以西結書 9 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

以西結書 9:1-11

拜偶像者遭誅滅

1我聽見祂高聲呼喊說:「懲罰這城的人啊,拿起你們的兵器上前來吧!」 2只見六個人從北門走來,手中都拿著可怕的兵器。其中有一人身穿細麻衣,腰間帶著墨盒。他們進入殿裡,站在銅祭壇旁邊。

3以色列上帝的榮耀原本在基路伯天使上,現在升到了殿門口。上帝把那身穿細麻衣、腰帶墨盒的人召來, 4對他說:「你去走遍耶路撒冷,在那些因城中可憎之事而歎息哀傷的人額上畫個記號。」 5我聽見祂對其餘的人說:「你們要跟隨他走遍全城,毫不留情地殺戮, 6將男女老幼全部殺盡,但你們不能傷害額上有記號的。你們要從聖所開始。」於是他們首先殺了殿前的眾長老。 7祂又對他們說:「要玷污這殿,把你們所殺的堆滿整個院子。去吧!」他們便出去,在城中殺戮。 8那時,只留下我一個人,我便俯伏在地上呼求:「唉,主耶和華啊!你向耶路撒冷傾倒你的烈怒,要滅絕以色列所有的餘民嗎?」

9祂回答說:「以色列猶大人罪大惡極,遍地是血腥,滿城是冤屈,他們說,『耶和華丟棄了這片土地,祂看不見我們。』 10因此,我必不顧惜他們,也不憐憫他們,我必照他們的所作所為報應他們。」

11那個身穿細麻衣,腰帶墨盒的人回來稟告說:「我已照你的吩咐做了。」

Asante Twi Contemporary Bible

Hesekiel 9:1-11

Wɔkunkum Ahonisomfoɔ

1Afei metee sɛ ɔde nne kɛseɛ team sɛ, “Momfa kuropɔn no awɛmfoɔ no mmra ha, a obiara kura akodeɛ.” 2Mehunuu sɛ mmarimma baasia firi atifi ɛpono a ɛkyerɛ atifi fam reba, na obiara kura kɔdiawuo akodeɛ. Na ɔbarima bi a ɔfira nwera na atwerɛdeɛ bɔtɔ bɔ ne nkyɛn mu ka wɔn ho. Wɔba bɛgyinaa kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia no ho.

3Na Israel Onyankopɔn animuonyam pagyaa ne ho firi Kerubim no so, baabi a na anka ɛwɔ no, kɔɔ asɔredan no ɛkwan ano. Afei Awurade frɛɛ ɔbarima a na ɔfira nwera na atwerɛdeɛ bɔtɔ bɔ ne nkyɛn mu no 4ka kyerɛɛ no sɛ, “Nante fa Yerusalem kuropɔn nyinaa mu na fa ahyɛnsodeɛ keka wɔn a wosu na wodi awerɛhoɔ wɔ akyiwadeyɛ a ɛkɔ so nyinaa ho no moma so.”

5Meretie no, ɔka kyerɛɛ wɔn a aka no sɛ, “Monni nʼakyi mfa kuropɔn no mu na monkunkum, a monnkyerɛ ahummɔborɔ anaa tema biara. 6Monkunkum nkɔkoraa, mmeranteɛ ne mmaayewa, mmaa ne mmɔfra, nanso mommfa mo nsa nka obi a ɔwɔ ahyɛnsodeɛ no. Momfiri aseɛ wɔ me kronkronbea hɔ.” Enti wɔde mpanimfoɔ a wɔwɔ asɔredan no anim no hyɛɛ aseɛ.

7Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mongu asɔredan no ho fi na momfa wɔn a wɔakunkum wɔn no nhyɛ adihɔ hɔ ma. Monkɔ!” Enti wɔkɔɔeɛ, na wɔhyɛɛ aseɛ kunkumm nnipa wɔ Yerusalem kuropɔn no mu nyinaa. 8Ɛberɛ a wɔrekunkum na aka me nko ara no, mebutuu hɔ suiɛ sɛ, “Aa Otumfoɔ Awurade! Worebɛsɛe Israel nkaeɛfoɔ yi nyinaa ɛsiane wʼabufuhyeɛ a aba Yerusalem soɔ yi enti anaa?”

9Na ɔbuaa me sɛ, “Israelfoɔ ne Yuda amumuyɛ dɔɔso dodo; mogyahwiegu ahyɛ asase no so ma na ntɛnkyea ahyɛ asase no so ma. Wɔka sɛ, ‘Awurade agya asase no; Awurade nhunu.’ 10Ɛno enti, merenhunu wɔn mmɔbɔ na meremma wɔmmfa wɔn ho nni, na mɛma deɛ wɔayɛ no abɔ wɔn ankasa tiri so.”

11Afei, ɔbarima a ɔfira nwera na atwerɛdeɛ bɔ ne nkyɛn mu no de nkra baeɛ sɛ, “Mayɛ sɛdeɛ wohyɛeɛ no.”