裡竄出來,牠的兩隻角像羔羊的角,說話卻像龍, 12在頭一隻怪獸面前行使頭一隻怪獸的一切權柄。牠命令世上的人拜曾受了致命傷但已復原的頭一隻怪獸, 13又行大奇蹟,當眾叫火從天降到地上。 14牠在頭一隻怪獸面前獲准行奇蹟,欺騙了普世的人,並吩咐他們為受了刀傷卻仍然活著的頭一隻怪獸塑像。 15牠又獲准給怪獸的塑像生命氣息,使牠不但能說話,還能使所有不敬拜那像的人遭害。 16牠又強迫所有的人,不論老少、尊卑、貧富、自由人或奴隸,都在右手或額上接受印記。 17凡沒有蓋上怪獸印記的,就是沒有怪獸的名字或代號的,都不能做買賣。 18這裡藏有玄機,聰明的人可以計算那怪獸的代號,因為那是一個人的代號,是「六百六十六」。

Asante Twi Contemporary Bible

Adiyisɛm 13:1-18

Mmoa Mmienu Bi

1Afei, mehunuu sɛ aboa bi apue ɛpo no mu reba. Na ɔwɔ mmɛn edu ne tire nson a na ahenkyɛ hyehyɛ mmɛn no biara so na edin a ɛgu Onyankopɔn ho fi bobɔ etire no ho. 2Aboa a mehunuu no no, na ɔte sɛ ɔsebɔ a ne nan te sɛ sisi, na nʼano nso te sɛ gyata. Ɔtweaseɛ no de ɔno ankasa ahoɔden ne nʼahennwa ne ne tumi nyinaa maa aboa no. 3Mehunuu sɛ wɔapira ne tiri no baako a ayɛ sɛ wɔrentumi nkum kuro no, nanso na kuro no awu. Aboa no ho yɛɛ ewiasefoɔ nyinaa nwanwa, enti wɔtu dii nʼakyi. 4Nnipa nyinaa somm ɔtweaseɛ no, ɛfiri sɛ, ɔde ne tumi nyinaa ama aboa no. Wɔsomm aboa no nso kaa sɛ, “Hwan na ɔte sɛ aboa no? Na hwan na ɔbɛtumi ne no ako?”

5Wɔmaa aboa no kwan maa ɔkaa abususɛm akɛseakɛseɛ tiaa Onyankopɔn, na wɔmaa no tumi sɛ ɔnyɛ deɛ ɔpɛ biara abosome aduanan mmienu. 6Ɔhyɛɛ aseɛ domee Onyankopɔn, ne din, baabi a ɔte ne wɔn a wɔte ɔsoro nyinaa. 7Wɔmaa no ɛkwan ma ɔne Onyankopɔn nkurɔfoɔ koeɛ sɛ ɔbɛdi wɔn so. Na wɔmaa no aman ne mmusuakuo ne nkurɔfoɔ ne kasa nyinaa mu so tumi. 8Nnipa a wɔte asase so nyinaa bɛsom no: obiara a wantwerɛ ne din anhyɛ ateasefoɔ nwoma a ɛwɔ Odwammaa a wɔkumm no no mu ansa na wɔrebɔ ewiase.

9“Tie, wo a wowɔ aso, bɛtie.

10“Obiara a ɛsɛ sɛ wɔkyere no no,

wɔbɛkyere no.

Obiara a ɛsɛ sɛ wɔkum no akofena ano no,

wɔbɛkum no.”

Yei mu boasetɔ ne gyidie ho hia Onyankopɔn nkurɔfoɔ.

11Afei, mehunuu aboa foforɔ a ɔrepue afiri asase mu. Na ɔwɔ mmɛn mmienu te sɛ nnwammaa, nanso na ɔkasa te sɛ ɔtweaseɛ no. 12Ɔsii aboa a ɔdi ɛkan no ananmu de ne tumi kɛseɛ no dii dwuma, na ɔhyɛɛ asase ne ɛso nnipa sɛ wɔnsom deɛ nʼapirakuro no awu no. 13Aboa a ɔtɔ so mmienu yi yɛɛ anwanwadeɛ akɛseɛ bebree. Ɔmaa ogya firi ɔsoro baa asase so wɔ nnipa nyinaa anim. 14Na ɔnam anwanwadeɛ a wɔmaa no ho ɛkwan yɛeɛ wɔ aboa a ɔdi ɛkan no anim no so daadaa nnipa a wɔte asase so nyinaa. Aboa no ka kyerɛɛ ewiase nnipa nyinaa sɛ, wɔnsi ohoni mfa nhyɛ aboa a wɔde akofena piraa no nanso nʼapirakuro no awu na ɔte ase no animuonyam. 15Wɔmaa aboa a ɔtɔ so mmienu no ɛkwan ma ɔhomee nkwa guu aboa a ɔdi ɛkan ohoni no mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ohoni no bɛtumi akasa, na wakum obiara a ɔnsom no no. 16Aboa no hyɛɛ nnipa nyinaa, nketewa ne akɛseɛ; adefoɔ ne ahiafoɔ, nkoa ne wɔn a wɔde wɔn ho sɛ wɔnhyɛ wɔn nsa nifa ho ne wɔn moma so agyiraeɛ. 17Obiara nni ho ɛkwan sɛ ɔtɔ anaa ɔtɔn, gye sɛ wɔde aboa no din anaa nsɛnkyerɛnneɛ a ɛgyina hɔ ma edin no hyɛ ne ho agyiraeɛ.

18Yei hia ma nyansa. Obiara a ɔnim nyansa no bɛtumi ahunu nsɛnkyerɛnneɛ a ɛgyina hɔ ma aboa no ase, ɛfiri sɛ, nsɛnkyerɛnneɛ no gyina hɔ ma onipa edin. Ne nsɛnkyerɛnneɛ yɛ ahansia aduosia nsia.