但以理書 7 – CCBT & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

但以理書 7:1-28

但以理夢見四獸

1巴比倫伯沙撒元年,但以理在床上做了一個夢,腦中出現了異象,便把夢記錄下來,講述其中的大意。 2但以理說:「我在夜間的異象中看見天風四面吹來,攪動大海。 3接著,四隻巨獸從海中上來,各有不同的形狀。 4第一隻獸像獅子,但有鷹的翅膀。我觀看時,見牠的翅膀被拔掉。牠被扶起來,像人一樣雙腳站在地上,並被賦予人的頭腦。 5第二隻獸像熊,用兩隻後腿站立,牙齒間叼著三根肋骨,有聲音對牠說,『起來,多吞吃肉吧!』

6「此後,我繼續觀看,見還有一隻獸像豹,背上有四個如鳥翼般的翅膀。這獸有四個頭,並被賦予權柄。 7此後,我在夜間的異象中看見第四隻獸,恐怖可怕,極其強壯,用大鐵牙吞吃、咬碎獵物,用腳踐踏所剩的。這獸與前三隻獸不同,牠有十個角。 8我觀看這些角時,見其中長出一個小角,先前的角中有三個被連根拔出,讓它取而代之。這小角有人的眼睛和說狂言的口。

9「我看見寶座已設立,

上面坐著亙古長存者,

祂的衣服潔白如雪,

頭髮如純淨的羊毛。

祂的寶座是火焰,

寶座的輪子是烈火。

10從祂面前流出火河,

事奉祂的有千千,

侍立在祂面前的有萬萬。

祂坐下要審判,

案卷已經展開。

11「我繼續觀看,見那獸被殺,身體被毀並被扔進火中,因為牠的小角口出狂言。 12至於其餘的獸,牠們的權柄都被奪去,但獲准再存活一段時間。

13「我在夜間的異象中看見一位像人子的,駕著天雲而來,到亙古長存者那裡,被引到祂面前。 14他得到權柄、榮耀和國度,各族、各邦、各語種的人都要事奉他。他的統治直到永遠、沒有窮盡,他的國度永不滅亡。

解釋異象

15「我但以理心中不安,腦中出現的異象令我恐懼, 16便走近一位侍立一旁的,問他這些事的意思。他就向我解釋這些事的意思,說, 17『這四隻巨獸是指四個將要在世上興起的國。 18但至高者的聖民必承受國度,並永永遠遠擁有國度。』

19「那時,我想知道關於第四獸的事,牠與其餘三獸不同,極其可怕,有鐵牙銅爪,吞吃、咬碎獵物,用腳踐踏所剩的。 20我也想知道有關牠頭上的十角及後來長出的小角的事。這小角取代了三角,它有眼和說狂言的口,比其他的角更強大。 21我看見這小角與聖民爭戰,並佔了上風。 22後來亙古長存的至高者來為祂的聖民伸冤。聖民擁有國度的時候到了。

23「那位侍立一旁的說,『第四隻獸是指世上將興起的第四個國,與其他各國不同,牠將吞吃、踐踏、咬碎天下。 24十角是指這國中將興起十個王,後來又興起一王,與先前的王不同,他將制伏三個王。 25他必褻瀆至高者,迫害至高者的聖民,試圖改變節期和律法。聖民將被交在他手中三年半。 26然而,審判者將坐下來審判,奪去並永遠廢除他的權柄。 27那時,國度、權柄和天下萬國的尊榮必賜給至高者的聖民。祂的國度直到永遠,一切掌權者都要事奉祂,順服祂。』

28「這就是我的夢。我但以理心中十分害怕,臉色蒼白,但我沒有把這事告訴別人。」

Akuapem Twi Contemporary Bible

Daniel 7:1-28

Mmoa Anan Ho Daeso

1Ɔhene Belsasar adedi afe a edi kan wɔ Babilonia mu no, Daniel soo dae, nyaa anisoadehu ahorow, bere a ɔda ne mpa so no. Ɔkyerɛw dae no mu nsɛm titiriw too hɔ.

2Daniel kae se, “Mʼanisoadehu no mu saa anadwo no, mihuu ɔsoro mframa anan a ɛrebobɔw fa po kɛse no so. 3Afei mmoa akɛse anan bi pue fii po no mu a ɛsono wɔn mu biara bɔbea.

4“Na aboa a odi kan no te sɛ gyata a ɔwɔ ɔkɔre ntaban. Mehwɛɛ no ara kosii sɛ wotutuu ne ntaban no, na wɔpagyaw no ma ogyinaa ne nan abien so te sɛ onipa. Na wɔmaa no onipa adwene.

5“Afei mihuu aboa a ɔto so abien a na ɔte sɛ sisi. Na ɔda ne nkyɛn mu a na mfe mparow abiɛsa hyɛ ne se ntam wɔ nʼanom. Na wɔka kyerɛɛ no se, ‘Sɔre na we nam a wubetumi!’

6“Eyi akyi no, mihuu aboa foforo a ɔte sɛ ɔsebɔ. Na ɔwɔ ntaban anan a ɛte sɛ nnomaa ntaban a etuatua nʼakyi. Saa aboa yi wɔ ti anan, na wɔmaa no tumi kɛse.

7“Eyi akyi no, mʼanisoadehu anadwo no, mihuu aboa a ɔto so anan a ne ho yɛ hu yiye, na ne ho yɛ den nso. Ɔwɔ se akɛse a ɛyɛ dade na ɔde bubu mmoa a ɔkyere wɔn no na wawe, na afei ɔde ne nʼanan tiatia nkae no so. Ɔda nsow koraa wɔ mmoa nkae no mu. Na ɔwɔ mmɛn du.

8“Bere a migu so redwene mmɛn no ho no, abɛn ketewa foforo bi puee wɔ mmɛn dedaw no ntam, na etutuu mmɛn dedaw no mu abiɛsa. Na saa abɛn ketewa no wɔ aniwa te sɛ onipa, na ɔwɔ ano a ɛkasa ahantan so.

9“Migu so rehwɛ no,

“mihui sɛ, wɔde nhengua besisii hɔ,

na Nea ɔwɔ hɔ fi Tete no bɛtenaa ase.

Na nʼatade yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma;

na ne tinwi hoa sɛ oguan nwi.

Nʼahengua dɛw sɛ ogyatannaa

na nʼahengua nhankare nso dɛwee framfram.

10Na ogya a ɛte sɛ asubɔnten

sen fii nʼanim bae.

Abɔfo mpempem kotow no,

na ɔpepe nso gyinagyinaa nʼanim.

Baguafo no tenaa ase,

na wofii ase buebuee nhoma mu.

11“Na mekɔɔ so hwɛe, efisɛ na abɛn ketewa no de ahantan rekasa. Mehwɛɛ ara kosii sɛ wokum aboa no, na wɔtow no kyenee ogyatannaa a ɛredɛw framfram no mu. 12Mmoa a aka no nso, wogyee wɔn tumi fii wɔn nsam, ma wɔtenaa ase kyɛe kakra.

13“Anadwo a minyaa mʼanisoadehu no, mehwɛ huu obi te sɛ onipa ba no a ɔnam ɔsoro omununkum mu reba. Ɔbɛn Nea ɔwɔ hɔ fi Tete no, wodii nʼanim kɔɔ ne nkyɛn. 14Wɔmaa no tumi, anuonyam ne adehyetumi; na aman ne kasa ahorow nyinaa som no. Nʼahenni yɛ daa ahenni a to rentwa da. Nʼaheman yɛ nea wɔrensɛe no da.”

Wɔkyerɛ Dae No Ase

15“Me, Daniel, nea mihuu no nyinaa haw me wɔ honhom mu, na mʼanisoadehu no bɔɔ me hu. 16Enti, mekɔɔ wɔn a wogyinagyina hɔ no mu baako hɔ, kobisaa no saa nneɛma no nyinaa ase.

“Ɔkyerɛɛ me ase se: 17‘Saa mmoa akɛse anan yi gyina hɔ ma ahemman anan a wɔbɛsɔre wɔ asase so. 18Nanso Ɔsorosoroni no ahotefo no begye ahemman no na wɔafa no afebɔɔ.’

19“Afei mepɛɛ sɛ mihu aboa a ɔto so anan no a na ɔda nsow wɔ nkae no mu no nkyerɛase. Na ne ho yɛ hu yiye, na ɔde ne se a ɛyɛ dade ne nʼawerɛw a ɛyɛ kɔbere no tetew mmoa a ɔkyere wɔn no we no, na afei ɔde ne nan tiatia nkae no so. 20Afei mepɛɛ sɛ mete mmɛn du a na etuatua ne ti ho ne nea epuee akyi no ase. Ɛbɛsɛee nea na ɛwɔ hɔ dedaw no mu abiɛsa, na eyi yɛ abɛn a edi mu kyɛn nkae no a na ɛwɔ onipa aniwa ne ano a ɛkasa ahantan so no. 21Mehwɛɛ no, na saa abɛn yi atu atreneefo no so sa redi wɔn so nkonim, 22kosii sɛ, Nea ɔwɔ hɔ fi Tete no ba bebuu atɛn, maa Ɔsorosoroni ahotefo no dii bem. Afei bere duu sɛ wɔfa ahemman no.

23“Afei ɔkyerɛɛ me ase se, ‘Saa aboa a ɔto so anan yi yɛ ahemman a ɛto so anan a ɛbɛba asase so. Ɛbɛda nsow wɔ ahemman a aka no nyinaa mu. Ɛbɛmene asase nyinaa, na atiatia so abubu no asinasin. 24Ne mmɛn du no yɛ ahemfo du a wobefi saa ahemman no mu. Afei ɔhene foforo bɛsɔre a ɔda nsow wɔ du a aka no mu a ɔbɛbrɛ ahemfo no mu baasa ase. 25Ɔbɛkasa atia Ɔsorosoroni no, na wahyɛ ahotefo no so. Ɔbɛbɔ mmɔden sɛ, ɔbɛsesa wɔn afahyɛ kronkron ahorow ne wɔn mmara no, na wɔde wɔn ahyɛ nʼase akosi mmere bi.

26“ ‘Nanso baguafo bɛtena ase, na wɔagye ne tumi nyinaa, na wɔasɛe no korakora. 27Afei wɔde ahenni ne tumi ne kɛseyɛ a ɛwɔ nheman a ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa bɛma ahotefo, Ɔsorosoroni no nkurɔfo. Na nʼaheman bɛtena hɔ daa, na ahemfo nyinaa bɛsɔre no na wɔayɛ osetie ama no.’

28“Asɛm no awiei ni. Me, Daniel, mʼadwennwene yi haw me yiye na mʼanim sesae, na mede saa nsɛm yi siee me koma mu.”