哥林多後書 2 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

哥林多後書 2:1-17

愛之深責之切

1我已經決定了,下次到你們那裡時不再使大家憂傷。 2如果我使你們憂傷,那麼除了因我而憂傷的你們,還有誰能使我喜樂呢? 3我曾為這事寫信給你們,免得我到你們那裡時,那些本該使我喜樂的人反而使我憂傷。我也深信你們會以我的喜樂為你們的喜樂。 4我萬分難過、淚流滿面地給你們寫了前一封信,並非要使你們憂傷,而是要你們明白我是多麼疼愛你們。

要饒恕犯罪的人

5那個令人痛心的人與其說使我憂傷,倒不如說使你們大家都有幾分憂傷。我只說幾分憂傷,是怕說得太重,他受不了。 6這樣的人受了眾人的譴責也就夠了。 7你們現在要饒恕他、安慰他,免得他憂傷過度而一蹶不振。 8我勸你們要讓他確實知道你們仍然愛他。 9為此,我也曾寫信給你們,想知道你們是否凡事順服。 10你們饒恕誰,我也饒恕誰。我若饒恕,是為了你們的緣故在基督面前饒恕的, 11免得撒旦乘虛而入,因為我們並非不知道牠的詭計。

基督的香氣

12我前往特羅亞傳揚基督的福音時,主為我打開了傳福音的大門。 13那時,因為沒有找到提多弟兄,我心裡不安,便辭別眾人來到馬其頓

14感謝上帝!祂常常在基督裡率領我們走在凱旋的行列中,又藉著我們到處散發那因認識基督而有的香氣。 15不論是在得救的人當中還是在滅亡的人當中,對上帝來說,我們都是基督的馨香之氣。 16對滅亡的人而言,這香氣是叫人死亡的香氣;對得救的人來說,這香氣卻是叫人得生命的香氣。誰能擔當這樣的重任呢? 17我們並不像許多人為了謀利而出賣上帝的道。我們是上帝差遣的,在上帝面前靠著基督誠誠實實地講道。

Asante Twi Contemporary Bible

2 Korintofoɔ 2:1-17

1Enti, meyɛɛ mʼadwene sɛ meremma mo nkyɛn bio mmɛhyɛ mo awerɛhoɔ. 2Sɛ mebɛhyɛ mo awerɛhoɔ a, hwan na ɔbɛkyekyere me werɛ? Me ara a mahyɛ mo awerɛhoɔ no anaa? 3Saa enti na metwerɛɛ saa krataa no brɛɛ mo. Na mempɛ sɛ meba mo nnipa korɔ no ara a mobɛgye mʼani no nkyɛn bɛhyɛ mo awerɛhoɔ. Menim yie sɛ, sɛ me ho tɔ me a, mo nso mo ho bɛtɔ mo. 4Mede amanehunu, awerɛhoɔ ne nisuo na ɛretwerɛ mo saa krataa yi. Mantwerɛ mammɛhyɛ mo awerɛhoɔ na mmom, metwerɛ de bɛkyerɛɛ ɔdɔ a medɔ mo nyinaa.

Bɔne Fakyɛ

5Sɛ obi ahyɛ afoforɔ awerɛhoɔ a, ɛnyɛ me na wahyɛ me saa awerɛhoɔ no, na mo anaasɛ mo mu bi na wahyɛ no saa awerɛhoɔ no. Mempɛ sɛ me nsa yɛ den wɔ saa onipa no so. 6Asotwe a dodoɔ no ara atwe no no dɔɔso ma no. 7Ɛsɛ sɛ mode kyɛ no na mokyekyere ne werɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a awerɛhoɔ renhyɛ ne so. 8Mesrɛ mo, momma ɔnhunu sɛ mopɛ nʼasɛm pa ara.

Hwan Na Ɔyɛ Ma Saa Dwumadie Yi?

9Deɛ enti a metwerɛ mo krataa no ne sɛ: Mepɛ sɛ mehunu sɛ moatumi agyina sɔhwɛ no ano pintinn na nsɛm a meka kyerɛ mo no nso, modi so anaa. 10Sɛ obi yɛ bɔne bi na mode kyɛ no a, me nso mede kyɛ no. Sɛ ɛho hia sɛ mede kyɛ na mede kyɛ a, ɛsɛ sɛ mede biribiara kyɛ. Na mo enti na meyɛ saa wɔ Kristo anim 11sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbonsam rennya yɛn ho ɛkwan, ɛfiri sɛ, yɛnim ne nsusuiɛ.

12Ɛberɛ a meduruu Troa kɔkaa Asɛmpa no, mehunuu sɛ Awurade ama adwuma no yɛ ho ɛkwan wɔ hɔ. 13Nanso, me werɛ hoeɛ, ɛfiri sɛ, na menhunu yɛn nua Tito. Enti, mekraa nnipa a wɔwɔ hɔ no na mesiim mekɔɔ Makedonia.

14Yɛda Onyankopɔn ase sɛ daa ɔto yɛn santene wɔ anigyeɛ ne nkonimdie wɔ Kristo mu ma yɛyi hwa a ɛyɛ hwam. Onyankopɔn nam yɛn so ma Kristo ho asɛm trɛ kɔ baabiara sɛ aduhwam. 15Yɛte sɛ aduhwam a Kristo de ama Onyankopɔn a ɛtrɛ kɔ wɔn a wɔregye wɔn nkwa ne wɔn a wɔreyera mu. 16Na wɔn a wɔreyera no deɛ, ɛyɛ wɔn hwa bɔne a ɛtumi kum. Nanso, wɔn a wɔregye wɔn nkwa no, ɛyɛ adeɛ a ɛyɛ hwam a ɛma wɔn nkwa. Hwan na ɔbɛtumi agyina adwuma a ɛyɛ den sei anim? 17Yɛnte sɛ nnipa afoforɔ bi a wɔfa Onyankopɔn asɛm sɛ adetɔndeɛ bi, na ɛsiane sɛ Onyankopɔn asoma yɛn no enti, yɛka nokorɛ wɔ nʼanim sɛ Kristo asomfoɔ.