前車之鑑
1弟兄姊妹,我希望你們知道,我們的祖先曾經在雲下走過紅海, 2都在雲下、在海中受洗跟從了摩西。 3他們都吃過同樣的靈糧, 4都喝過同樣的靈水,因為他們從那與他們同行的屬靈磐石中得水喝,那磐石就是基督。 5儘管如此,他們當中大多數人不討上帝的喜悅,倒斃在曠野。
6如今這些事正好警戒我們,叫我們不要像他們那樣貪戀罪惡, 7也不要像他們當中的人那樣去祭拜偶像,正如聖經上說:「百姓坐下吃喝,起來狂歡。」 8我們也不要淫亂,像他們當中的人那樣,結果一天就死了兩萬三千人。 9也不要試探主,像他們當中的人那樣,結果被蛇咬死了。 10也不要發怨言,像他們當中的人那樣,結果被滅命的天使毀滅了。 11發生在他們身上的這些事都是鑑戒,之所以記錄下來是為了警戒我們這活在末世的人。 12所以,自以為站得穩的人要小心,免得跌倒。
13你們遇見的誘惑無非是人們常見的。上帝是信實的,祂絕不會讓你們遇見無法抵擋的誘惑,祂必為你們開一條出路,使你們經得住誘惑。
切勿祭拜偶像
14所以,我親愛的弟兄姊妹,你們要遠避祭拜偶像的事。 15你們都是明白事理的人,可以判斷我說的對不對。 16領聖餐時,我們為那福杯獻上感謝,這不表示我們有份於基督的血嗎?我們吃掰開的餅,這不表示我們有份於基督的身體嗎? 17我們人數雖多,卻同屬一個身體,因為我們同享一個餅。
18你們看以色列人10·18 「以色列人」希臘文是「從血統上講是以色列人」。,那些吃祭物的難道不是有份於祭壇嗎? 19我這話是什麼意思呢?是說偶像和祭偶像的食物有什麼特別嗎? 20當然不是,我的意思是那些異教徒所獻的祭是祭鬼魔的,而不是獻給上帝的。我不願意你們與鬼魔有任何關係。 21你們不能又喝主的杯又喝鬼魔的杯,不能又吃主的聖餐又吃祭鬼魔的食物。 22我們想惹主嫉妒嗎?難道我們比祂更有能力嗎?
信徒的自由
23凡事我都可以做,但並非事事都有益處;凡事我都可以行,但並非事事都造就人。 24無論是誰,不要為自己謀利,要為別人謀利。
25巿場上賣的肉,你們都可以吃,不必為良心的緣故而詢問什麼, 26因為世界和其中的萬物都屬於主。 27如果有非信徒邀請你們吃飯,你們又願意去,那麼,桌上擺的各樣食物,你們只管吃,不必為良心的緣故而詢問什麼。 28不過,如果有人告訴你這些是獻給偶像的祭物,你為了那告訴你的人和良心的緣故,就不要吃。 29不過我指的不是你的良心,而是那人的良心。或許有人說:「我的自由為什麼要受別人的良心限制呢? 30如果我存感恩的心吃,為什麼還要受批評呢?」
31所以,你們或吃或喝,無論做什麼,都要為上帝的榮耀而做。 32不要成為猶太人、希臘人或上帝教會的絆腳石, 33就像我凡事儘量讓人滿意,不求自己的好處,只求眾人的好處,以便他們可以得救。
Ahoni Ho Kɔkɔbɔ
1Anuanom, mepɛ sɛ metwe mo adwene ba nsɛm a ɛtoo yɛn nananom a wɔdii Mose akyi no so. Omununkum bɔɔ wɔn nyinaa ho ban maa wɔn nyinaa faa Ɛpo Kɔkɔɔ no mu asomdwoeɛ mu. 2Omununkum no ne Ɛpo no mu, wɔbɔɔ wɔn nyinaa asu sɛ Mose akyidifoɔ. 3Wɔn nyinaa dii honhom fam aduane 4na wɔnom honhom fam anonneɛ. Wɔnom honhom botan a na ɔne wɔn nam no mu nsuo; na saa ɔbotan no yɛ Kristo no ankasa. 5Yeinom nyinaa akyi no, na Onyankopɔn ani nsɔ wɔn mu pii, enti na wɔn amu guguu basaa wɔ ɛserɛ no so hɔ no.
6Seesei, yeinom nyinaa yɛ nhwɛsoɔ ma yɛn na ɛbɔ yɛn kɔkɔ nso sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛpɛ bɔne sɛdeɛ wɔyɛeɛ no, 7ɛnna ɛnsɛ sɛ yɛsom ahoni sɛdeɛ wɔn mu bi yɛeɛ no. Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Nnipa no tenaa ase, didi nomee, na wɔgoroo abosomgorɔ.” 8Ɛnsɛ sɛ yɛbɔ adwaman, sɛdeɛ wɔn mu bi yɛeɛ no na da koro wɔn mu ɔpeduonumiɛnsa wuwuiɛ no. 9Ɛnsɛ sɛ yɛsɔ Awurade hwɛ sɛdeɛ wɔn mu bi yɛeɛ no maa awɔ kekaa wɔn kunkumm wɔn no. 10Ɛnsɛ sɛ monwiinwii sɛdeɛ wɔn mu bi yɛeɛ maa ɔsɛe ɔbɔfoɔ sɛee wɔn no.
11Yeinom nyinaa baa wɔn so de yɛɛ nhwɛsoɔ maa afoforɔ. Na wɔtwerɛ guu hɔ sɛ kɔkɔbɔ maa yɛn. Ɛfiri sɛ, yɛte hɔ sɛ ɛrenkyɛre na ɛberɛ no aba awieeɛ. 12Obiara a ɔdwene sɛ ɔgyina hɔ no, ɔnhwɛ yie na wanhwe ase. 13Sɔhwɛ biara a aba wʼakwan mu no yɛ deɛ ɛba nnipa akwan mu. Esiane sɛ Onyankopɔn di ne bɔhyɛ so enti, ɔremma ho ɛkwan mma sɔhwɛ a ɛboro wʼahoɔden so nto wo. Sɛ sɔhwɛ ba wo so a, ɔbɛma wo ahoɔden ama woatumi agyina ano, na woanya ho nyansa nso.
Morentumi Nhwɛ Afanu No
14Enti me nnamfo pa, montwe mo ho mfiri ahonisom ho. 15Mekasa kyerɛ mo sɛ anyansafoɔ. Asɛm a meka no mommua mfa. 16Sɛ yɛnom kuruwa a wɔahyira so no ano a, na ɛnyɛ Kristo mogya ayɔnkofa no anaa? Burodo a yɛbubu mu no nso, sɛ yɛdi a, na ɛnyɛ Kristo onipadua ayɔnkoyɛ anaa? 17Esiane sɛ burodo no yɛ baako na yɛdi no wɔ ɔhonam korɔ mu enti, ɛwom sɛ yɛ dɔɔso deɛ, nanso yɛn nyinaa yɛ nnipa baako.
18Monhwɛ Israelman. Wɔn a wɔdi afɔdeɛ aduane no ne afɔrebukyia no wɔ ayɔnkoyɛ. 19Mebisa sɛ, afɔrebɔdeɛ a wɔde ama ohoni no yɛ biribi anaa ohoni no na ɔyɛ biribi? 20Dabi, asɛm a mereka ne sɛ, deɛ wɔde abɔ afɔdeɛ wɔ ɔbosonsomni afɔrebukyia so no, wɔde ama ahonhommɔne na ɛnyɛ Onyankopɔn. Mempɛ sɛ mode mo ho bɛhyɛnehyɛne ahonhommɔne. 21Morentumi nnom Awurade kuruwa ano na monsane nnom ahonhommɔne kuruwa ano. Saa ara na morentumi nnidi wɔ Awurade ɛpono so na monsane nnidi wɔ ahonhommɔne ɛpono nso so. 22Anaa mopɛ sɛ yɛma Awurade twe ninkunu? Yɛgye di sɛ yɛyɛ den sene no anaa?
23Wɔka sɛ, “Woama yɛn ho ɛkwan sɛ yɛnyɛ biribiara a yɛyɛ.” Nanso, ɛnyɛ biribiara na ɛyɛ. “Wɔama yɛn ho ɛkwan sɛ yɛnyɛ biribiara.” Nanso, ɛnyɛ biribiara na ɛtumi boa yɛn. 24Ɛnsɛ sɛ obiara pɛ ne nko ne yiedie na mmom, ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ afoforɔ nso yiedie.
25Adwenemdahɔ enti motumi tɔ biribiara a wɔtɔn wɔ dwa so di a mommisa ho asɛm biara. 26Ɛfiri sɛ, Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Asase ne deɛ ɛwɔ so nyinaa yɛ Awurade dea.”
27Obi a ɔnyɛ ogyidini frɛ wo adidi na woyɛ wʼadwene sɛ wobɛkɔ a, adwenemdahɔ enti, aduane a ɔde bɛma wo biara, di a wommisa ho asɛm biara. 28Nanso, sɛ obi ka kyerɛ wo sɛ, “Wɔde saa aduane yi maa ahoni” a, ɛsiane deɛ ɔbɔɔ wo saa amaneɛ no adwenemdahɔ enti, nni saa aduane no. 29Ɛno nyɛ wʼadwene, na ɛyɛ onipa a ɔbɔɔ wo saa amaneɛ no adwene. Obi bɛbisa sɛ, “Adɛn enti na obi adwene si mʼahofadie ho ɛkwan? 30Sɛ meda Awurade ase wɔ mʼaduane ho a, adɛn enti na aduane a mada ho ase no obi ka ho asɛm?”
31Biribiara a mobɛyɛ no, sɛ moredidi o, sɛ morenom o, monyɛ mfa nhyɛ Onyankopɔn animuonyam. 32Monnyɛ biribiara mfa nha Yudafoɔ anaa amanamanmufoɔ anaa Onyankopɔn asafo. 33Monyɛ sɛdeɛ meyɛ no. Mema obiara ani gye deɛ meyɛ ho a mennwene mʼankasa me yiedie ho, na mmom, medwene yɛn nyinaa yiedie ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛgye wɔn nkwa.