哈該書 2 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

哈該書 2:1-23

對新殿的應許

1七月二十一日,耶和華對先知哈該說: 2「你去告訴撒拉鐵的兒子猶大省長所羅巴伯約撒答的兒子大祭司約書亞和所有的餘民, 3『你們當中有誰見過這殿昔日的榮耀呢?現在你們看這殿如何?看上去豈不是一文不值嗎? 4所羅巴伯啊,你要剛強,這是耶和華說的。約撒答的兒子大祭司約書亞啊,你要剛強;這地方的所有百姓啊,你們要剛強。這是耶和華說的。你們要動工,因為我與你們同在。這是萬軍之耶和華說的。 5這是你們離開埃及時我對你們的應許。不要懼怕,我的靈仍住在你們當中。

6「『萬軍之耶和華說,不久,我要再次震動天、地、海洋和旱地。 7萬軍之耶和華說,我要震動萬國,萬國的珍寶都要送到這殿,我要使這殿充滿榮耀。 8萬軍之耶和華說,金子是我的,銀子也是我的。 9萬軍之耶和華說,我要使這殿比從前更加榮耀。萬軍之耶和華說,我要在這地方賜下平安。』」

指出百姓的罪

10大流士王執政第二年九月二十四日,耶和華對先知哈該說: 11「萬軍之耶和華說,『你去問祭司, 12如果有人用衣服兜著祭肉,而衣服碰到餅、湯、酒、油或其他食物,這些被衣服碰到的食物會成為聖潔之物嗎?』」祭司們答道:「不會。」 13哈該又說:「如果因碰過屍體而變得不潔淨的人接觸這些食物,這些食物會變得不潔淨嗎?」祭司答道:「會變得不潔淨。」 14於是哈該說:「耶和華說,『這百姓和這國家在我面前也是如此。他們手中的各樣工作和他們在那裡所獻的都不潔淨。』

耶和華應許賜福

15「『從今以後,你們要回想重建耶和華殿之前的光景。 16那時,有人盼望得到二十斗穀物,卻只有十斗。有人盼望得到五十桶酒,榨酒池中卻只有二十桶。 17我曾用蟲災、黴災和冰雹毀滅你們的作物,你們仍沒有歸向我。這是耶和華說的。 18九月二十四日是我的殿奠定根基的日子。你們要思想這個日子,要認真思想。 19雖然糧倉裡沒有種子,葡萄樹、無花果樹、石榴樹和橄欖樹沒結果子,但從今以後,我要賜福給你們。』」

揀選所羅巴伯

20同一天,耶和華第二次對哈該說: 21「你告訴猶大省長所羅巴伯,『我必震動天地, 22推翻君王的寶座,消滅列國的勢力,掀翻他們的戰車和駕車的人,使戰馬跌倒、騎士自相殘殺。 23萬軍之耶和華說,我的僕人撒拉鐵的兒子所羅巴伯啊,到那日,我必使你像我蓋印的戒指,因為我揀選了你。這是萬軍之耶和華說的。』」

Asante Twi Contemporary Bible

Hagai 2:1-23

Asɔredan No Animuonyam

1Ɛda a ɛtɔ so aduonu baako wɔ bosome a ɛtɔ so nson no, Awurade de asɛm faa Odiyifoɔ Hagai so sɛ: 2“Ka yei kyerɛ Sealtiel babarima Serubabel a ɔyɛ Yuda amrado ne Ɔsɔfopanin Yehosadak babarima Yosua ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ nkaeɛ a wɔwɔ asase no so hɔ no. Bisa wɔn sɛ, 3‘Mo a mo aka yi mu hwan na ɔhunuu saa fie yi animuonyam sɛdeɛ na ɛteɛ kane no? Ɛte mo sɛn ɛnnɛ? Ɛnyɛ mo sɛ ɛnsɛ hwee seesei anaa? 4Enti, Serubabel, nya akokoɔduru seesei.’ Saa na Awurade seɛ, ‘Ɔsɔfopanin Yehosadak babarima Yosua, nya akokoɔduru. Mo nnipa a mowɔ asase no so seesei no, monnya akokoɔduru. Awurade na ɔseɛ. Monnya akokoɔduru na monnyɛ adwuma, ɛfiri sɛ, meka mo ho.’ Saa na Asafo Awurade ka. 5‘Yei ne apam a me ne mo yɛeɛ ɛberɛ a mofirii Misraim. Me Honhom ka mo ho. Ɛno enti monnsuro.’

6“Yei ne asɛm a Asafo Awurade seɛ. ‘Ɛrenkyɛre biara, mɛwoso ɔsoro ne asase bio. Mɛwoso ɛpo hahanaa ne asase kesee nso. 7Mɛwoso aman nyinaa, na aman nyinaa anidasoɔ bɛba, na mede animuonyam bɛhyɛ saa fie ha ma.’ Saa na Asafo Awurade seɛ. 8‘Dwetɛ no yɛ me dea. Na sikakɔkɔɔ yɛ me dea.’ Sei na Asafo Awurade seɛ. 9‘Saa fie yi animuonyam bɛkorɔn asene nʼanimuonyam a atwam no.’ Saa na Asafo Awurade ka. ‘Na mɛma asomdwoeɛ aba ha.’ Me, Asafo Awurade na makasa.”

Ɔsetie Mu Nhyira Ho Bɔhyɛ

10Ɔhene Dario adedie mfeɛ mmienu mu, ɔbosome a ɛtɔ so nkron no da a ɛtɔ so aduonu ɛnan, Awurade kaa saa asɛm yi kyerɛɛ Odiyifoɔ Hagai. 11“Asɛm a Asafo Awurade ka nie: ‘Mommisa asɔfoɔ no deɛ mmara no ka. 12Sɛ ɛnam kronkron bi hyɛ obi atadeɛ mmuano mu, na sɛ ɛho kɔ ka burodo anaa abɔmu, nsã anaa ngo anaa aduane foforɔ bi a, ɛno nso bɛyɛ kronkron anaa?’ ”

Asɔfoɔ no buaa sɛ: “Dabi.”

13Na Hagai bisaa sɛ, “Na sɛ obi nso de ne ho ka efunu de gu ne ho fi, na ɔde ne ho twitwiri nneɛma a wɔabobɔ din yi bi ho a, na wɔagu ho fi anaa?”

Na asɔfoɔ no buaa sɛ, “Aane.”

14Afei, Hagai kaa sɛ, “ ‘Saa ara na nnipa no ne saa ɔman yi teɛ.’ Saa na Awurade seɛ. ‘Biribiara a wɔyɛ ne biribiara a wɔde ba no ho agu fi.

15“ ‘Enti, ɛfiri ɛnnɛ, monnwene saa adeɛ yi ho yie. Monkae sɛdeɛ na nneɛma teɛ, ansa na moreto Awurade asɔredan no fapem no. 16Ɛberɛ a modwene sɛ mobɛnya mfudeɛ susukora aduonu no, monyaa edu pɛ. Ɛberɛ a mode mo ani buu sɛ mobɛnya gyare aduonum afiri nsakyibea no, monyaa aduonu pɛ. 17Memaa yadeɛ a ɛsɛe mfudeɛ, ɛbɔ ne ampariboɔ bɛsɛee mo nsa ano nnwuma nyinaa. Nanso, moampɛ sɛ mobɛsane aba me nkyɛn. Saa na Awurade seɛ. 18Ɛfiri ɔbosome a ɛtɔ so nkron, da a ɛtɔ so aduonu ɛnan yi, monnwene da a wɔtoo Awurade asɔredan fapem no ho yie. 19Aba bi aka asan no so anaa? Ɛbɛsi ɛnnɛ, bobe, borɔdɔma, ateaa ne ngo dua aso wɔn aba anaa?

“ ‘Ɛfiri saa da yi rekorɔ no, mɛhyira mo.’ ”

Ɛbɔ A Wɔahyɛ Serubabel

20Awurade asɛm baa Hagai nkyɛn ne mprenu so wɔ ɔbosome no da a ɛtɔ aduonu ɛnan: 21“Ka kyerɛ Serubabel a ɔyɛ Yuda amrado no sɛ, merebɛwoso ɔsoro ne asase. 22Mɛbutu ahennwa, na masɛe ananafoɔ ahemman no tumi. Mɛdane wɔn nteaseɛnam ne wɔn a wɔka no abutu. Apɔnkɔ akafoɔ no bɛhwehwe ase na wɔakunkum wɔn ho.

23“ ‘Ɛda no’ Asafo Awurade ka sɛ, ‘Mɛfa wo, Sealtiel babarima, me ɔsomfoɔ Serubabel, mɛfa wo sɛ nsɔano kawa, ɛfiri sɛ mayi wo.’ Me Asafo Awurade, na makasa.”