列王紀下 20 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

列王紀下 20:1-21

希西迦的病危與康復

1那些天,希西迦病危,亞摩斯的兒子以賽亞先知前來對他說:「耶和華說,『你要交待後事,因為你要死了,你的病不能康復。』」 2希西迦把臉轉向牆,向耶和華禱告,說: 3「耶和華啊,求你顧念我怎樣全心、忠誠地事奉你,做你視為善的事。」希西迦痛哭起來。 4當時,以賽亞還沒有走出中院,耶和華對他說: 5「回去告訴我子民的首領希西迦,『你祖先大衛的上帝耶和華說,我已聽見你的禱告,看見了你的眼淚。我要醫治你,三天後你就可以上耶和華的殿。 6我要使你的壽命增加十五年,我要從亞述王手中拯救你和這城。為我自己和我僕人大衛的緣故,我要保護這城。』」

7以賽亞說:「拿一塊無花果餅貼在王的瘡上,他就會痊癒。」

8希西迦以賽亞:「有什麼兆頭證明耶和華要醫治我,三天後我可以上耶和華的殿呢?」 9以賽亞說:「耶和華要給你一個兆頭,證明祂言出必行。你要日影前進十度還是後退十度呢?」 10希西迦說:「日影前進十度容易,讓日影後退十度吧。」 11以賽亞先知向耶和華祈求,耶和華就使亞哈斯日晷上的日影後退了十度。

巴比倫的使者來訪

12那時,巴拉但的兒子巴比倫米羅達·巴拉但聽說希西迦病了,便派人送去書信和禮物。 13希西迦接見使者,讓他們觀看國庫裡的金銀、香料、珍貴膏油、所有兵器和一切寶物。希西迦把宮中及國內的一切都給他們看。

14以賽亞先知來見希西迦王,問他:「這些人說了些什麼?他們從哪裡來?」希西迦答道:「他們來自遙遠的巴比倫。」 15以賽亞問:「他們在你宮裡看到了什麼?」希西迦答道:「他們看到了我宮中的一切。我把國庫裡的一切都給他們看了。」

16以賽亞希西迦說:「你聽著,耶和華說, 17『終有一天,你宮中的一切和你祖先積攢到現在的一切,必一件不留地被擄到巴比倫。這是耶和華說的。 18你的子孫當中必有人被擄去,在巴比倫王的宮中做太監。』」 19希西迦以賽亞說:「耶和華藉你說的話很好。」因為他想:「至少我有生之年將平安穩妥。」

20希西迦其他的事蹟和成就,包括怎樣建造水池和挖溝引水入城,都記在猶大的列王史上。 21希西迦與祖先同眠後,他兒子瑪拿西繼位。

Asante Twi Contemporary Bible

2 Ahemfo 20:1-21

Hesekia Yadeɛ Ne Nʼayaresa

1Saa ɛberɛ no mu, ɔhene Hesekia yaree yarewuo, ɛnna Amos babarima odiyifoɔ Yesaia kɔsraa no. Ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ ɔhene no, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Hyɛ wo nsamanseɛ, ɛfiri sɛ, wobɛwu. Wo yadeɛ no rennyae.”

2Ɛberɛ a Hesekia tee asɛm yi, ɔtwaa nʼani hwɛɛ fasuo, bɔɔ Awurade mpaeɛ sɛ, 3“Kae, Ao, Awurade, sɛdeɛ manante wʼanim nokorɛm na mede mʼakoma ayɛ deɛ ɛfata wɔ wʼanim.” Na Hesekia suu bebree.

4Na ansa na Yesaia bɛfiri adihɔ no mfimfini no, Awurade de asɛm yi bɛsii ne so sɛ, 5“Sane kɔ Hesekia a ɔyɛ me nkurɔfoɔ ɔkannifoɔ no nkyɛn, na kɔka kyerɛ no sɛ, ‘Sei na Awurade a ɔyɛ wʼagya Dawid Onyankopɔn seɛ: Mate wo mpaeɛbɔ no, ahunu wo nisuo no. Mɛsa wo yadeɛ, na nnansa akyi no, wobɛsɔre afiri mpa so, na woakɔ Awurade Asɔredan mu. 6Mede mfeɛ dunum bɛka wo mfeɛ ho, na mɛgye wo ne saa kuropɔn yi afiri Asiriahene nsam. Me ɔsomfoɔ Dawid enti, mɛyɛ yei, de agye mʼanimuonyam.’ ”

7Na Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia asomfoɔ no sɛ, “Momfa borɔdɔma nyɛ ngo, na momfa nsrasra pɔmpɔ no so.” Wɔyɛɛ saa, na Hesekia nyaa ahoɔden.

8Ansa na ɔrebɛnya ayaresa no, Hesekia bisaa Yesaia sɛ, “Nsɛnkyerɛnneɛ bɛn na Awurade bɛyɛ, de akyerɛ sɛ ɔbɛsa me yadeɛ, na matumi akɔ Awurade Asɔredan mu nnansa so?”

9Yesaia buaa sɛ, “Yei ne nsɛnkyerɛnneɛ a Awurade bɛyɛ akyerɛ wo sɛ ɔbɛdi ne bɔhyɛ so. Wopɛ sɛ sunsum a ɛda sunsumma susuniwa no kɔ nʼanim anammɔntuo edu anaa ɛsane nʼakyi anammɔntuo edu?”

10Hesekia buaa sɛ, “Sunsum no kɔ nʼanim ɛberɛ biara. Na mmom, ma ɛnkɔ nʼakyi.”

11Enti, Yesaia bisaa Awurade sɛ ɔnyɛ yei, na ɔmaa sunsum no tete sane nʼakyi anammɔntuo edu wɔ Ahas sunsumma susuniwa no so.

Babilonia Ananmusifoɔ

12Yei akyi, Babiloniahene Baladan babarima Merodak-Baladan20.12 Wɔde Merodak too Marduk a ɛyɛ Babilonia nyame no. soma ma wɔkɔmaa Hesekia tirinkwa ne akyɛdeɛ, ɛfiri sɛ, na wate sɛ yare denden bi bɔɔ Hesekia. 13Hesekia gyee Babilonia ananmusifoɔ yi, kyerɛɛ wɔn biribiara a ɔwɔ wɔ nʼadekoradan mu a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ, nnuhwam ne ngo a ɛyɛ hwam. Afei nso, ɔde wɔn kɔɔ nʼadekorabea, sane kyerɛɛ wɔn nʼadekoradan mu biribiara. Biribiara nni nʼahemfie hɔ anaa nʼahemman mu hɔ a Hesekia ankyerɛ wɔn.

14Na odiyifoɔ Yesaia kɔɔ ɔhene Hesekia nkyɛn, kɔbisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na saa nnipa no repɛ? Na wɔfiri he na wɔbaeɛ?”

Hesekia buaa sɛ, “Wɔfiri Babilonia akyirikyiri asase so pɛɛ.”

15Yesaia bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na wɔhunuu wɔ wʼahemfie hɔ?”

Hesekia buaa sɛ, “Wɔhunuu biribiara a ɛwɔ mʼahemfie ha. Biribiara nni mʼademudeɛ mu a mamfa ankyerɛ wɔn.”

16Na Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia sɛ, “Tie saa asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn yi: 17Ɛberɛ bi reba a biribiara a wowɔ no, agyapadeɛ a wʼagyanom akora no nyinaa, wɔbɛtwe akɔ Babilonia a ɛrenka hwee. Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: 18Wʼankasa wʼasefoɔ bi mpo, wɔbɛfa wɔn nnommum. Wɔbɛyɛ apiafoɔ a wɔbɛsom wɔ Babiloniahene ahemfie.”

19Na Hesekia ka kyerɛɛ Yesaia sɛ, “Saa asɛm yi a ɛfiri Awurade nkyɛn a woaka akyerɛ me yi yɛ asɛm papa.” Nanso, na ɔhene no redwene sɛ, “Me berɛ so deɛ ɛsɛ sɛ yɛnya asomdwoeɛ ne banbɔ.”

20Nsɛm a ɛsisii Hesekia ahennie mu nkaeɛ no a ne tumidie ka ho, ne sɛdeɛ ɔyɛɛ subunu, twaa suka20.20 Hesekia twaa asase ase nsuka firii Asubɔnten Gihon mu, sɛdeɛ ɛba sɛ otua bi ba a, wɔbɛnya nsuo. maa nsuo baa kuro no mu no nyinaa, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 21Ɛberɛ a Hesekia wuiɛ no, ne babarima Manase na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.