列王紀上 17 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

列王紀上 17:1-24

以利亞預言旱災

1有一位先知名叫以利亞,是基列提斯比人。他對亞哈說:「我憑我事奉的以色列的上帝——永活的耶和華起誓,如果我不禱告,這幾年必沒有雨水和甘露。」 2耶和華對以利亞說: 3「你離開這裡,往東去,到約旦河以東的基立溪旁躲起來。 4你可以喝基立溪的水,我已吩咐烏鴉在那裡供應你食物。」 5以利亞遵從耶和華的話,到約旦河東的基立溪旁住下來。 6烏鴉每天早晚為他叼來餅和肉,他喝溪裡的水。

撒勒法的寡婦

7因為天旱無雨,過了些日子,溪水乾了。 8耶和華對他說: 9「你去西頓撒勒法,我已吩咐那裡的一個寡婦供養你。」 10他來到撒勒法的城門口,看見一個寡婦在撿柴,就對她說:「請給我一點水喝。」 11那婦人去拿水的時候,以利亞又說:「請給我拿一點餅。」 12她說:「我憑你的上帝——永活的耶和華起誓,我沒有餅,我罈裡只有一把麵,瓶裡只有一點油。我來撿柴就是要回去做餅,與兒子吃完後,就只能等死了。」

13以利亞說:「不要害怕,你可以照你所說的去做餅,只是你要先做一小塊餅給我,然後再做給你和你兒子。 14因為以色列的上帝耶和華說,『在耶和華降雨之前,你罈裡的麵和瓶裡的油必不會空。』」 15那婦人就依照以利亞的話做了。婦人一家和以利亞就這樣吃了許多天, 16罈裡的麵沒有用完,瓶裡的油也沒有用光,應驗了耶和華藉以利亞說的話。

17後來,婦人的兒子病了,病情越來越重,最後死了。 18婦人對以利亞說:「上帝的僕人啊,我跟你有什麼關係?你到我這裡來是要讓上帝想起我的罪,取我兒子的性命嗎?」 19以利亞對婦人說:「把你兒子交給我。」隨後,他從婦人懷中接過孩子,抱到樓上自己的房間,放在床上。 20他向耶和華呼求道:「我的上帝耶和華啊,我寄居在這寡婦家裡,你為什麼降禍給她,奪去她兒子的性命呢?」 21他三次伏在孩子身上,求告耶和華說:「我的上帝耶和華啊,求你讓這孩子活過來吧。」 22耶和華聽了以利亞的祈求,孩子就活過來了。 23以利亞將孩子從樓上抱下來,交給他母親,說:「看,你兒子活過來了!」 24婦人對以利亞說:「現在我知道你是上帝的僕人,耶和華藉你口所說的都是真的。」

Asante Twi Contemporary Bible

1 Ahemfo 17:1-24

Anene Ma Elia Aduane

1Afei, Elia a ɔfiri Tisbi a ɛwɔ Gilead no ka kyerɛɛ ɔhene Ahab sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade, Onyankopɔn a mesɔre no som no, Israel Onyankopɔn te ase yi, ɛbɔ rensi, na osuo nso rentɔ mfeɛ kakra bi mu, gye sɛ ɛnam mʼasɛm so.”

2Na Awurade ka kyerɛɛ Elia sɛ, 3“Kɔ asuo Kerit a ɛwɔ apueeɛ fam no a ɛbɔ Asubɔnten Yordan mu no, na kɔhinta hɔ. 4Nom asuo no mu nsuo, na di deɛ anene no de bɛbrɛ wo, ɛfiri sɛ, mahyɛ sɛ wɔmmrɛ wo aduane.”

5Enti, Elia yɛɛ sɛdeɛ Awurade aka akyerɛ no no. Ɔbɔɔ atenaeɛ wɔ asuo Kerit ho. 6Anene no brɛɛ no burodo ne ɛnam anɔpa ne anwummerɛ biara, na ɔnom nsuo firii asuo no mu. 7Na akyire yi, asuo no weeɛ, ɛfiri sɛ, na osuo ntɔ wɔ asase no so baabiara.

Elia Ne Sarefat Ɔbaa Kunafoɔ No

8Na Awurade ka kyerɛɛ Elia sɛ, 9“Kɔ na kɔtena akuraa Sarefat a ɛbɛn Sidon kuro no mu. Okunafoɔ bi wɔ hɔ a ɔbɛma wo aduane adi. Makyerɛ no deɛ ɔnyɛ.”

10Na Elia kɔɔ Sarefat. Ɔduruu kuro no abɔntenpono no ano no, ɔhunuu okunafoɔ bi a ɔrehwehwɛ mmabaa. Ɔbisaa no sɛ, “Mesrɛ wo, wobɛtumi ama me nsuo kuruwama bi?” 11Ɔrekɔsa nsuo no aba no, ɔsrɛɛ no sɛ, “Ɛyɛ a fa burodo sini bi nso ka ho.”

12Okunafoɔ no kaa sɛ, “Meka Awurade, wo Onyankopɔn no ntam sɛ, menni burodo sini koraa wɔ fie. Na deɛ mewɔ wɔ efie yɛ asikyiresiam kakra ne ngo toa ase kakraa bi. Mekɔpɛɛ mmabaa kakra a mede bɛnoa aduane a ɛtwa toɔ, na me ne me babarima adi, na afei yɛawuwu.”

13Nanso, Elia ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsuro! Kɔ na kɔnoa aduane a ɛtwa toɔ no. Nanso, ɛyɛ a, to burodo ketewa bi di ɛkan ma me ansa. Na ɛno akyi no, aduane bebree bɛka ama wo ne wo ba no. 14Na deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn ka ne sɛ, ‘Daa asikyiresiam ne ngo pii bɛka wɔ wo adekoradeɛ no mu kɔsi ɛberɛ a Awurade bɛma osuo atɔ, ama nnɔbaeɛ anyini bio.’ ”

15Na ɔyɛɛ sɛdeɛ Elia kaeɛ no. Enti ɔno, Elia ne ne ba no kɔɔ so dii asikyiresiam ne ngo a na ɔwɔ no ara nna bebree. 16Ɛberɛ biara na wɔwɔ asikyiresiam ne ngo a ɛbɛso wɔn di wɔ wɔn adekoradeɛ mu sɛdeɛ Awurade nam Elia so hyɛɛ ho bɔ no.

17Akyire yi, ɔbaa no babarima no yareeɛ. Yadeɛ no kɔɔ so ara kɔsii sɛ abɔfra no wuiɛ. 18Ɔbaa no bisaa Elia sɛ, “Ao, Onyankopɔn onipa, ɛdeɛn na woayɛ me yi? Wobaa ha sɛ worebɛtwe mʼaso wɔ me bɔne a mayɛ ho enti na woakum me ba yi?”

19Nanso, Elia ka kyerɛɛ no sɛ, “Fa wo ba no ma me.” Na ɔgyee abarimaa no firii ne nsam. Ɔde no kɔɔ ɛsoro dan17.19 Abansoro dan no yɛ ahɔhodan na wɔkora aduane wɔ hɔ. bi a wɔsoɛɛ no mu no mu. Ɔde owufoɔ no too ne mpa so. 20Elia su guu Awurade so sɛ, “Ao, Awurade, adɛn enti na wode saa awerɛhoɔ yi abɛto okunafoɔ yi a ɔde ne fie asom me hɔhoɔ yi so, na wama ne ba awuo yi?” 21Ɔbutuu abɔfra no so mprɛnsa, su guu Awurade so sɛ, “Ao Awurade, me Onyankopɔn, mesrɛ, ma abɔfra yi nnya nkwa bio.”

22Awurade tiee Elia mpaeɛbɔ, na abɔfra no nyaa nkwa bio. 23Enti, Elia de no firi soro hɔ brɛɛ ne maame, ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ, wo ba no anyane.”

24Na ɔbaa no ka kyerɛɛ Elia sɛ, “Afei, mahunu pefee sɛ woyɛ Onyankopɔn onipa, na Awurade kasa fa wo so ampa.”