加拉太書 6 – CCBT & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

加拉太書 6:1-18

互相扶持

1弟兄姊妹,如果有人不慎犯了罪,你們順從聖靈的人就應該溫柔地挽回他,同時也要小心,免得自己也受誘惑。 2你們要分擔彼此的重擔,這樣就成全了基督的律法。 3如果一個一無是處的人自以為了不起,他是自欺。 4人人都應該省察自己的行為,即使覺得有可誇之處,自己知道就好了,不必在別人面前炫耀。 5因為人人都應該為自己的行為負責。

6在真道上受教的人應該把一切美好的東西分享給教導他的人。

7不要自欺,上帝是輕慢不得的。人種什麼收什麼。 8順從罪惡的本性撒種的,必從罪惡的本性收取敗壞的惡果;順從聖靈撒種的,必從聖靈收取永生。 9我們行善不可灰心氣餒,因為到時候必有收穫。 10我們要把握機會為眾人做善事,對待信徒更要如此。

最後的勸勉和祝福

11你們看,我親手寫給你們的字是多麼大啊6·11 保羅可能有眼疾,故由別人代筆寫信。他親手寫的部分字體較大。12那些勉強你們接受割禮的人只不過是做表面工夫,想討好別人,避免為基督的十字架受迫害。 13那些接受割禮的人自己也不能遵行律法。他們要你們接受割禮,無非是想藉著你們的肉體誇耀。 14至於我自己,我絕不誇耀別的,只誇耀我們主耶穌基督的十字架。因為對我來說,世上的一切都已經被釘在十字架上;對這世界來說,我已經被釘在十字架上。 15受不受割禮根本無關緊要,做一個新造的人才至關重要。

16願上帝的平安和憐憫歸給那些願意按這原則生活的人,也歸給上帝的以色列子民6·16 也歸給上帝的以色列子民」或譯「即上帝的以色列子民」。17但願從今以後,再也沒有人來攪擾我了,因為我身上已經烙上了耶穌的印記。

18弟兄姊妹,願我們主耶穌基督的恩典與你們同在。阿們!

Akuapem Twi Contemporary Bible

Galatifo 6:1-18

Papayɛ

1Anuanom, sɛ obi kɔtɔ bɔne mu a, ɛsɛ sɛ mo a moyɛ honhom mufo no fa odwo kwan so teɛ no. Nanso monhwɛ yiye na mo nso wɔansɔ mo anhwɛ. 2Monsoa mo ho mo ho nnesoa. Sɛ moyɛ saa a, na mudi Kristo mmara no so. 3Sɛ obi dwene sɛ ɔyɛ otitiriw nanso ɔnsɛ hwee a, na ɔdaadaa ne ho. 4Yɛ wʼadwuma yiye na woanya biribi agyina so de ahoahoa wo ho. Na mfa wo ho ntoto afoforo ho; 5efisɛ ɛsɛ sɛ obiara soa nʼadesoa. 6Wone nea ɔkyerɛkyerɛ wo Onyankopɔn asɛm no nkyɛ ade pa biara a wowɔ.

7Monnnaadaa mo ho; obiara rentumi nsi Onyankopɔn atwetwe. Nea onipa dua no, ɛno ara na otwa. 8Sɛ mudi mo akɔnnɔ bɔne akyi a mobɛkɔ ɔsɛe mu, nanso sɛ monantew Honhom mu a, mubenya daa nkwa. 9Ne saa nti, mommma yɛmmmrɛ papayɛ ho, efisɛ bere a ɛsɛ mu no, sɛ yɛampa abaw a yebetwa nnɔbae no. 10Enti mmere dodow a yɛwɔ akwannya no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ obiara papa, ne titiriw no, wɔn a yɛne wɔn bɔ gyidifo abusua.

Ɛnyɛ Twetiatwa Na Mmom Abɔde Foforo

11Monhwɛ nkyerɛw akɛse a mede mʼankasa me nsa akyerɛw abrɛ mo.

12Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔhoahoa wɔn ho no ara na wɔpɛ sɛ wɔhyɛ mo ma mutwitwa twetia. Nea enti a wɔyɛ eyi ne sɛ, wɔmpɛ sɛ Kristo asennua no nti wɔtaa wɔn. 13Wɔn a wotwa twetia no mpo nni mmara no so. Pɛ ara na wɔpɛ sɛ wotwa mo twetia sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de mo ahoahoa wɔn ho sɛ wɔn akyidifo. 14Nanso me de, Awurade Yesu Kristo asennua no nko ara na mede bɛhoahoa me ho; nʼasennua no nti, nea mede hoahoa me ho wɔ wiase no awu, na saa ara na nea wiase de hoahoa ne ho wɔ me mu no nso awu. 15Sɛ obi atwa twetia anaa ontwaa twetia no nka hwee. Nea ɛho hia ne abɔde foforo. 16Onyankopɔn adɔe ne nʼasomdwoe nka wɔn a wodi saa nkyerɛkyerɛ yi so nyinaa; wɔne Onyankopɔn mu nnipa foforo.

17Efi saa bere yi rekɔ, obiara nhaw mʼadwene bio, efisɛ mewɔ ɔhonam ani twã a ɛkyerɛ sɛ meyɛ Yesu de.

18Me nuanom, Awurade Yesu Kristo adom no nka mo nyinaa. Amen.