出埃及記 35 – CCBT & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

出埃及記 35:1-35

安息日的條例

1摩西招聚以色列全體會眾,對他們宣佈說:「以下是耶和華吩咐你們遵守的事。 2一週可以工作六天,但第七天是聖日,是你們為耶和華守安息的日子。凡在這一天工作的,必被處死。 3在安息日,家家戶戶都不可生火。」

為造聖幕奉獻

4摩西以色列全體會眾說:「以下是耶和華給你們的吩咐。

5「凡慷慨樂捐的,都可以把下列物品獻給耶和華為禮物,即金,銀,銅, 6細麻線,山羊毛,藍色、紫色和朱紅色的線, 7染成紅色的公羊皮,海狗皮,皂莢木, 8燈油,製作膏油和香的香料, 9鑲嵌在以弗得和胸牌上的紅瑪瑙及其他寶石。

10「你們當中的能工巧匠都要來建造耶和華所吩咐的物件, 11即聖幕和聖幕的罩棚、頂蓋、鉤子、木板、橫閂、柱子和底座; 12約櫃和抬約櫃的橫杠、施恩座和遮掩約櫃的幔子; 13桌子和抬桌子的橫杠、桌上的一切器具和供餅; 14燈臺和燈臺用的器具、燈盞和燈油; 15香壇和抬香壇的橫杠、膏油和芬芳的香;聖幕門口的簾子; 16燔祭壇、祭壇的銅網、抬祭壇的橫杠、祭壇用的一切器具、洗濯盆和盆座; 17院子的帷幔、懸掛幔子的柱子和底座、遮擋院子入口的門簾; 18聖幕和院子用的橛子和繩索; 19在聖所供職時穿的精製禮服、亞倫祭司的聖衣及其眾子供祭司之職時穿的衣服。」

20摩西說完後,以色列全體會眾便從他面前退去。 21凡心裡有感動又甘願奉獻的,都把禮物拿來獻給耶和華,作會幕、會幕中的一切器具及聖衣之用。 22凡甘心奉獻的,不論男女,都把別針、耳環、戒指、項鏈等各樣金飾拿來獻給耶和華。 23凡有細麻線,山羊毛,藍色、紫色和朱紅色的線,染成紅色的公羊皮,海狗皮的,都把它們拿來了。 24凡奉獻銀器和銅器的,都拿來獻給耶和華。凡有皂莢木的,只要用得上,都拿來奉獻。 25凡懂得紡線的婦女,都把親手紡成的細麻線和藍色、紫色、朱紅色的線拿來奉獻。 26凡心裡受感動又懂得紡織的婦女都來紡山羊毛。 27眾首領奉獻了紅瑪瑙和其他寶石,用來鑲嵌在以弗得和胸牌上。 28他們又獻出香料和油,用來做香、點燈、做膏油。 29以色列人,不論男女、凡是甘心樂意奉獻的,都把禮物帶來獻給耶和華,好完成耶和華藉摩西吩咐他們的一切工作。

30摩西以色列人說:「看啊,耶和華已經親自選出猶大支派中戶珥的孫子、烏利的兒子比撒列31上帝的靈已經充滿他,使他有聰明智慧,精於各種技能和手藝, 32懂得用金、銀和銅製造各式各樣精巧的器具, 33又能雕刻和鑲嵌寶石,精通木工和各種手藝。 34耶和華又使他與支派亞希撒抹的兒子亞何利亞伯有能力教授別人。 35耶和華使他們成為能工巧匠,精通各樣技藝,包括雕刻、圖案設計、紡織以及用細麻線和藍色、紫色、朱紅色的線刺繡。」

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Mose 35:1-35

Homeda Ho Mmara

1Afei, Mose frɛɛ Israelmma nyinaa ne wɔn yɛɛ nhyiamu ka kyerɛɛ wɔn se, “Eyi ne Awurade mmara a ɛsɛ sɛ mudi so. 2Monyɛ adwuma nnansia. Na da a ɛto so ason no de, momfa nhome; ɛyɛ da kronkron a ɛsɛ sɛ mode som Awurade. Obiara a ɔbɛyɛ adwuma biara saa da no, ɛsɛ sɛ wokum no. 3Da no, ogya mpo, monnsɔ bi ano wɔ mo afi mu.”

4Mose ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa se, “Nsɛm a Awurade ahyɛ sɛ monyɛ ni: 5Obiara a ɔpɛ no mfa saa afɔrebɔde yi mu biara mmrɛ Awurade:

“Sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafrae;

6ntama a wɔde asaawa tuntum, bibiri ne koogyan ayɛ ne

abirekyi nwi,

7odwennini nwoma a wɔahyɛ no aduru kɔkɔɔ ne abirekyi nwoma a wɔahyɛ,

ɔkanto dua;

8ngo a wɔde begu akanea no mu, ɔhyew nnuhuam a wɔde bɛyɛ ɔsrango ne;

ɔhyew aduhuam;

9abo a ɛte sɛ apopobibiri ne abo a wɔde bɛhyehyɛ asɔfotade no ne nʼadɛbo no mu.

10“Mo a mowɔ nimdeɛ wɔ biribiyɛ ho no, mo nyinaa mommra na monyɛ nea Awurade aka no nyinaa te sɛ:

11“Ahyiae Ntamadan no so ntama ne ne nkataso, nkɔtɔkoro, mpuran nnua a esisi mu, adum ne nnyinaso;

12Apam Adaka no ne nnua a esisi ho; Mpata agua ntwamtam a ɛkata kronkronbea hɔ,

13ɔpon ne nnua a wɔde soa ne ɛho nneɛma nyinaa, Ɔkyerɛ Brodo;

14akanea nnua ne nʼakanea ne ngo;

15aduhuam afɔremuka ne nnua a wɔde bɛsoa; ɔsrango ne aduhuam a eyi hua pa,

nsɛnanim a wɔde bɛsɛn Ahyiae Ntamadan no pon ano;

16kɔbere Afɔremuka a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre, kɔbere ntwitae ne nnua a wɔde bɛsoa ho nneɛma,

ne nea wɔhoro mu nneɛma ne ne ntaamu,

17adiwo hɔ no ntwamtam, adum ne ne nnyinaso, ntama a wɔde bɛkata adiwo hɔ kwan ano,

18Ahyiae Ntamadan no adiwo hɔ nnua ne ne ntampehama,

19asɔfotade a ɛyɛ fɛ a ɔsɔfo no bɛhyɛ asɔre wɔ kronkronbea hɔ ne Aaron ntade kronkron a sɛ ne mmabarima no yɛ asɔfodwuma a, wɔbɛhyɛ bi.”

20Na Israelmma nyinaa fii Mose anim, 21na wɔn a Onyankopɔn honhom kaa wɔn koma no de wɔn akyɛde a wɔde besi Ahyiae Ntamadan no ne ɛho nneɛma ne nea wɔde bɛpam atade kronkron no bae. 22Mmea ne mmarima a asɛm no kaa wɔn koma no nyinaa bae. Wɔde sikakɔkɔɔ, agude, nsonkaa, nkaa, kɔnmuade ne sika adwinne bebree brɛɛ Awurade. 23Wɔn a wɔwɔ ntama pa, kuntu a ɛyɛ tuntum, bibiri, abirekyi nwoma a wɔahyɛ, odwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ anaa aboa nwoma a ɛyɛ fɛ nso de bae. 24Afoforo nso de dwetɛ ne kɔbere brɛɛ Awurade sɛ wɔn akyɛde. Ebinom de ɔkanto nnua nso bae. 25Mmea no bi a wonim adepam yiye no too asaawa tuntum, bibiri ne koogyan de yɛɛ ntama a ɛyɛ fɛ de brɛɛ Awurade. 26Afoforo nso de anigye nam wɔn dom akyɛde so de abirekyi nwi yɛɛ ntama. 27Mpanyimfo a wodi wɔn anim no de abo a ɛte sɛ apopobibiri bae sɛ wɔmfa nyɛ asɔfotade no ne nʼadɛbo. 28Wɔde nnuhuam ne ngo a wɔde begu akanea mu ne nea wɔde bɛfra ɔsrango no ne nnuhuam no ama adi mu no nso bae. 29Eyi di ho adanse sɛ Israel mmarima ne mmea a na wɔpɛ sɛ wɔboa dwumadi a Awurade nam Mose so de hyɛɛ wɔn nsa no fi wɔn pɛ mu de wɔn akyɛde brɛɛ no.

30Mose ka kyerɛɛ Israelfo no se, “Awurade ayi Besaleel, Uri ba a ɔyɛ Hur a ofi Yuda abusua mu nena 31no sɛ ɔno Onyankopɔn Honhom ahyɛ no ma. Wama no nyansa, tumi ne adwene a ɔde besi Ahyiae Ntamadan no ayɛ biribiara a ɛwɔ mu. 32Obetumi adi adwinni afi sikakɔkɔɔ, dwetɛ, ne kɔbere mu. 33Obetumi adi abo adwinni na obetumi asen nnua nso; nokware mu, ɔwɔ ɔdom akyɛde bebree. 34Na Onyankopɔn ama ɔno ne Oholiab a ɔyɛ Ahisamak a ofi Dan abusuakuw mu babarima ɔdom akyɛde a wɔnam so kyerɛ afoforo ade. 35Onyankopɔn ama wɔn baanu akyɛde sononko sɛ adwumfo, duadwumfo, adenwenfo a wotumi nwen nneɛma a ɛyɛ fɛ gu ntama pa a ɛyɛ tuntum, bibiri ne koogyan mu. Wonim saa adwinne yi nyinaa di ma ɛboro so.