產婦潔淨的條例
1耶和華對摩西說: 2「你把以下條例告訴以色列人。
「如果有婦人生了男嬰,她就要不潔淨七天,像在經期內不潔淨一樣。 3第八天,嬰兒要接受割禮。 4婦人因產後流血,要等三十三天才能潔淨。其間,不可接觸任何聖物,也不可進入聖所。 5如果婦人生的是女嬰,她就要不潔淨十四天,像在經期內不潔淨一樣。她因產後流血,要等六十六天才能潔淨。 6不論她生男生女,潔淨期滿後,都要預備一隻一歲的羊羔作燔祭、一隻雛鴿或斑鳩作贖罪祭,帶到會幕門口交給祭司。 7祭司要在耶和華面前獻祭,為她贖罪,她就潔淨了。這是有關產婦的條例。 8她若負擔不起一隻羊羔,可以帶兩隻斑鳩或雛鴿來,一隻作燔祭,一隻作贖罪祭。祭司為她贖罪後,她就潔淨了。」
Awo Akyi Ahodwira
1Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Israelfo no se, 2‘Sɛ ɔbea bi wo ɔbabarima a, ne ho ntew nnanson, te sɛ nea ɔkɔ afikyiri a ne ho ntew no ara. 3Ne nnaawɔtwe so no, ɛsɛ sɛ wotwa abarimaa no twetia. 4Na nnafua aduasa abiɛsa a ɛda nʼanim a ɔde retew ne ho no, ɛnsɛ sɛ oso biribiara a ɛyɛ kronkron mu na onni ho kwan sɛ ɔkɔ hyiadan mu nso. 5Sɛ ɔbea bi wo ɔbabea a, ne ho ntew nnaawɔtwe abien, te sɛ nea ɔkɔ afikyiri a ne ho ntew no ara. Afei ɛsɛ sɛ ɔtwɛn nnafua aduosia asia ma ne ho twa.
6“ ‘Sɛ saa ahotew nna yi twa mu a, ɛsɛ sɛ ɔde oguamma a wadi afe bɛbɔ ɔhyew afɔre na ɔde aborɔnoma anaa aturukuku ba bɛbɔ bɔne ho afɔre. Ɛsɛ sɛ ɔde wɔn kɔ Ahyiae Ntamadan no ano kɔma ɔsɔfo no. 7Na ɔsɔfo no de wɔn bɛma Awurade de ayɛ mpata ama ɛna no; ɛba saa a, ne ho tew bio wɔ nʼawo mu mogyagugu ho.
“ ‘Eyinom ne awo akyi ahyɛde. 8Na sɛ ɔyɛ ohiani a ɔrennya oguamma no a, ɛno de, ɛsɛ sɛ ɔde mmorɔnoma abien anaa nturukuku mma abien ba. Wɔde ɔbaako bɛbɔ ɔhyew afɔre na wɔde ɔbaako abɔ bɔne ho afɔre. Ɔsɔfo no bɛfa saa kwan yi so ayɛ mpata ama no, sɛnea ɛbɛyɛ a ne ho bɛtew bio.’ ”