哥林多後書 3 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

哥林多後書 3:1-18

保羅的薦信

1難道我們又是在稱讚自己嗎?難道我們像別人一樣,需要拿著推薦信去見你們,或拿著你們的推薦信去見別人嗎? 2你們自己就是我們的推薦信,寫在了我們心坎上,眾所周知,人人可讀。 3顯然,你們是從基督而來的一封信,是我們工作的成果。這信不是用筆墨寫成的,乃是藉著永活上帝的靈寫成的;不是寫在石版上的,而是刻在心版上的。

4我們靠著基督在上帝面前有這樣的確信。 5我們並不認為自己能夠承擔什麼,我們能夠承擔全是靠上帝。 6祂使我們能夠擔任新約的執事。這新約不是用律法條文立的,而是聖靈的工作,因為律法條文帶給人死亡,但聖靈賜給人生命。

新約的榮耀

7這最終帶來死亡、刻在石版上的律法條文的事工尚且有榮耀,甚至使摩西的臉上發出榮光,儘管很快就消逝了,以色列人仍然無法定睛看他, 8那麼聖靈的事工豈不更有榮耀嗎? 9那定人罪的事工尚且有榮耀,這使人被稱為義人的事工豈不更有榮耀嗎? 10其實先前的榮耀和現今的大榮耀相比,就黯然失色了。 11那漸漸消逝的尚且有榮耀,這永遠長存的更是榮耀無比。

12我們因為有這極大的盼望,就放膽無懼, 13不像摩西將帕子蒙在臉上,以免以色列人看見那漸漸消逝的榮光。 14以色列人的心剛硬,直到今日,他們每逢讀舊約的時候,同樣的帕子還在那裡,沒有揭去。因為只有在基督裡,那帕子才能被除去。 15時至今日,每逢他們讀摩西律法的時候,帕子仍然蒙在他們心上。 16然而,他們一旦歸向基督,那帕子就被除去了。 17主就是那靈,主的靈在哪裡,哪裡就有自由。 18我們這些臉上不再蒙著帕子的人,可以像鏡子一樣反映主的榮光,漸漸變成主的樣式,榮上加榮。這都是主的作為,主就是那靈。

Asante Twi Contemporary Bible

2 Korintofoɔ 3:1-18

Mo Gyidie Boa Asɛnka No

1Yei kyerɛ sɛ yɛrehoahoa yɛn ho bio anaa? Anaasɛ yɛhia adansedie nkrataa a ɛfiri yɛn nkyɛn anaa mo nkyɛn sɛdeɛ afoforɔ hia no anaa? 2Mo ankasa moyɛ krataa a ɛwɔ yɛn nkyɛn a wɔatwerɛ wɔ yɛn akoma mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara bɛhunu na wakan. 3Mote sɛ krataa a Kristo nam yɛn som so atwerɛ. Ɛnyɛ twerɛduro na wɔde twerɛɛ no ɛboɔ ɛpono so, na mmom Onyankopɔn a ɔte ase no Honhom na wɔde twerɛ guu nnipa akoma mu.

4Saa ahotosoɔ yi na yɛnam Kristo so anya wɔ Onyankopɔn fam. 5Biribiara nni yɛn mu a ɛbɛtumi ama yɛasi yɛn bo aka sɛ yɛbɛtumi ayɛ saa adwuma yi. Ahoɔden a yɛwɔ no firi Onyankopɔn. 6Ɔno na wama yɛn afata sɛ NʼApam Foforɔ ho asomfoɔ. Ɛfiri Honhom Kronkron no na ɛmfiri mmara a wɔatwerɛ. Mmara de owuo ba na Honhom no deɛ ɛma nkwa.

Kristo Animuonyam Foforɔ

7Mmara a ɛde owuo baeɛ no, na wɔatwerɛ no ɛboɔ ɛpono so, nanso animuonyam a na ɛkura no enti nnipa no antumi anhwɛ Mose anim. Mose animuonyam hyerɛneeɛ nanso saa animuonyam no dumiiɛ. 8Enti, apam a Honhom no de ba no, ɛrennya animuonyam mmorosoɔ anaa? 9Sɛ mmara a ɛde owuo ba no wɔ animuonyam a, ɛnneɛ deɛ ɛma yɛtene Onyankopɔn anim no rennya animuonyam a ɛboro so? 10Nokorɛm, Apam Foforɔ no animuonyam mmorosoɔ enti, mmara a ɛde owuo ba no animuonyam ayera. 11Na sɛ na animuonyam wɔ biribi a ɛnkyɛre mu a, animuonyam bɛn na ade a ɛte hɔ daa no rennya.

12Esiane sɛ yɛwɔ saa anidasoɔ yi enti, yɛwɔ akokoɔduru. 13Yɛnte sɛ Mose a ɔde nkatanimu kataa nʼanim sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Israelfoɔ no renhunu nʼanim hyerɛn no pa a ɛrepa na ayera no. 14Nanso nteaseɛ a wɔn annya no enti ɛbɛsi ɛnnɛ yi, sɛ wɔkenkan Apam Dada nwoma no a, saa nkatanimu no da so kata wɔn adwene so. Ansa na nkatanimu no bɛfiri hɔ no, gye sɛ ɔgye Kristo di. 15Ɛbɛsi ɛnnɛ, ɛberɛ biara a wɔbɛkenkan Mose mmara no, nkatanimu no da so kata wɔn adwene so. 16Nanso sɛ obi gye Awurade di a, ne nkatanimu no, woyi firi hɔ. 17Na Awurade ne Honhom no, na baabiara a Awurade Honhom wɔ no, ahotɔ wɔ hɔ. 18Yɛn a nkatanimu biara nkata yɛn anim no, Awurade animuonyam hyerɛn yɛn anim, na Awurade Honhom no sakra yɛn kɔ nʼanimuonyam mu.