但以理書 12 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

但以理書 12:1-13

末日

1「那時,守護你本國人民的天使長米迦勒必出現。將有一段災難時期,是開國以來從未有過的。那時,你同胞中凡名字記在冊子上的,必得拯救。 2許多長眠地下的人必醒過來,有些得到永生,有些蒙受羞辱,永遠被憎惡。 3智者必發出光輝,如耀眼的穹蒼;引導多人歸向公義的人必如閃爍的星辰,直到永永遠遠。 4但以理啊,這些話要保密,要把這書封起來,直到末了。許多人必四處探究,因而知識必增多。」

5但以理觀看,見另有兩個人分別站在河的兩岸。 6其中一人問身穿細麻衣、站在河水之上的人:「這奇異的事何時才應驗呢?」 7我聽見身穿細麻衣、站在河水之上的人向天舉起雙手,憑永活者起誓說:「再過三年半,等摧毀聖民的權勢結束時,這一切事都要成就。」 8我聽見這話,卻不明白,就問他:「我主啊,這些事的結局會怎樣呢?」 9他說:「但以理啊,你走吧,因為這些事要保密,要被封起來,一直到末了。 10許多人必被淨化、洗滌、煉淨。但惡人必依舊作惡,他們無人明白,只有智者能明白。 11從廢除日常獻的祭、設立帶來毀滅的可憎之物算起,必經過一千二百九十天。 12能等候一千三百三十五天的人有福了! 13你要堅持到底。你必得到安息,到了末後的日子,你必起來承受你的產業。」

Asante Twi Contemporary Bible

Daniel 12:1-13

Awieeɛ Mmerɛ

1“Saa ɛberɛ no, Mikael, ɔhene babarima titire a ɔbɔ wo nkurɔfoɔ ho ban no bɛsɔre. Ahohia ɛberɛ bi bɛba a, ɛfiri aman no ahyɛaseɛ bɛsi saa da no, biribiara saa nsiiɛ da. Nanso saa ɛberɛ no, wo nkurɔfoɔ, obiara a wɔbɛhunu sɛ wɔatwerɛ ne din wɔ nwoma no mu no, wɔbɛgye no nkwa. 2Nnipadɔm a wɔadeda fam wɔ dɔteɛ mu no bɛnyane: ebinom bɛkɔ daa nkwa mu, na ebinom nso akɔ aniwuo ne daa ahohora mu. 3Wɔn a wɔyɛ anyansafoɔ no bɛhyerɛn te sɛ ɔsoro hyerɛn, na wɔn a wɔdanee afoforɔ kɔɔ tenenee mu no bɛhyerɛn sɛ nsoromma daapem. 4Nanso, wo Daniel, bobɔ na sɔ nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no ano, kɔsi awieeɛ ɛberɛ no. Bebree bɛkyinkyini akɔpɛ nimdeɛ.”

5Afei, me Daniel mehwɛ hunuu nnipa baanu bi wɔ mʼanim; ɔbaako gyina asubɔnten no konkɔn so, na ɔbaako nso gyina konkɔn a ɛhwɛ baako no anim no so. 6Wɔn mu baako bisaa ɔbarima a ɔfira nwera no a ɔgyina asuo no so no sɛ, “Ɛbɛdi nna ahe ansa na anwanwadeɛ yi aba mu?”

7Ɔbarima no a ɔfira nwera na ɔwɔ nsuo no so no maa ne nsa nifa ne benkum so kyerɛɛ soro, na metee sɛ ɔde deɛ ɔte hɔ daa no kaa ntam sɛ, “Ɛbɛkɔ so saa ara akɔsi ɛberɛ bi, mmerɛ bi ne ɛberɛ sini bi. Sɛ nnipa kronkron no tumi sɛeɛ no ba awieeɛ koraa a, wɔbɛwie saa nneɛma yi nyinaa.”

8Meteeɛ, nanso mante aseɛ. Enti, mebisaa sɛ, “Me Wura ɛdeɛn na ɛbɛfiri yeinom nyinaa mu aba?”

9Na ɔbuaa sɛ, “Daniel kɔ, ɛfiri sɛ wɔabobɔ nsɛm no asɔ ano de akɔsi awieeɛ mmerɛ no. 10Wɔbɛhohoro bebree ho a efi ne nkekaeɛ biara nni wɔn ho, nanso atirimuɔdenfoɔ bɛkɔ so ayɛ atirimuɔden; wɔn mu biara rente aseɛ, nanso anyansafoɔ deɛ, wɔbɛte aseɛ.

11“Ɛfiri da a wɔbɛbra daa afɔrebɔ na wɔde akyiwadeɛ a ɔsɛeɛ nam ne so bɛba abɛsi hɔ no bɛyɛ nnafua apem ahanu aduɔkron. 12Nhyira ne deɛ ɔtwɛn kɔsi nnafua apem ahasa aduasa enum awieeɛ no.

13“Wo Daniel deɛ, tintim kɔduru awieeɛ. Wobɛhome, na nna no awieeɛ no, wobɛsɔre na woakɔgye wo kyɛfa a ɛwɔ agyapadeɛ no mu.”