以西結書 45 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

以西結書 45:1-25

劃分聖地

1「『當你們抽籤把土地分給以色列各支派作產業的時候,要分出一塊獻給耶和華作聖地。聖地要長十二點五公里,寬十公里,整塊地都要聖潔。 2你們要在其中分出一塊長寬各二百五十米的地建聖殿。殿的周圍要有二十五米寬的空地。 3聖地當中要量一塊長十二點五公里、寬五公里的地,其中要有聖所,是最聖潔的地方。 4這塊聖地應歸那些在聖所中事奉耶和華的祭司,作為他們的居所和建聖所之用。 5另一塊十二點五公里長、五公里寬的土地給那些在聖殿工作的利未人居住,作他們的產業45·5 作他們的產業」或譯作「有二十間房作他們的產業」。

6「『在聖地旁邊要分出一塊十二點五公里長、二點五公里寬的地建城,以色列人都可以到那裡居住。

7「『在聖地和城的東西兩邊是給君王的土地,西到地中海,東到約旦河,從西到東長度與一個支派所得的土地一樣。 8這地方要作君王在以色列的產業。我的君王必不再欺壓我的子民,而是按支派把地分給他們。

9「『主耶和華說,你們這些以色列的君王啊,夠了!你們應當放棄暴行和搶掠,按公平和正義行事,不要再向我的子民橫徵暴斂了!這是主耶和華說的。 10你們要用公道的天平、伊法和罷特。 11賀梅珥45·11 一賀梅珥相當於一百公斤。是標準的容量單位,量固體的伊法45·11 一伊法相當於十公斤。是十分之一賀梅珥,量液體的罷特也是十分之一賀梅珥。 12舍客勒45·12 一舍客勒約合十一克。是標準的重量單位,一舍客勒是二十季拉。六十舍客勒等於一彌那。

13「『以下是你們應當獻的供物,每一賀梅珥小麥要獻上六分之一伊法,每一賀梅珥大麥也要獻上六分之一伊法。 14每一柯珥的油要獻十分之一罷特,一柯珥等於十罷特或一賀梅珥,因為一賀梅珥等於十罷特。 15以色列肥美的草場上,每二百隻羊便要獻上一隻。這些供物用來作素祭、燔祭和平安祭,為以色列人贖罪。這是主耶和華說的。 16所有的以色列人都要這樣拿供物來獻給君王。 17君王要在節期、朔日45·17 朔日」即每月初一。、安息日等以色列人一切的節期獻上燔祭、素祭和奠祭。他要預備贖罪祭、素祭、燔祭和平安祭的祭物,為以色列人贖罪。

18「『主耶和華說,一月初一,你要獻一隻毫無殘疾的公牛犢,潔淨聖所。 19祭司要取些贖罪祭牲的血抹在聖殿的門柱、祭台的四角和內院門口的柱子上。 20到了一月七日,要同樣為一切在無意和無知中犯罪的人贖罪,使聖殿保持潔淨。

21「『一月十四日,你們要守逾越節七天,節期間要吃無酵餅。 22在逾越節當天,君王要預備一頭公牛為自己和百姓作贖罪祭。 23在七天的節期間,他要每天預備毫無殘疾的公牛七頭、公綿羊七隻作燔祭,公山羊一隻作贖罪祭。 24他要預備細麵粉和油作素祭與牛羊一同獻上。每頭公牛或公綿羊要同獻十公斤細麵粉和四升油。 25在七月十五日開始一連七天的住棚節期間,君王也要供應同樣的贖罪祭、燔祭、素祭和油。』

Asante Twi Contemporary Bible

Hesekiel 45:1-25

Asase No Mu Kyekyɛ

1“ ‘Sɛ mokyekyɛ asase no mu sɛ agyapadeɛ a, ɛsɛ sɛ mode ɛfa bi ma Awurade sɛ ɔmantam kronkron a ne tentene yɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500), na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn mpem aduasa (30,000); saa beaeɛ no nyinaa bɛyɛ kronkron. 2Wɔbɛgya asase yi mu bi a ɛyɛ ahinanan a ne fa biara yɛ anammɔn ahanson ne aduonum (750) ama kronkronbea, na mfikyisase a atwa ho ahyia no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduɔson enum (75). 3Monsusu ɔmantam kronkron asase no mu bi a ne tentene yɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500) na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn mpem dunum (15,000). Ɛhɔ na wɔbɛsi kronkronbea, Kronkron Mu Kronkron no. 4Ɛbɛyɛ asase no fa a ɛyɛ kronkron ma asɔfoɔ a wɔsom wɔ kronkronbea na wɔbɛn Awurade, na wɔsom wɔ nʼanim. Ɛhɔ na wɔbɛsisi wɔn afie na ayɛ beaeɛ kronkron ama kronkronbea no nso. 5Asase a ne tentene yɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500) na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn mpem dunum (15,000) bɛyɛ beaeɛ a wɔbɛkyekyere nkuro ama Lewifoɔ a wɔsom wɔ asɔredan mu no atena mu sɛ wɔn agyapadeɛ.

6“ ‘Wɔbɛgya asase a ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn mpem nson ne ahanum (7,500) na ne tentene nso yɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500) a ɛtoa beaeɛ kronkron no so no ama kuropɔn no; ɛbɛyɛ Israel efie nyinaa dea.

7“ ‘Ɔhene no bɛfa asase a ɛne ɔmantam kronkron no ne kuropɔn no daberɛ bɔ hyeɛ. Ɛbɛtrɛ akɔ atɔeɛ fam ne apueeɛ fam akɔpem atɔeɛ ne apueeɛ ahyeɛ so, na ɛne mmusuakuo no mu baako asase abɔ hyeɛ wɔ atifi fam ne anafoɔ fam. 8Asase no bɛyɛ nʼagyapadeɛ wɔ Israel. Na me mmapɔmma renhyɛ me nkurɔfoɔ so bio, na mmom wɔbɛma Israel efie ɛkwan ama wɔafa asase no sɛdeɛ wɔn mmusuakuo no teɛ.

9“ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Moaduru akyiri pa ara, Israel mmapɔmma! Monnyae mo basabasayɛ ne mo nhyɛsoɔ na monyɛ deɛ ɛtene na ɛyɛ. Monnyae me nkurɔfoɔ nsase a mogyegyeɛ no, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. 10Ɛsɛ sɛ mode nsania ne susudeɛ a ɛyɛ pɛ susu adeɛ. 11Kɛntɛn baako, a ɛyɛ lita ɔha aduɔwɔtwe mmienu (182), na mode bɛsusu adeɛ biara dodoɔ; ɛfah ne bat bɛyɛ kɛntɛn baako mu nkyɛmu edu. 12Dwetɛ mpɔ na mode bɛsusu adeɛ mu duru. Dwetɛ mpɔ baako bɛyɛ gram dumienu, na dwetɛ mpɔ aduosia ayɛ gram ahanson aduonu (720).

Afɔrebɔdeɛ Ne Nna Kronkron

13“ ‘Akyɛdeɛ soronko a ɛsɛ wode ma nie: Ayuo kilogram mmiɛnsa ne atokoɔ kilogram mmienu ne fa. 14Ngo dodoɔ a wɔatwa ato hɔ no nyɛ lita mmienu ne fa. 15Afei wɔmfa nnwankuo ahanu a wɔwɔ Israel adidibea a ɛhɔ wɔ nsuo no mu baako. Yeinom na wɔde bɛyɛ aduane afɔrebɔdeɛ, ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ a ɛbɛyɛ mpatadeɛ ama nnipa no, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ. 16Ɛsɛ sɛ Israelfoɔ nyinaa kɔka ɔheneba no ho na ɔde nʼafɔrebɔdeɛ ba. 17Ɛbɛyɛ ɔheneba no asɛdeɛ sɛ ɔde afɔrebɔdeɛ a wɔde ma ɔsom afahyɛ bi te sɛ ɔbosome foforɔ afahyɛ, home nna ne nna a ɛtete saa no ba. Ɔde bɔne ho afɔrebɔdeɛ, ɔhyeɛ ho afɔrebɔdeɛ, atokoɔ afɔrebɔdeɛ, nsã afɔrebɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ bɛba abɛyɛ nkabomudeɛ ama Israel.

18“ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɔbosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛdi ɛkan no, ɛsɛ sɛ wɔde nantwinini ba baako a ne ho nni dɛm dwira kronkronbea hɔ. 19Ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no de bɔne afɔrebɔdeɛ no mogya no bi keka asɔredan no aponnwa, afɔrebukyia no apa a ɛwɔ soro no ntweaso ɛnan no ne mfimfini adihɔ no aponnwa ho. 20Ɛsɛ sɛ woyɛ ade korɔ yi ara wɔ ɔbosome no ɛda a ɛtɔ so nson de ma obiara a ɔfiri anibiannasoɔ mu bɛyɛ bɔne anaa nim a ɔnnim enti ɔbɛyɛ bɔne, na wo nam so de ayɛ mpata ama asɔredan no.

21“ ‘Ɔbosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛtɔ sɔ dunan no, ɛsɛ sɛ modi Twam Afahyɛ a ɛyɛ apontoɔ a wɔde nnanson na ɛyɛ no. Saa ɛberɛ no, mobɛdi burodo a mmɔreka nni mu. 22Saa ɛda no ɛsɛ sɛ ɔhene no de nantwinini a wɔde bɛbɔ afɔdeɛ ama no ne asase no so nnipa nyinaa ba. 23Ɛda biara wɔ nnanson Afahyɛ no mu, ɛsɛ sɛ ɔhene no de nantwinini nson ne nnwennini nson a wɔn ho nni dɛm biara ba sɛ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ma Awurade, ne ɔpapo sɛ bɔne afɔrebɔdeɛ. 24Deɛ ɛsɛ sɛ ɔde ba sɛ aduane afɔrebɔdeɛ yɛ kɛntɛn baako (lita dumienu) a ɛka nantwinini biara ho ne kɛntɛn baako (lita dumienu) nso a ɛka odwennini baako biara ho. Ngo lita ɛnan nso ka kɛntɛn biara ho.

25“ ‘Nnanson Afahyɛ a wɔhyɛ aseɛ wɔ ɔbosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛtɔ so dunum no mu no, ɔhene no de saa nneɛma no ara bɛba sɛ bɔne afɔrebɔdeɛ, ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ, aduane afɔrebɔdeɛ ne ngo.