創世記 4 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

創世記 4:1-26

該隱和亞伯

1亞當和他妻子夏娃同房,夏娃便懷孕,生了該隱。她說:「耶和華讓我得了一個男孩。」 2後來,夏娃又生了該隱的弟弟亞伯。長大後,亞伯做了牧羊人,該隱做了農夫。

3到了收成的時候,該隱把地裡的出產當祭物獻給耶和華, 4亞伯也把羊群中頭生的羊及其最肥美的部分獻給耶和華。耶和華悅納亞伯和他的祭物, 5卻不悅納該隱和他的祭物。該隱便非常惱火,面帶怒容。 6耶和華問該隱:「你為什麼惱火?為什麼面帶怒容? 7如果你做得對,難道不會蒙悅納嗎?如果你做得不對,罪就蹲在你的門口要控制你,但你必須制伏罪。」

8該隱對弟弟亞伯說:「我們去田間吧!」4·8 我們去田間吧!」參照七十士譯本,希伯來文無此句。他們在田間的時候,該隱動手打亞伯,把他殺了。

9後來,耶和華問該隱:「你弟弟亞伯在哪裡?」他說:「我不知道!難道我是弟弟的看護人嗎?」 10耶和華說:「你做了什麼事?你弟弟的血從地裡向我哭訴。 11地張開口從你手上接受了你弟弟的血,你在地上必受咒詛。 12你種地,地卻不會再為你長出任何東西,你必在地上四處漂泊。」 13該隱對耶和華說:「這懲罰太重!我承受不了。 14今天你把我趕出去,使我不能再見你的面。我在地上四處漂泊,見到我的人都會殺我。」 15耶和華對他說:「不會的,因為凡殺你的,必遭受七倍的報應。」於是,耶和華在該隱身上留下一個記號,免得見到他的人殺他。 16該隱離開耶和華,來到伊甸東邊的挪得住下來。

該隱的後代

17該隱和妻子同房,他的妻子就懷孕,生了以諾該隱建了一座城,用他兒子的名字給這城取名叫以諾18以諾以拿以拿米戶雅利米戶雅利瑪土撒利瑪土撒利拉麥19拉麥娶了兩個妻子,一個叫亞大,另一個叫洗拉20亞大生了亞八亞八是遊牧民族的祖先, 21亞八的弟弟猶八是吹奏樂器之人的鼻祖。 22洗拉生了土八·該隱,他是打造各種銅鐵器具的匠人4·22 他是打造各種銅鐵器具的匠人」或譯「他是銅匠、鐵匠的祖先」。,他的妹妹叫拿瑪

23一天,拉麥對他的兩個妻子說:

亞大洗拉,你們聽我的聲音;

拉麥的妻子啊,側耳聽我的話,

有人傷我,我殺了他,

青年打我,我宰了他。

24該隱的遭受七倍的報應,

拉麥的遭受七十七倍的報應。」

塞特和以挪士

25亞當又與妻子夏娃同房,夏娃生了一個兒子,取名叫塞特,因為她說:「上帝賜我另一個兒子來代替亞伯,因為該隱殺了他。」 26塞特生了一個兒子,給他取名叫以挪士。那時候,人才開始求告耶和華。

Asante Twi Contemporary Bible

1 Mose 4:1-26

Kain Ne Habel Afɔrebɔ

1Afei, Adam de ne ho kaa ne yere Hawa ma ɔnyinsɛne woo abarimaa a wɔfrɛ no Kain. Na ɔkaa sɛ, Awurade adaworoma, mawo ɔbabarima. 2Akyire no, ɔsane woo nʼakyiri ɔbabarima too no edin Habel.

Na Habel bɛyɛɛ odwanhwɛfoɔ, ɛnna Kain nso bɛyɛɛ okuafoɔ. 3Nna bi akyiri, Kain de nʼafuom nnɔbaeɛ bi kɔbɔɔ Awurade afɔdeɛ. 4Habel nso de ne nyɛmmoa no mu mmakan a wɔadɔre sradeɛ kɔbɔɔ Onyankopɔn afɔdeɛ. Awurade ani sɔɔ Habel afɔrebɔdeɛ no. 5Nanso Kain afɔrebɔdeɛ no deɛ, nʼani ansɔ. Asɛm no anyɛ Kain dɛ, na ne bo fuiɛ.

6Awurade bisaa Kain sɛ, “Adɛn enti na wo bo afuo? Adɛn enti na woamuna saa? 7Sɛ woyɛ ade pa a, wɔbɛgye wo atom. Sɛ wonyɛ ade pa deɛ a, ɛnneɛ, hwɛ yie. Ɛfiri sɛ, bɔne retwɛn ako atia wo, asɛe wo, nanso ɛsɛ sɛ wodi ne so.”

Kain Kum Habel

8Ɛda bi Kain ka kyerɛɛ ne nua Habel sɛ, “Ma yɛnkɔ afuom.” Ɛberɛ a wɔwɔ afuom hɔ no, Kain to hyɛɛ ne nua Habel so, kumm no.

9Awurade bisaa Kain sɛ, “Wo nua Habel wɔ he?”

Kain buaa sɛ, “Mennim. Mɛyɛ dɛn mahunu? Me na mehwɛ me nua no so anaa?”

10Awurade bisaa Kain sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ yi? Tie! Wo nua mogya su firi asase so frɛ me. 11Seesei, wɔadome wo, apamo wo afiri asase a ɛbuee nʼano gyee wo nua mogya firii wo nsam no so. 12Sɛ woyɛ asase no so adwuma sɛ ɛdeɛn ara a, worennya nnɔbaeɛ biara mfiri so. Wobɛyɛ ɔkobɔfoɔ, akyinkyin asase so.”

13Kain kaa sɛ, “Awurade mʼasotweɛ boro me so. 14Ɛnnɛ, woapam me afiri asase so ne wʼanim. Mɛyɛ ɔkobɔfoɔ akyinkyin asase so na obiara a ɔbɛnya me no bɛkum me.”

15Nanso, Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnte saa koraa! Obiara a ɔbɛkum Kain no bɛnya Kain asotwe no mprɛnson.” Afei, Awurade hyɛɛ Kain agyiraeɛ bi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, obiara a ɔbɛhyia no no renkum no. 16Enti, Kain dwane firii Awurade anim, kɔtenaa Nod asase so wɔ Eden apueeɛ fam.

Anibue Ahyɛaseɛ

17Kain de ne ho kaa ne yere na ɔnyinsɛnee, woo ɔbabarima, too no edin Henok. Saa ɛberɛ no, Kain kyekyeree kuro bi de too ne ba Henok. 18Henok woo Irad. Irad woo Mehuyael. Mehuyael woo Metusael. Metusael woo Lamek.

19Lamek waree mmaa baanu a wɔn din de Ada ne Sila. 20Ada woo Yabal a nʼasefoɔ yɛ wɔn a wɔte ntomadan mu yɛn mmoa. 21Na Yabal nuabarima din de Yubal a nʼasefoɔ yɛ mmɛnhyɛnfoɔ ne asankubɔfoɔ. 22Sila woo ɔbabarima a wɔfrɛ no Tubal-Kain. Na ɔyɛ kɔbere dwumfoɔ ne nnadeɛ ahodoɔ nyinaa atomfoɔ agya. Na Tubal-Kain wɔ nuabaa bi a ne din de Naama.

23Ɛda bi Lamek ka kyerɛɛ ne yerenom Ada ne Sila sɛ,

“Montie me, me yerenom

makum aberanteɛ bi a,

ɔto hyɛɛ me so, piraa me.

24Sɛ Kain so aweretɔ bɛyɛ mprɛnson a,

ɛnneɛ, me Lamek, deɛ ɔbɛkum me no, nʼasotwe bɛyɛ mpɛn aduɔson nson.”

25Akyire yi, Adam de ne ho kaa ne yere Hawa. Na ɔwoo ɔbabarima bio. Na wɔtoo no edin Set kaa sɛ, “Onyankopɔn ama me ɔba foforɔ asi Habel a Kain kumm no no ananmu.” 26Set nso woo ɔbabarima na ɔtoo no edin Enos.

Saa ɛberɛ no mu na nnipa hyɛɛ aseɛ bɔɔ Awurade edin.