出埃及記 35 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

出埃及記 35:1-35

安息日的條例

1摩西招聚以色列全體會眾,對他們宣佈說:「以下是耶和華吩咐你們遵守的事。 2一週可以工作六天,但第七天是聖日,是你們為耶和華守安息的日子。凡在這一天工作的,必被處死。 3在安息日,家家戶戶都不可生火。」

為造聖幕奉獻

4摩西以色列全體會眾說:「以下是耶和華給你們的吩咐。

5「凡慷慨樂捐的,都可以把下列物品獻給耶和華為禮物,即金,銀,銅, 6細麻線,山羊毛,藍色、紫色和朱紅色的線, 7染成紅色的公羊皮,海狗皮,皂莢木, 8燈油,製作膏油和香的香料, 9鑲嵌在以弗得和胸牌上的紅瑪瑙及其他寶石。

10「你們當中的能工巧匠都要來建造耶和華所吩咐的物件, 11即聖幕和聖幕的罩棚、頂蓋、鉤子、木板、橫閂、柱子和底座; 12約櫃和抬約櫃的橫杠、施恩座和遮掩約櫃的幔子; 13桌子和抬桌子的橫杠、桌上的一切器具和供餅; 14燈臺和燈臺用的器具、燈盞和燈油; 15香壇和抬香壇的橫杠、膏油和芬芳的香;聖幕門口的簾子; 16燔祭壇、祭壇的銅網、抬祭壇的橫杠、祭壇用的一切器具、洗濯盆和盆座; 17院子的帷幔、懸掛幔子的柱子和底座、遮擋院子入口的門簾; 18聖幕和院子用的橛子和繩索; 19在聖所供職時穿的精製禮服、亞倫祭司的聖衣及其眾子供祭司之職時穿的衣服。」

20摩西說完後,以色列全體會眾便從他面前退去。 21凡心裡有感動又甘願奉獻的,都把禮物拿來獻給耶和華,作會幕、會幕中的一切器具及聖衣之用。 22凡甘心奉獻的,不論男女,都把別針、耳環、戒指、項鏈等各樣金飾拿來獻給耶和華。 23凡有細麻線,山羊毛,藍色、紫色和朱紅色的線,染成紅色的公羊皮,海狗皮的,都把它們拿來了。 24凡奉獻銀器和銅器的,都拿來獻給耶和華。凡有皂莢木的,只要用得上,都拿來奉獻。 25凡懂得紡線的婦女,都把親手紡成的細麻線和藍色、紫色、朱紅色的線拿來奉獻。 26凡心裡受感動又懂得紡織的婦女都來紡山羊毛。 27眾首領奉獻了紅瑪瑙和其他寶石,用來鑲嵌在以弗得和胸牌上。 28他們又獻出香料和油,用來做香、點燈、做膏油。 29以色列人,不論男女、凡是甘心樂意奉獻的,都把禮物帶來獻給耶和華,好完成耶和華藉摩西吩咐他們的一切工作。

30摩西以色列人說:「看啊,耶和華已經親自選出猶大支派中戶珥的孫子、烏利的兒子比撒列31上帝的靈已經充滿他,使他有聰明智慧,精於各種技能和手藝, 32懂得用金、銀和銅製造各式各樣精巧的器具, 33又能雕刻和鑲嵌寶石,精通木工和各種手藝。 34耶和華又使他與支派亞希撒抹的兒子亞何利亞伯有能力教授別人。 35耶和華使他們成為能工巧匠,精通各樣技藝,包括雕刻、圖案設計、紡織以及用細麻線和藍色、紫色、朱紅色的線刺繡。」

Asante Twi Contemporary Bible

2 Mose 35:1-35

Homeda Ho Mmara

1Afei, Mose frɛɛ nnipa no nyinaa ne wɔn yɛɛ nhyiamu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yei ne Awurade mmara a ɛsɛ sɛ modi so. 2Monyɛ adwuma nnansia. Na ɛda a ɛtɔ so nson no deɛ, momfa nhome; ɛyɛ ɛda kronkron a ɛsɛ sɛ mode som Awurade. Obiara a ɔbɛyɛ adwuma biara saa ɛda no, ɔbɛwu. 3Ɛda no, ogya mpo, monnsɔ bi ano wɔ mo afie mu.”

4Mose ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa sɛ, “Nsɛm a Awurade ahyɛ sɛ monyɛ nie. 5Obiara a ɔpɛ no mfa saa afɔrebɔdeɛ yi mu biara mmrɛ Awurade:

“sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ;

6ntoma a wɔde asaawa tuntum, bibire ne koogyan ayɛ ne

abirekyie nwi,

7odwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ ne mmirekyie nhoma a wɔahyɛ,

okuo dua;

8kanea ngo, ɔsra ngo;

nnuhwam a wɔhyeɛ;

9aboɔ a ɛte sɛ apopobibirieboɔ ne aboɔdemmoɔ a wɔde bɛhyehyɛ asɔfotadeɛ no ne adaaboɔ no mu.

10“Mo a mowɔ nimdeɛ wɔ biribi yɛ ho no, mo nyinaa mommra na monyɛ deɛ Awurade aka no nyinaa te sɛ:

11“Ahyiaeɛ Ntomadan no so ntoma ne ne nkatasoɔ, nkɔtɔkorɔ, aponnwa nnua a ɛsisi mu, adum ne nnyinasoɔ;

12Apam Adaka no ne nnua a ɛsisi ho; Mpata Beaeɛ ntwamutam a ɛkata kronkronbea hɔ,

13Ɛpono ne nnua a wɔde soa ne ɛho nneɛma nyinaa, Hyiadan mu Burodo;

14nkanea nnua ne nʼakanea ne ngo;

15aduhwam afɔrebukyia ne nnua a wɔde bɛsoa; srango ne aduhwam a ɛyi hwa pa,

nsɛnanimu a wɔde bɛsɛn Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛpono ano;

16kɔbere Afɔrebukyia a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, kɔbere otwitwadeɛ ne nnua a wɔde bɛsoa ho nneɛma,

ne deɛ wɔsi mu nneɛma ne ne ntaamu,

17adihɔ hɔ no ntwamutam, adum ne ne nnyinasoɔ, ntoma a wɔde bɛkata adihɔ hɔ ɛkwan ano,

18Ahyiaeɛ Ntomadan no adihɔ hɔ nnua ne ne ntampehoma,

19asɔfotadeɛ a wɔapam no fɛfɛɛfɛ a wɔhyɛ kɔ kronkronbea hɔ no brɛɛ no ma ɔhwɛeɛ. Afei, wɔde Aaron asɔfotadeɛ kronkron no nso ne ne mmammarima deɛ a wɔbɛhyɛ de ayɛ asɔfodwuma no bɛkyerɛɛ no.”

20Enti, nnipa no nyinaa kɔɔ wɔn ntomadan mu kɔyɛɛ akyɛdeɛ no ho ahoboa. 21Wɔn a Onyankopɔn honhom kaa wɔn akoma no de wɔn akyɛdeɛ a wɔde bɛsi Ahyiaeɛ Ntomadan no ne ɛho nneɛma ne deɛ wɔde bɛpam atadeɛ kronkron no brɛɛ Awurade. 22Mmaa ne mmarima a asɛm no kaa wɔn akoma no nyinaa baeɛ. Wɔde sikakɔkɔɔ, agudeɛ, nsonkawa, nkawa, kɔnmuadeɛ ne sikadwinneɛ bebree brɛɛ Awurade. 23Wɔn a wɔwɔ ntoma pa, kuntu a ɛyɛ tuntum, bibire, abirekyie nhoma a wɔahyɛ, odwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ anaa aboa nhoma a ɛyɛ fɛ nso de baeɛ. 24Afoforɔ nso de dwetɛ ne kɔbere brɛɛ Awurade sɛ wɔn akyɛdeɛ. Ebinom de okuo nnua nso baeɛ. 25Mmaa no bi a wɔnim adepam yie no too asaawa tuntum, bibire ne koogyan de yɛɛ ntoma a ɛyɛ fɛ de brɛɛ Awurade. 26Afoforɔ nso de anigyeɛ nam wɔn dom akyɛdeɛ so de abirekyie nwi yɛɛ ntoma. 27Mpanimfoɔ a wɔdi wɔn anim no de aboɔ a ɛte sɛ apopobibirieboɔ baeɛ sɛ wɔmfa nyɛ asɔfotadeɛ no ne nʼadaaboɔ. 28Wɔde nnuhwam ne ngo a wɔde bɛgu nkanea mu ne deɛ wɔde bɛfra srango no ne nnuhwam no ma adi mu no nso baeɛ. 29Yei di ho adanseɛ sɛ Israel mmarima ne mmaa a na wɔpɛ sɛ wɔboa dwumadie a Awurade nam Mose so de hyɛɛ wɔn nsa no firi wɔn pɛ mu de wɔn akyɛdeɛ brɛɛ no.

30Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ, “Awurade ayi Besaleel, Uri ba a ɔyɛ Hur a ɔfiri Yuda abusua mu nana 31no sɛ ɔno Onyankopɔn Honhom ahyɛ no ma. Wama no nyansa, tumi ne adwene a ɔde bɛsi Ahyiaeɛ Ntomadan no ayɛ biribiara a ɛwɔ mu. 32Ɔbɛtumi adi adwini afiri sikakɔkɔɔ, dwetɛ, ne kɔbere mu. 33Ɔwɔ agudeɛ adwinneɛ ne nnuasene ho nimdeɛ nso. 34Na Onyankopɔn ama ɔno ne Oholiab a ɔyɛ Ahisamak a ɔfiri Dan abusuakuo mu babarima adom akyɛdeɛ a wɔnam so kyerɛ afoforɔ adeɛ. 35Onyankopɔn ama wɔn baanu akyɛdeɛ sononko sɛ adwumfoɔ, duadwumfoɔ, adenwonofoɔ a wɔtumi nwono nneɛma a ɛyɛ fɛ gu ntoma pa a ɛyɛ tuntum, bibire ne koogyan mu. Wɔnim saa adwinneɛ yi nyinaa di ma ɛboro so.