出埃及記 19 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

出埃及記 19:1-25

以色列人在西奈山

1以色列人離開埃及滿三個月的那一天,他們來到西奈半島的曠野。 2他們離開利非訂,來到西奈曠野,在那裡的山下安營。

3摩西上山到上帝那裡,耶和華從山上呼喚他說:「你告訴雅各家,告訴以色列人, 4『我怎樣對付埃及人,你們都看見了,我好像鷹一樣把你們背在翅膀上帶到我這裡。 5現在,倘若你們認真聽從我的話,遵守我的約,就必在萬民中做我的子民,因為普天下都是我的。 6你們要歸於我,作祭司之國、聖潔之邦。這些話你要告訴以色列人。』」

7摩西召集以色列的長老,把耶和華對他的一切吩咐都轉告他們。 8百姓都齊聲回答說:「凡耶和華所吩咐的,我們都願意遵從。」

摩西便把他們的話回報耶和華。 9耶和華對摩西說:「我會在密雲中臨到你那裡,使百姓也可以親耳聽見我與你說話的聲音,這樣他們就會永遠信賴你。」摩西以色列人的話回報耶和華。 10耶和華對摩西說:「你現在回到他們那裡,吩咐他們今天和明天要潔淨自己,洗淨衣服, 11到後天都要預備好,因為這一天耶和華要在百姓眼前降臨在西奈山上。 12此外,你要在山的四圍劃定界線,吩咐百姓不得上山或碰到界線,違例者死。 13你們不可用手觸摸違例者,要用石頭打死他或用箭射死他,牲畜也不例外。百姓要一直等到聽見角聲長鳴才可上山。」 14於是,摩西下山回到百姓那裡,吩咐他們各人潔淨自己,洗淨衣服。 15又吩咐他們說:「到後天一切都要準備好,這期間你們不可親近女人。」

16到了第三天早晨,山上雷電大作,烏雲密佈,又有嘹亮的號角聲,營中的百姓都膽戰心驚。 17摩西率領百姓出營迎接上帝,他們都站在山腳下。 18因為耶和華在火中降臨到西奈山,整座山都冒著濃煙,滾滾上騰,好像一個大火窯,整座山都震動起來。 19號角聲越來越嘹亮。摩西說話,上帝就回應他,聲音好像雷鳴。 20耶和華降臨在西奈山頂,召摩西到山頂,摩西就上去了。 21耶和華對摩西說:「你下去囑咐百姓不可闖過界線到我這裡觀看,以免很多人死亡。 22吩咐到我面前來的祭司要潔淨自己,免得我忽然出來擊殺他們。」

23摩西對耶和華說:「百姓不能上西奈山,因為你已經吩咐我們要在山的四圍劃定界限,使這山成為聖山。」 24耶和華對他說:「你下去把亞倫一起帶來,祭司和百姓仍要留在原來的地方,不得亂闖到我面前,免得我忽然出來擊殺他們。」 25摩西就下去,把耶和華的話轉告給百姓。

Asante Twi Contemporary Bible

2 Mose 19:1-25

Israelfoɔ Duru Sinai Bepɔ Ho

1Anadwo a Israelfoɔ no tu firii Misraim no, nʼabosome mmiɛnsa so na wɔde kɔduruu Sinai ɛserɛ so. 2Wɔtu firii Refidim no, wɔbɛduruu Sinai Bepɔ ase bɔɔ atenaseɛ wɔ hɔ. Mose foro kɔɔ bepɔ no so kɔhyiaa Onyankopɔn.

3Mose kɔɔ Onyankopɔn nkyɛn wɔ bepɔ no so na Awurade frɛɛ no firii bepɔ no so kaa sɛ, “Ka saa nsɛm yi kyerɛ Yakob asefoɔ Israelman sɛ, 4‘Moahunu deɛ meyɛɛ Misraimfoɔ no ne ɛkwan a menam so de mo baa me nkyɛn te sɛ deɛ na mote ɔkɔdeɛ ntaban so no. 5Sɛ mobɛtie me, na moadi mʼahyɛdeɛ so a, mobɛyɛ me nnwankuo ketewa wɔ asase so aman nyinaa mu, ɛfiri sɛ, asase nyinaa yɛ me dea. 6Na mobɛyɛ asɔfoɔ ahemman a ɛyɛ ɔman kronkron ama Onyankopɔn.’ Saa nsɛm yi na ka kyerɛ Israelfoɔ no.”

7Mose siane firii bepɔ no so baeɛ no, ɔfrɛɛ mpanimfoɔ a wɔtuatua nnipa no ano nyinaa na ɔkaa asɛm a Awurade ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ wɔn. 8Wɔtee asɛm no, wɔn nyinaa bɔ gyee so sɛ, “Yɛbɛyɛ biribiara a Awurade aka sɛ yɛnyɛ no nyinaa.” Enti, Mose kɔkaa nsɛm a nnipa no aka no kyerɛɛ Awurade.

9Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Merebɛba wo nkyɛn sɛ omununkum sɛdeɛ ɛbɛyɛ na me ne wo kasa a, nnipa no bɛte me nne na ɛnam so ama wɔagye wo adi daa.

10“Siane kɔ nnipa no nkyɛn na kɔhwɛ sɛ wɔasiesie wɔn ho rehwɛ me ɛkwan. Fa ɛnnɛ ne ɔkyena te wɔn ho. Ma wɔnsi wɔn nneɛma nyinaa. 11Na ɔkyena akyiri mɛsiane aba Sinai Bepɔ no so a ɔmanfoɔ nyinaa rehwɛ ɛkwan. 12Twitwa ahyeɛ sɛdeɛ nnipa no rentra na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Monhwɛ yie. Mommforo nkɔ bepɔ no atifi na monnkɔ nʼahyeɛ no nso so; obiara a ɔbɛbu saa mmara yi so no, ɔbɛwu. 13Sɛ ɔyɛ onipa anaa a, obiara nsɔ ne mu. Na mmom, wɔbɛsi no aboɔ anaasɛ wɔbɛtoto agyan awowɔ no ama wawu.’ Montwe mo ho mfiri bepɔ no ho koraa kɔsi sɛ totorobɛnto bi bɛhyɛne ntwemu so; sɛ ɛba saa a, momforo nkɔ bepɔ no so!”

14Mose siane firii bepɔ no so kɔɔ nnipa no nkyɛn kɔtee wɔn ho ma wɔsii wɔn nneɛma nyinaa. 15Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monsiesie mo ho, na aka nnansa na Onyankopɔn aba, enti obiara nnkɔ ɔbaa ho.”

16Nnansa so anɔpa pɛpɛɛpɛ, aprannaa a ano yɛ den bobɔɔ mu, ma ayerɛmo pepaeɛ, ma omununkum kabii bi siane firii bepɔ no so. Totorobɛnto bi hyɛnee ntwemu so ma nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa ho popoeɛ. 17Mose dii nnipa no anim firi wɔn atenaeɛ hɔ sɛ wɔrekɔhyia Onyankopɔn. Wɔn nyinaa kɔboaa wɔn ho ano wɔ bepɔ no ase. 18Wisie kumɔnn kataa Sinai Bepɔ no so, ɛfiri sɛ, Awurade siane baa so sɛ ogya. Wisie buaa ewiem nyinaa te sɛ deɛ ɛfiri fononoo mu, na asasewosoɔ wosoo bepɔ no dendeenden. 19Totorobɛnto no hyɛnee dendeenden pa ara no, Mose kasaeɛ na Onyankopɔn nso de nne kɛseɛ buaeɛ.

20Enti, Awurade baa Sinai Bepɔ no atifi, na ɔfrɛɛ Mose maa ɔforo kɔɔ ne nkyɛn. 21Nanso, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Sane wʼakyi kɔ nnipa no nkyɛn na kɔbɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔnntra ahyeɛ no. Wɔnnyɛ wɔn adwene nso sɛ wɔreforo aba soro ha abɛhwɛ Awurade. Wɔn a wɔbɛyɛ saa no bɛwuwu. 22Asɔfoɔ a wɔwɔ wɔn nnwuma so no mpo nnwira wɔn ho, anyɛ saa a, Awurade bɛsɛe wɔn.”

23Mose nso buaa Awurade sɛ, “Nnipa no deɛ, wɔremforo mma bepɔ no atifi, ɛfiri sɛ, woabɔ wɔn kɔkɔ dada. Woka kyerɛɛ me sɛ mentwitwa ahyeɛ mfa bepɔ no ho na menka nkyerɛ nnipa no sɛ, obiara nnkɔ hɔ, ɛfiri sɛ, ɛhɔ yɛ Onyankopɔn dea.”

24Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Siane kɔ fam na kɔfa Aaron bra. Mma asɔfoɔ no ne nnipa no ntra ahyeɛ no sɛ wɔreba ha. Wɔyɛ saa a, mɛsɛe wɔn.”

25Enti, Mose siane kɔɔ bepɔ no ase kɔkaa asɛm a Onyankopɔn aka akyerɛ no no kyerɛɛ wɔn.