哈該書 2 – CCBT & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

哈該書 2:1-23

對新殿的應許

1七月二十一日,耶和華對先知哈該說: 2「你去告訴撒拉鐵的兒子猶大省長所羅巴伯約撒答的兒子大祭司約書亞和所有的餘民, 3『你們當中有誰見過這殿昔日的榮耀呢?現在你們看這殿如何?看上去豈不是一文不值嗎? 4所羅巴伯啊,你要剛強,這是耶和華說的。約撒答的兒子大祭司約書亞啊,你要剛強;這地方的所有百姓啊,你們要剛強。這是耶和華說的。你們要動工,因為我與你們同在。這是萬軍之耶和華說的。 5這是你們離開埃及時我對你們的應許。不要懼怕,我的靈仍住在你們當中。

6「『萬軍之耶和華說,不久,我要再次震動天、地、海洋和旱地。 7萬軍之耶和華說,我要震動萬國,萬國的珍寶都要送到這殿,我要使這殿充滿榮耀。 8萬軍之耶和華說,金子是我的,銀子也是我的。 9萬軍之耶和華說,我要使這殿比從前更加榮耀。萬軍之耶和華說,我要在這地方賜下平安。』」

指出百姓的罪

10大流士王執政第二年九月二十四日,耶和華對先知哈該說: 11「萬軍之耶和華說,『你去問祭司, 12如果有人用衣服兜著祭肉,而衣服碰到餅、湯、酒、油或其他食物,這些被衣服碰到的食物會成為聖潔之物嗎?』」祭司們答道:「不會。」 13哈該又說:「如果因碰過屍體而變得不潔淨的人接觸這些食物,這些食物會變得不潔淨嗎?」祭司答道:「會變得不潔淨。」 14於是哈該說:「耶和華說,『這百姓和這國家在我面前也是如此。他們手中的各樣工作和他們在那裡所獻的都不潔淨。』

耶和華應許賜福

15「『從今以後,你們要回想重建耶和華殿之前的光景。 16那時,有人盼望得到二十斗穀物,卻只有十斗。有人盼望得到五十桶酒,榨酒池中卻只有二十桶。 17我曾用蟲災、黴災和冰雹毀滅你們的作物,你們仍沒有歸向我。這是耶和華說的。 18九月二十四日是我的殿奠定根基的日子。你們要思想這個日子,要認真思想。 19雖然糧倉裡沒有種子,葡萄樹、無花果樹、石榴樹和橄欖樹沒結果子,但從今以後,我要賜福給你們。』」

揀選所羅巴伯

20同一天,耶和華第二次對哈該說: 21「你告訴猶大省長所羅巴伯,『我必震動天地, 22推翻君王的寶座,消滅列國的勢力,掀翻他們的戰車和駕車的人,使戰馬跌倒、騎士自相殘殺。 23萬軍之耶和華說,我的僕人撒拉鐵的兒子所羅巴伯啊,到那日,我必使你像我蓋印的戒指,因為我揀選了你。這是萬軍之耶和華說的。』」

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hagai 2:1-23

Asɔredan No Anuonyam

1Da a ɛto so aduonu baako wɔ ɔsram a ɛto so ason no, Awurade de asɛm faa Odiyifo Hagai so se: 2“Ka eyi kyerɛ Sealtiel babarima Serubabel a ɔyɛ Yuda amrado ne Ɔsɔfopanyin Yehosadak babarima Yosua ne Onyankopɔn nkurɔfo nkae a wɔwɔ asase no so hɔ no. Bisa wɔn se, 3‘Mo a moaka yi mu hena na ohuu saa ofi yi anuonyam sɛnea na ɛte kan no? Muhu no dɛn nnɛ? Ɛnyɛ mo sɛ ɛnsɛ hwee mprempren ana? 4Enti Serubabel, nya akokoduru mprempren.’ Saa na Awurade se, ‘Ɔsɔfopanyin Yehosadak babarima Yosua, nya akokoduru. Mo nnipa a mowɔ asase no so mprempren no, munnya akokoduru. Awurade na ose. Munnya akokoduru na monyɛ adwuma, efisɛ, meka mo ho.’ Saa na Asafo Awurade ka. 5‘Eyi ne apam a me ne mo yɛe bere a mufii Misraim. Me Honhom ka mo ho. Ɛno nti munnsuro.’

6“Eyi ne asɛm a Asafo Awurade ka. ‘Ɛrenkyɛ biara, mɛwosow ɔsoro ne asase bio. Mɛwosow po tamaa ne asase kesee nso. 7Mɛwosow aman nyinaa, na aman nyinaa anidaso bɛba, na mede anuonyam bɛhyɛ saa ofi yi ma.’ Saa na Asafo Awurade se. 8‘Dwetɛ no yɛ me de. Na sikakɔkɔɔ yɛ me de.’2.8 Dwetɛ…sikakɔkɔɔ: Wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ba maa wɔde sii Salomo asɔredan (1 Be 29.2,7). Sɛɛ na Asafo Awurade se. 9‘Saa ofi yi anuonyam bɛkorɔn asen nʼanuonyam a atwa mu no.’ Saa na Asafo Awurade ka. ‘Na mɛma asomdwoe aba ha.’ Me, Asafo Awurade na makasa.”

Osetie Mu Nhyira Ho Bɔhyɛ

10Ɔhene Dario adedi mfe abien mu, ɔsram a ɛto so akron no da a ɛto so aduonu anan, Awurade kaa saa asɛm yi kyerɛɛ Odiyifo Hagai. 11“Asɛm a Asafo Awurade ka ni: ‘Mummisa asɔfo no nea mmara no ka. 12Sɛ nam kronkron bi hyɛ obi atade mmuano mu, na sɛ ho kɔka brodo anaa abɔmu, nsa anaa ngo anaa aduan foforo bi a, ɛno nso bɛyɛ kronkron ana?’ ”

Asɔfo no buae se: “Dabi.”

13Na Hagai bisae se, “Na sɛ obi nso de ne ho ka funu de gu ne ho fi, na ɔde ne ho twitwiw nneɛma a wɔabobɔ din yi bi ho a na wɔagu ho fi ana?”

Na asɔfo no buae se, “Yiw.”

14Afei, Hagai kae se, “ ‘Saa ara na nnipa no ne saa ɔman yi te.’ Saa na Awurade se. ‘Biribiara a wɔyɛ ne biribiara a wɔde ba no ho agu fi.

15“ ‘Enti efi nnɛ, munnwen saa ade yi ho yiye. Monkae sɛnea na nneɛma te, ansa na moreto Awurade asɔredan no fapem no. 16Bere a modwene sɛ mubenya nnɔbae susukoraa aduonu no, munyaa du pɛ. Bere a mode mo ani buu sɛ mubenya galɔn aduonum afi nsakyibea no, munyaa aduonu pɛ. 17Memaa ɔyare a ɛsɛe nnɔbae, ɛbɔ ne mparuwbo bɛsɛee mo nsa ano nnwuma nyinaa. Nanso moampɛ sɛ mobɛsan aba me nkyɛn. Saa na Awurade se. 18Efi ɔsram a ɛto so akron, da a ɛto so aduonu anan no, munnwen da a wɔtoo Awurade asɔredan fapem no ho yiye. 19Aba bi aka asan no so ana? Ebesi nnɛ, bobe, borɔdɔma, atoaa ne ngodua asow wɔn aba ana?

“ ‘Efi saa da yi rekɔ no, mehyira mo.’ ”

Bɔ A Wɔahyɛ Serubabel

20Awurade asɛm baa Hagai nkyɛn ne mprenu so wɔ ɔsram no da a ɛto so aduonu anan: 21“Ka kyerɛ Serubabel a ɔyɛ Yuda amrado no se, merebɛwosow ɔsoro ne asase. 22Mebutuw ahengua, na masɛe ananafo aheman no tumi. Mɛdan wɔn nteaseɛnam ne wɔn a wɔka no abutuw. Apɔnkɔ akafo no mfoa bɛbobɔ wɔn ho wɔn ho ama wɔatotɔ.

23“ ‘Da no’ Asafo Awurade na ɔka, ‘Mɛfa wo, Sealtiel babarima, me somfo Serubabel, mɛfa wo sɛ nsɔwano kaa, efisɛ mayi wo.’ Me Asafo Awurade, na makasa.”