以西結書 8 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

以西結書 8:1-18

聖城中的可憎之事

1第六年六月五日,我正在家中與猶大的眾長老同坐,主耶和華的能力降在我身上。 2我觀看,只見有一位形狀像人,祂的腰部以下像火,腰部以上像閃亮的金屬。 3祂好像伸出一隻手,抓住我的頭髮。在異象中,靈把我舉到天地之間,將我帶到耶路撒冷聖殿內院的北門,那裡供奉著惹耶和華憤恨的神像。 4我忽然看見那裡有以色列上帝的榮耀,跟我在平原所見的一樣。

5祂對我說:「人子啊,你舉目北望。」於是,我舉目朝北一望,見在祭壇門的北面有惹耶和華憤恨的神像。 6祂又對我說:「人子啊,你看見以色列人的所作所為了嗎?他們在這裡行那些極其可憎的事,以致我遠離我的聖所。你會看到更可憎的事。」

7祂帶我到院子的門口,我看見牆上有一個洞。 8祂對我說:「人子啊,你挖這牆。」我挖開牆後,看見一道門。 9祂對我說:「你進去看看他們在這裡做的邪惡可憎的事吧。」 10我進去後,看見四周的牆上畫滿了各種爬蟲、可憎的獸類和以色列人拜的神像。 11神像前面站著以色列的七十個長老,沙番的兒子雅撒尼亞也在當中,他們每人手中都拿著香爐,煙霧繚繞。 12祂又對我說:「人子啊,你看見以色列的長老在自己藏神像的房間裡暗中所做的了嗎?他們說,『耶和華看不見我們,祂已經拋棄了這片土地。』」 13祂繼續說:「你會看到他們做更可憎的事。」

14祂帶我來到耶和華的殿外院的北門,看見一些婦女坐在那裡為搭模斯神像哭泣。 15祂對我說:「人子啊,你看見了嗎?你會看到更可憎的事。」

16祂帶我來到耶和華殿的內院,在殿門口,走廊和祭壇中間約有二十五個人背向耶和華的殿,面向東方朝拜太陽。 17祂又對我說:「人子啊,你看見了嗎?猶大人的這些可憎行徑還算小事嗎?他們到處行殘暴之事,再三惹我發怒,手拿樹枝舉向鼻前祭拜偶像。 18因此,我必憤怒地對待他們,我必不顧惜他們,也不憐憫他們,即使他們大聲向我呼求,我也不聽。」

Asante Twi Contemporary Bible

Hesekiel 8:1-18

Asɔredan Mu Abosonsom

1Afe a ɛtɔ so nsia mu, abosome nsia no ɛda a ɛtɔ so enum a na mete me fie na Yuda mpanimfoɔ tete mʼanim no, Otumfoɔ Awurade nsa baa me so wɔ hɔ. 2Mehwɛeɛ na mehunuu biribi a ɛte sɛ onipa. Ɛfiri baabi reba, a ayɛ sɛ nʼasene mu rekɔ ne fam no, na ɔte sɛ ogya, na ɛfiri hɔ rekɔ ne soro no, na ne tebea hyerɛn sɛ dadeɛ a adɔ. 3Ɔtenee biribi te sɛ nsa de sɔɔ me tirinwi mu faa me. Afei honhom no pagyaa me de me kɔɔ ewiem na ɛde me wuraa Onyankopɔn anisoadehunu mu kɔɔ Yerusalem kɔgyinaa mfimfini adihɔ no atifi ɛpono ano, baabi a ohoni a ɛyɛ ninkunutweɛ farebae no sie. 4Na ɛhɔ, mʼanim no na na Israel Onyankopɔn animuonyam wɔ, te sɛ anisoadehunu a menyaa no wɔ ɛserɛ so no.

5Afei, ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, hwɛ atifi fam hɔ.” Na mehwɛeɛ, na ɛpono a ɛwɔ afɔrebukyia no atifi fam no mu, mehunuu saa ninkuntwe farebae ohoni yi.

6Ɔkaa kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, wohunu deɛ wɔreyɛ yi, akyiwadeɛ a ɛmfra, a Israel fie reyɛ wɔ ha yi, nneɛma a ɛbɛpam me afiri me kronkronbea akɔ akyirikyiri yi? Nanso wobɛhunu nneɛma a ɛsene akyiwadeɛ yi koraa.”

7Afei, ɔde me baa adihɔ hɔ ɛpono no ano. Mehwɛeɛ na mehunuu tokuro wɔ ɔfasuo no mu. 8Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, bɔ ɔfasuo no mu tokuro.” Enti mebɔɔ ɔfasuo no mu tokuro, na mehunuu ɛpono ano kwan bi wɔ hɔ.

9Ɔkaa kyerɛɛ me sɛ, “Kɔ mu na kɔhwɛ atirimuɔdensɛm ne akyiwadeɛ a wɔreyɛ wɔ ha.” 10Enti mekɔɔ mu kɔhwɛeɛ, na mehunuu afasuo a wɔayɛ mmoa a wɔwea ahodoɔ nyinaa ne mmoa a wɔyɛ akyiwadeɛ ne Israel fie ahoni ahodoɔ nyinaa mfoni wɔ ho nyinaa. 11Wɔn anim na na Israelfoɔ mpanimfoɔ aduɔson gyinagyina a na Safan babarima Yaasania gyina wɔn mu. Na wɔn mu biara kura nkankyee ntrawantrawa a aduhwam wisie hwamhwam firi so rekɔ soro. 12Ɔbisaa me sɛ, “Onipa ba woahunu deɛ Israelfoɔ mpanimfoɔ reyɛ wɔ esum no mu. Obiara wɔ nʼankasa ahoni abosonnan mu. Wɔka sɛ, ‘Awurade nhunu yɛn; Awurade agya asase no!’ ” 13Ɔkaa bio sɛ, “Wobɛhunu sɛ wɔreyɛ nneɛma a ɛyɛ akyiwadeɛ a mpo ɛsene yei.”

14Afei ɔde me baa Awurade efie no atifi ɛpono no kwan ano, na mehunuu mmaa a wɔtete hɔ resu Tamus. 15Ɔbisaa me sɛ, “Wohunu yei onipa ba? Wobɛhunu nneɛma a ɛyɛ akyiwadeɛ a ɛsene yei.”

16Afei, ɔde me baa Awurade efie adihɔ a ɛwɔ mfimfini no, na ɛhɔ, asɔrefie no ano kwan, wɔ abrannaa ne afɔrebukyia no ntam, na ɛhɔ na mmarimma bɛyɛ aduonu enum wɔ. Wɔn akyi kyerɛ Awurade asɔredan na wɔn anim kyerɛ apueeɛ fam no, na wɔrekoto som owia a ɛwɔ apueeɛ fam.

17Ɔbisaa me sɛ, “Woahunu yei, onipa ba? Akyiwadeɛ a Yudafoɔ reyɛ wɔ ha yi yɛ asɛm ketewa anaa? Ɛsɛ sɛ wɔde akakabensɛm hyɛ asase no so ma na wɔkɔ so hyɛ me abufuo anaa? Hwɛ, wɔabu me animtia agu mʼanim ase! 18Ɛno enti, me ne wɔn bɛdi no abufuo so. Merenhunu wɔn mmɔbɔ, na meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn. Ɛwom sɛ wɔteam tuatua mʼaso, nanso merentie wɔn.”