出埃及記 10 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

出埃及記 10:1-29

蝗蟲之災

1耶和華對摩西說:「你去見法老,我已使他和他臣僕的心剛硬,好在他們當中行我這些神蹟。 2這樣,你就可以把我如何嚴懲埃及人以及我在他們當中所行的神蹟告訴你的子孫,好叫你們知道我是耶和華。」

3摩西亞倫便進宮去見法老,對他說:「希伯來人的上帝耶和華說,『你要到什麼時候才肯在我面前謙卑下來,讓我的子民離開這裡去事奉我? 4這次你若再不答應,明天我要使蝗蟲飛入你的國境。 5牠們鋪天蓋地,要吃光冰雹過後田間所剩的,包括一切樹木。 6你的王宮及臣僕和所有埃及人的房屋都要佈滿蝗蟲,這是你祖祖輩輩從未見過的蝗災。』」摩西說完,便轉身離開法老。

7臣僕對法老說:「這個人還要給我們添多少麻煩呢?讓他們離開去事奉他們的上帝耶和華吧!埃及已經快崩潰了,你不知道嗎?」 8法老便召摩西亞倫進宮,對他們說:「你們去事奉你們的上帝耶和華吧!但你們誰要去呢?」 9摩西回答說:「我們男女老幼都要去,還有我們的牛群和羊群,因為我們要去守耶和華的節期,向祂獻祭。」 10法老聽後,說:「我若讓你們帶走婦女和孩子,最好耶和華能保護你們!你們真是居心叵測。 11不行!只有男子可以去事奉耶和華,這是你們一直要求的。」法老說完,便下令把他們趕出去。

12耶和華對摩西說:「你向埃及伸杖,使蝗蟲飛來吃盡冰雹過後剩下的植物。」 13摩西就向埃及伸杖。耶和華使東風在埃及境內颳了整整一天一夜,到早晨,東風帶來了蝗蟲。 14埃及到處都佈滿了蝗蟲,數目之多實在是空前絕後。 15整個埃及鋪滿蝗蟲,地上一片黑暗。這些蝗蟲吃盡了冰雹過後剩下的農作物和樹上的果子,沒有留下一點青綠。 16法老急忙召見摩西亞倫,對他們說:「我得罪了你們的上帝耶和華,又得罪了你們。 17現在求你饒恕我的罪,就這一次,為我祈求你們的上帝耶和華撤去這場死亡之災吧!」 18摩西就離開法老出去祈求耶和華, 19耶和華就把風向倒轉,變成猛烈的西風,把蝗蟲颳走,吹進紅海。埃及境內一隻蝗蟲也沒留下。 20可是,耶和華又使法老心硬,不讓以色列人離開埃及

黑暗之災

21耶和華對摩西說:「你向天伸杖,使埃及全境漆黑一片,那黑暗濃得甚至可以摸到。」 22摩西向天伸杖,埃及全境便漆黑了三天之久。 23埃及人彼此看不見,誰也不敢移動半步。可是,以色列人住的地方卻有光。 24法老把摩西召來,對他說:「去吧,帶著你們的婦女和孩子去事奉耶和華吧,但你們要把牛羊留下。」 25摩西回答說:「你要讓我們帶走牛羊,因為牠們是獻給我們上帝耶和華的祭物和燔祭牲。 26我們要帶走所有的牲畜,一隻蹄子也不留下,因為我們要從其中選一些來獻給我們的上帝耶和華。我們抵達目的地前,還不知道把哪些獻給祂。」 27但耶和華使法老的心剛硬,不肯讓以色列百姓離開。 28法老對摩西說:「給我滾出去!不要再讓我見到你,因為你再見我面之日必死。」 29摩西回答說:「你說得好,我必不再見你的面。」

Asante Twi Contemporary Bible

2 Mose 10:1-29

Ntutummɛ Dɔm Haw

1Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Sane kɔ Farao nkyɛn na kɔbisa no deɛ mahyɛ sɛ ɔnyɛ mma wo no. Nanso, mapirim ɔne ne mpanimfoɔ nyinaa akoma sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mɛtumi ayɛ anwanwadeɛ bebree akyerɛ wɔn ama wɔahunu me tumi. 2Na ɛnam so ma woatumi aka anwanwadeɛ a mayɛ wɔ Misraim asase so no akyerɛ wo mma ne wo mmanananom. Ka sɛdeɛ memaa Misraimfoɔ no yɛɛ wɔn adeɛ sɛ nkwaseafoɔ wɔ mʼanim no ne sɛdeɛ mema wɔhunuu sɛ mene Awurade no kyerɛ wɔn.”

3Enti, Mose ne Aaron kɔhunuu Farao ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade a ɔyɛ Hebrifoɔ Onyankopɔn se memmisa wo sɛ, ‘Nna dodoɔ sɛn na wopɛ sɛ wode bu me animtia? Ma me nkurɔfoɔ nkɔ na wɔnkɔsom me. 4Na sɛ woamma wɔn ankɔ a, ɔkyena nko ara mɛma ntutummɛ aba wʼasase yi so. 5Wɔbɛkata asase no ani nyinaa. Na wɔbɛsɛe biribiara a ɛkaeɛ a asukɔtweaa a ɛtɔeɛ no ansɛe no no nyinaa a wiram nnua nyinaa ka ho. 6Mmoa no bɛhyɛ wʼahemfie hɔ, wo mpanimfoɔ afie mu ne Misraimfoɔ afie nyinaa ma tɔ. Ɛbɛyɛ ɔhaw a, ɛfiri ɛberɛ a mo agyanom bɛtenaa asase yi so de bɛsi ɛnnɛ no, ebi nsii saa da.’ ” Na Mose firii Farao anim kɔeɛ.

7Afei, mpanimfoɔ a wɔwɔ Farao asɛnniiɛ no bɛbisaa no sɛ, “Nkɔsi da bɛn na wobɛma saa ɔbarima yi afa yɛn nnommum? Wonhunuu sɛ Misraim nyinaa adane amamfo? Ma nnipa no ɛkwan na wɔnkɔ nkɔsom Awurade wɔn Onyankopɔn!”

8Enti, wɔsane de Mose ne Aaron baa Farao anim bio bɛbisaa Farao ɛkwan. Farao kaa sɛ, “Ɛyɛ, monkɔsom Awurade, mo Onyankopɔn no. Na ɛhefoɔ na mo ne wɔn bɛkɔ?”

9Mose buaa Farao sɛ, “Yɛde mmɔfra ne mpanin, yɛn mmammarima, yɛn mmammaa, yɛn nnwan ne yɛn anantwie na ɛbɛkɔ. Yɛde yɛn agyapadeɛ nyinaa na ɛbɛtu saa ɛkwan no, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kɔ Awurade afahyɛ no.”

10Farao de abufuo buaa sɛ, “Sɛ mɛma mode mmɔfra nketewa yi kɔ a, ɛnneɛ Awurade ankasa nka mo ho. Mahunu sɛ mowɔ adwemmɔne. 11Ɛnsɛ sɛ ɛba saa. Mo mmarima no, monkɔsom Awurade, ɛfiri sɛ, ɛno na mobisaa me.” Farao pamoo wɔn firii nʼahemfie hɔ.

12Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Tene wo nsa wɔ Misraim so na ntutummɛ mmɛkata asase no nyinaa so, na wɔnni biribiara a asukɔtweaa no ansɛe no no.”

13Enti Mose maa ne poma so kyerɛɛ Misraim asase so maa Awurade bɔɔ mframa bi firii apueeɛ fam awia ne anadwo. Adeɛ kyeeɛ no, na apueeɛ mframa no de ntutummɛ no abɛgu asase no so nyinaa. 14Ntutummɛ no kataa Misraim asase no so mmaa nyinaa. Misraim abakɔsɛm kyerɛ sɛ, ntutummɛ mmaa ɔman no mu saa da na ebi nso remma saa bio. 15Mmoa no kataa asase ani nyinaa ma wɔsii owia ani enti wɔmaa esum duruu asase no so. Wɔwee biribiara a asukɔtweaa no ansɛe no no; biribiara a ɛyɛ ahahammono anka; sɛ ɛyɛ dua anaa afifideɛ a ɛwɔ ɔman no mu baabiara no.

16Ntɛm pa ara Farao tuu abɔfoɔ kɔfrɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mayɛ bɔne atia Awurade, mo Onyankopɔn no, ne mo nyinaa. 17Me nkotosrɛ a ɛdi akyire nie; momfa saa bɔne no nkyɛ me na monsrɛ Awurade mo Onyankopɔn sɛ ɔnyi owuo yi mfiri yɛn so.”

18Enti, Mose firii Farao anim kɔsrɛɛ Awurade. 19Awurade bɔɔ atɔeɛ fam mframa denden bi ma ɛpiaa ntutummɛ no nyinaa kɔguu Ɛpo Kɔkɔɔ no mu, a anka ɔbaako pɛ koraa wɔ Misraim asase no so. 20Nanso, Awurade pirim Farao akoma enti wamma Israelfoɔ no ankɔ.

Esum Kabii Duru

21Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Tene wo nsa kyerɛ ɔsoro ma esum kabii mmɛduru Misraim asase so.” 22Enti, Mose tenee ne nsa hwɛɛ soro maa esum kabii bɛduruu Misraim asase no so nnansa. 23Esum no duruu saa no, na obiara ntumi ntu ne nan, nanso Israelfoɔ no deɛ, na deɛ wɔte hɔ yɛ hann.

24Farao frɛɛ Mose ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ na kɔsom Awurade. Wobɛtumi de wo mma aka wo ho akɔ; nanso wo nnwan ne wʼanantwie no deɛ, ma wɔnka ha.”

25Nanso, Mose buaa sɛ, “Dabi, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn nnwan ne yɛn anantwie kɔ na yɛde wɔn mu bi bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma Awurade yɛn Onyankopɔn. 26Aboa tɔte koraa yɛrennya wɔ ha; ɛsɛ sɛ yɛbɔ Awurade, yɛn Onyankopɔn no afɔdeɛ. Yɛnnim deɛ ɔbɛpɛ gye sɛ yɛduru hɔ.”

27Nanso, Awurade pirim Farao akoma enti wamma wɔn ankɔ. 28Farao teateaa Mose sɛ, “Firi ha kɔ ntɛm. Mma menhunu wo ha bio. Ɛda a wobɛba ha bio no, wobɛwu.”

29Mose buaa sɛ, “Ɛyɛ, merenhunu wo bio.”