約西亞的改革
1於是,王召集猶大和耶路撒冷的所有長老, 2與祭司、先知、猶大人、耶路撒冷的居民等全體民眾,不論貴賤,一同上到耶和華的殿。王把在殿中發現的約書唸給他們聽。 3王站在柱旁,在耶和華面前立約,要全心全意地跟隨耶和華,遵從祂的一切誡命、法度和律例,履行約書上的規定。民眾都答應守約。
4王吩咐大祭司希勒迦及其副手和殿門守衛清除耶和華殿裡用來祭拜巴力、亞舍拉及天上萬象的一切器具,將其搬到耶路撒冷城外汲淪溪旁的田野燒掉,又把灰燼帶到伯特利。 5從前,猶大各王任命祭司在猶大各城和耶路撒冷周圍的邱壇燒香。現在,約西亞除掉那些祭司,又除掉向巴力、日、月、星辰及天上萬象燒香的祭司。 6他將亞舍拉神像從耶和華的殿裡搬到耶路撒冷城外汲淪溪旁燒掉,磨成灰撒在平民的墳墓上。 7他又拆毀耶和華的殿內男廟妓的房屋,就是婦女為亞舍拉編織帳幔的地方。 8他召集猶大各城中的祭司,污瀆從迦巴到別示巴的各邱壇,那些祭司曾在那裡燒香。他拆毀耶路撒冷城門左邊、約書亞總督門前的邱壇。 9但在邱壇燒香的祭司不能在耶路撒冷耶和華的祭壇那裡事奉,只可以和其他祭司一起吃無酵餅。 10他污瀆欣嫩子谷中的陀斐特,使人們不能焚燒自己的兒女獻給摩洛。 11他從耶和華的殿門口除掉猶大各王獻給太陽神的馬匹,這些馬匹在太監拿單·米勒房子旁邊的院子裡。他燒掉了那些獻給太陽神的戰車。 12他推倒猶大各王在亞哈斯樓頂上建造的祭壇,摧毀瑪拿西在耶和華殿的兩個院子裡所築的祭壇,把它們打碎,把灰丟進汲淪溪。 13他污瀆耶路撒冷東面、敗壞山南面的邱壇。這些邱壇都是以色列王所羅門為西頓人可憎的神明亞斯她錄、摩押人可憎的神明基抹和亞捫人可憎的神明米勒公建造的。 14他砸碎神柱,砍倒亞舍拉神像,用死人骨頭填滿那些地方。
15他拆掉伯特利高崗上的祭壇,即尼八的兒子耶羅波安誘使以色列人犯罪時建造的祭壇,把祭壇燒毀,搗碎成灰,又焚燒亞舍拉神像。 16約西亞轉身看見山上的墳墓,就派人取出墓中的屍骨,放在那祭壇上焚燒,污瀆了那祭壇,應驗了耶和華藉祂的僕人所說的預言。 17約西亞問:「我看到的那墓碑是誰的?」那城裡的人告訴他:「是上帝僕人的,他曾從猶大來預言你對伯特利祭壇所做的這些事。」 18他說:「不要動他,不要動他的屍骨。」於是,他們沒有動那位先知和撒瑪利亞來的先知的屍骨。 19他拆毀以色列各王從前建在撒瑪利亞各城高崗上、惹耶和華發怒的邱壇,就像他在伯特利所做的一樣。 20他在祭壇上殺死那些邱壇的祭司,又在壇上焚燒死人骨頭。之後,他返回耶路撒冷。
約西亞守逾越節
21約西亞王吩咐民眾:「你們應當依照約書的記載慶祝逾越節,以尊崇你們的上帝耶和華。」 22-23約西亞執政第十八年,他們在耶路撒冷慶祝逾越節,以尊崇耶和華。自士師治理以色列起,至以色列和猶大列王統治期間,都沒有這樣慶祝過逾越節。
24為了遵守祭司希勒迦在耶和華殿裡找到的律法書上的話,約西亞徹底清除了耶路撒冷和猶大境內的靈媒、巫師、家庭神像及其他一切可憎之物。 25約西亞全心、全意、全力歸向耶和華,遵行摩西的一切律法,在猶大列王中空前絕後。
26然而,瑪拿西所行的一切惹怒耶和華,耶和華對猶大仍盛怒未息。 27耶和華說:「我要像驅逐以色列人一樣將猶大人從我面前趕走。我要撇棄我所揀選的耶路撒冷和我名常在的殿。」
28約西亞其他的事及作為都記在猶大的列王史上。 29約西亞執政期間,埃及王尼哥前往幼發拉底河援助亞述王,約西亞出兵迎戰尼哥,在米吉多被殺。 30他的臣僕用車把他的屍體從米吉多運回耶路撒冷,安葬在他的墓穴裡。民眾膏立他兒子約哈斯做王。
約哈斯做猶大王
31約哈斯二十三歲登基,在耶路撒冷執政三個月。他母親叫哈慕她,是立拿人耶利米的女兒。 32約哈斯像他祖先一樣做耶和華視為惡的事。 33埃及王尼哥把約哈斯囚禁在哈馬的利比拉,不准他在耶路撒冷做王,又罰猶大國三點四噸銀子和三十四公斤金子。
約雅敬做猶大王
34埃及王尼哥立約西亞的另一個兒子以利亞敬為王,給他改名為約雅敬。約哈斯被尼哥帶到埃及,並死在那裡。 35為了繳納法老索要的金銀,約雅敬向全國徵稅,按照民眾家產的多少徵收金銀。 36約雅敬二十五歲登基,在耶路撒冷執政十一年。他母親叫西布妲,是魯瑪人毗大雅的女兒。 37他像他祖先一樣做耶和華視為惡的事。
Yosia Gyedisom Mu Nsakraeɛ
1Afei, ɔhene no frɛɛ Yuda ne Yerusalem mpanimfoɔ nyinaa. 2Na ɔhene no ne Yuda ne Yerusalem manfoɔ ne asɔfoɔ ne adiyifoɔ a ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so, foro kɔɔ Awurade Asɔredan no mu. Ɛhɔ na ɔhene no kenkanee Apam Nwoma a wɔahunu wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ no nyinaa kyerɛɛ wɔn. 3Ɔhene no tenaa beaeɛ bi a ɛkyerɛ ne tumi wɔ afadum no ho, hyɛɛ apam no mu den bio wɔ Awurade anim. Ɔhyɛɛ bɔ sɛ, ɔfiri nʼakoma ne ne kra nyinaa mu bɛdi Awurade mmaransɛm ahyɛdeɛ ne mmara nyinaa so. Ɔfaa saa ɛkwan yi so sii apam no mu nhyehyɛeɛ ahodoɔ a na wɔatwerɛ wɔ nwoma no mu no nyinaa so dua, maa nnipa no nyinaa hyɛɛ bɔ sɛ wɔbɛdi so.
4Afei, ɔhene hyɛɛ ɔsɔfopanin Hilkia ne asɔfoɔ akunini ne asɔredan sohwɛfoɔ nyinaa sɛ, wɔnyiyi nneɛma a na wɔde som Baal ne Asera ne ewiem atumfoɔ no nyinaa mfiri Awurade asɔredan no mu. Ɔhene no ma wɔhyee ne nyinaa wɔ Kidron bɔnhwa a ɛwɔ Yerusalem mfikyire no, soaa ne nsõ de kɔɔ Bet-El. 5Ɔpamoo abosom akɔmfoɔ a Yuda ahemfo a wɔdii ɛkan no yii wɔn no nyinaa, ɛfiri sɛ, na wɔhye nnuhwam wɔ Yuda abosomfie nyinaa mu a mpo, na ɛreyɛ akɔduru Yerusalem kurom. Wɔhyee nnuhwam maa Baal ne owia, ɔsrane ne nsoromma ne ewiem atumfoɔ. 6Ɔhene no tuu Asera afɔrebukyia23.6 Hesekia sɛee Asera dua, nanso Manase sane sii dua no. no firii Awurade asɔredan mu, de kɔɔ Yerusalem mfikyire wɔ Kidron bɔnhwa mu hɔ kɔhyee no. Afei, ɔyam dua no muhumuhu, kɔtoo ne mfuturo no guu amusieeɛ. 7Ɔdwirii asɔreeɛ adwamanfoɔ adan a na ɛwɔ Awurade Asɔredan no mu no, baabi a na mmaa no nwono nkatahotam, de kata Asera dua no ho no nyinaa guiɛ.
8Yosia sane de Awurade asɔfoɔ no a na wɔtete Yuda nkuro afoforɔ so no nyinaa baa Yerusalem. Ɛfiri Geba kɔsi Beer-Seba, ɔsɛee ɛhɔ abosonnan no nyinaa. Saa beaeɛ no na na wɔhye nnuhwam no. Ɔbubuu abosonnan a ɛwɔ Yosua a na ɔyɛ Yerusalem amrado no ɛpono ano. Sɛ obi rewura kuropɔn no mu a ɔbɛhunu saa ɛpono no wɔ kuropɔn ɛpono no benkum so. 9Asɔfoɔ a na wɔsom abosonnan no mu no, na wɔmma wɔn ɛkwan mma wɔnnsom wɔ Awurade afɔrebukyia a ɛwɔ Yerusalem no so, nanso na wɔma wɔne asɔfoɔ a aka no di burodo a mmɔreka nni mu no.
10Afei, ɔhene no sɛee Tofet afɔrebukyia a na ɛwɔ Ben-Hinom bɔnhwa no mu no enti, na obiara ntumi mfa ne babarima anaa ne babaa mmɔ afɔdeɛ wɔ ogya mu wɔ so sɛ afɔrebɔdeɛ a wɔde ma Molek bio. 11Ɔtutuu apɔnkɔ sɛso a wɔagu a ɛsisi Awurade Asɔredan ɛkwan no ano a Yuda ahemfo too edin maa owia no nyinaa firii hɔ. Na ne nyinaa wowɔ adihɔ a ɛbɛn opiani bi a wɔfrɛ no Natan-Malek dan ho. Yosia hyee nteaseɛnam a na wɔato edin ama owia no.
12Yosia bubuu afɔrebukyia a Yuda ahemfo sisii wɔ ahemfie no atifi wɔ Ahas dan apampam no nyinaa. Ɔhene no bubuu afɔrebukyia a Manase sisii wɔ Awurade Asɔredan no adihɔ mmienu hɔ no nyinaa guiɛ. Ɔdwirii no pasapasa, too ne nkunkumaboɔ no petee Kidron bɔnhwa no mu. 13Ɔhene no sane guu abosonnan a ɛwɔ Yerusalem apueeɛ fam no ne deɛ ɛwɔ Ɔsɛeɛ Bepɔ no anafoɔ fam no. Saa beaeɛ no na Israelhene Salomo sisii abosonnan maa Astoret, a ɛyɛ Sidonfoɔ bosom bɔne, ne Kemos, Moabfoɔ bosom bɔne, ne Molek, Amonfoɔ bosom bɔne. 14Yosia dwerɛɛ afadum kronkron no nyinaa, bubuu Asera afɔrebukyia no. Ɔde nnipa nnompe guguu ne nyinaa so.
15Ɔhene no sane bubuu afɔrebukyia a ɛwɔ Bet-El abosonnan a Nebat babarima Yeroboam yɛeɛ ɛberɛ a ɔdii Israel anim, de wɔn kɔɔ bɔne mu no. Yosia yam aboɔ no, ma ɛdanee mfuturo, hyee Asera dua no. 16Ɛberɛ a Yosia retoto nʼani no, ɔhunuu damena pii wɔ kokoɔ no nkyɛnmu. Ɔhyɛɛ sɛ wɔntu nnompe no, na ɔhyee ne nyinaa wɔ afɔrebukyia a ɛwɔ Bet-El no so, de guu afɔrebukyia no ho fi. Yei siiɛ sɛdeɛ Awurade nam Onyankopɔn onipa so ahyɛ no, ɛberɛ a Yeroboam kɔgyinaa afɔrebukyia no ho wɔ afahyɛ da no. Afei Yosia danee ne ho hwɛɛ Onyankopɔn onipa a ɔhyɛɛ yeinom nyinaa ho nkɔm no damena.
17Yosia bisaa sɛ, “Nkaeɛdum bɛn na ɛwɔ nohoa no?”
Na nnipa a wɔwɔ kuro no mu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛyɛ Onyankopɔn onipa no a ɔfiri Yuda a ɔhyɛɛ nkɔm faa dwuma a woadi seesei wɔ afɔrebukyia a ɛwɔ Bet-El ho no ɔboda.”
18Yosia buaa sɛ, “Momma no nwɔ hɔ. Obiara mmfa ne nsa nka ne nnompe no.” Ɛno enti, wɔanhye ne nnompe no anaa odiyifoɔ akɔkoraa a ɔfiri Samaria no deɛ nso.
19Na Yosia bubuu abosonnan no a ɛwɔ Samaria no, sɛdeɛ ɔyɛɛ wɔ Bet-El no. Israel ahemfo ahodoɔ bi na wɔsisiiɛ de hyɛɛ Awurade abufuo. 20Ɔkunkumm asɔreeɛ so abosomfoɔ no wɔ wɔn ankasa afɔrebukyia so, na ɔhyee nnipa nnompe wɔ afɔrebukyia ahodoɔ no so, de guu ho fi. Akyire yi, ɔsane kɔɔ Yerusalem.
Yosia Di Twam Afahyɛ
21Ɔhene Yosia hyɛɛ nnipa no nyinaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ modi Twam Afahyɛ ma Awurade, mo Onyankopɔn, sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Apam Nwoma mu no.” 22Ɛfiri ɛberɛ a atemmufoɔ dii Israel so mfeɛ bebree a atwam wɔ Israel ne Yuda ahemfo so no, wɔnnii Twam Afahyɛ no bi saa da. 23Ɛberɛ a ɔhene Yosia dii mfeɛ dunwɔtwe wɔ akonnwa so no na wɔdii saa Twam Afahyɛ yi wɔ Yerusalem maa Awurade.
24Yosia tɔre asamanfrɛfoɔ ne adunsifoɔ ne afie mu anyame ne ahonisom biara ase wɔ Yerusalem ne Yuda asase so baabiara. Ɔyɛɛ saa de dii mmara a wɔatwerɛ wɔ nwoma mmobɔeɛ a ɔsɔfoɔ Hilkia kɔhunuu wɔ Awurade Asɔredan mu no so. 25Ɔhene biara mmaeɛ a ɔte sɛ Yosia a ɔde nʼakoma, ne kra ne nʼahoɔden ama Awurade na ɔnam so adi Mose mmara nyinaa so. Na ɔhene biara nso mmaeɛ a ɔte sɛ ɔno.
26Nanso, yei nyinaa akyi no, Awurade abufuo no dɛre tiaa Yuda, ɛsiane bɔne akɛseɛ a Ɔhene Manase yɛeɛ no. Ɛno enti, wanyi nʼabufuhyeɛ no amfiri wɔn so. 27Awurade kaa sɛ, “Mɛsɛe Yuda, sɛdeɛ mesɛee Israel no. Mɛpam nnipa no afiri mʼanim, na mapo me kuropɔn Yerusalem ne Asɔredan a anka ɛsɛ sɛ wɔhyɛ me din animuonyam wɔ mu no.”
28Yosia ahennie ho asɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa no, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
29Ɛberɛ a Yosia di ɔhene no, Misraimhene Farao Neko kɔɔ Asubɔnten Eufrate ho kɔboaa Asiriahene. Ɔhene Yosia de nʼakodɔm tuu sa, kɔko tiaa no, nanso ɛberɛ a wɔhyiaa wɔ Megido no, ɔhene Neko kumm no. 30Yosia akodɔm mu mpanimfoɔ no de nʼamu no too teaseɛnam mu firii Megido, baa Yerusalem bɛsiee no ɔno ankasa ɔboda mu. Na nnipa no sraa ne babarima Yehoahas ngo, sii no ɔhene.
Yehoahas Di Ɔhene Wɔ Yuda
31Ɛberɛ a Yehoahas dii ɔhene no, na wadi mfeɛ aduonu mmiɛnsa, na ɔdii adeɛ Yerusalem abosome mmiɛnsa. Na ne maame yɛ Yeremia a ɔfiri Libna no babaa a na ne din de Hamutal. 32Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ nʼagyanom yɛeɛ no pɛpɛɛpɛ. 33Farao Neko de Yehoahas too afiase wɔ Ribla wɔ Hamat asase so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔrentumi nni ɔhene wɔ Yerusalem. Afei, ɔbisaa sɛ Yuda ntua toɔ dwetɛ tɔno mmiɛnsa ne fa ne sikakɔkɔɔ kilogram aduasa ɛnan sɛ apeatoɔ. 34Afei, Farao Neko de Eliakim a ɔyɛ Yosia babarima, dii adeɛ, ma ɔsii nʼagya ananmu. Ɔsesaa Eliakim din frɛɛ no Yehoiakim. Wɔde Yehoahas kɔɔ Misraim sɛ odeduani, na ɔwuu wɔ hɔ.
Yehoiakim Di Ɔhene Wɔ Yuda
35Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛnya dwetɛ ne sikakɔkɔɔ toɔ a Farao Neko regye no, Yehoiakim gyegyee akwabrantoɔ firii Yudafoɔ nkyɛn. Obiara tuaa sɛdeɛ nʼahonya teɛ.
36Ɛberɛ a Yehoiakim dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu enum, na ɔdii adeɛ Yerusalem mfeɛ dubaako. Na ne maame din de Sebuda a ɔyɛ Pedaia a ɔfiri Ruma babaa. 37Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ nʼagyanom yɛeɛ no.