以西結書 44 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

以西結書 44:1-31

君王,利未人和祭司

1那人又把我帶到聖殿外院的東門,門關閉著。 2耶和華對我說:「這門必須關閉,不可打開。沒有人能從這門進入,因為以色列的上帝耶和華已從這門進入,所以這門必須關閉。 3只有君王可以坐在裡面,在耶和華面前進食。他要從門廊進入,也要從原路出去。」

4他帶我從北門來到殿前,我看見耶和華的榮光充滿了祂的殿,我就俯伏在地。 5耶和華對我說:「人子啊,你要認真看,仔細聽我講有關聖殿的一切規矩和法則,記住所有的出入口。 6然後告訴那些叛逆的以色列人,『主耶和華這樣說,以色列人啊,你們行可憎的事,該夠了吧! 7你們獻上食物、脂肪和血的同時,竟將那些身心未受割禮的外族人領進我的聖所,褻瀆我的殿,破壞我的約,使你們罪上加罪。 8你們自己不管理我的聖物,卻把我的聖所給外人治理。

9「『因此,主耶和華說,以色列人中身心未受割禮的外族人不可進入我的聖所。

10「『以色列人走入歧途時,有些利未人也遠離我、追隨偶像,他們必須承擔自己犯罪的後果。 11然而,他們仍要在我的聖殿供職,看管殿門,為百姓屠宰燔祭牲和其他祭牲,服侍他們。 12因為利未人帶動以色列人拜偶像,使以色列人陷入罪中,所以我起誓,他們必承擔自己犯罪的後果。這是主耶和華說的。 13他們不得走近我,不可做我的祭司,也不得走近我的聖物或至聖之物,他們必因自己的可憎行徑蒙羞。 14然而,我要委派他們管理聖殿,辦理殿中所有的事務。

15「『以色列人走入歧途時,利未撒督的子孫仍然在我的聖所盡忠職守,因此他們可以接近我、事奉我,侍立在我面前,獻上脂肪和祭牲的血。這是主耶和華說的。 16只有他們可以進入我的聖所,在我的桌前事奉我,遵行我的吩咐。 17他們從內院的門進入殿內供職的時候,要穿細麻布衣服,不可穿羊毛衣服。 18他們要戴細麻布頭巾,穿細麻布褲子,不可穿使人容易出汗的衣服。 19他們出去外院見百姓的時候,必須脫下供職時穿的衣服,放在聖屋,穿上普通的衣服後再出去,免得通過聖衣把聖潔帶到百姓身上。 20他們不可剃光頭,也不可留長頭髮,只可修剪頭髮。 21祭司進入內院之前,不可喝酒。 22他們不可娶寡婦或被休的婦女為妻,只能娶以色列的處女或祭司的遺孀。 23他們要教導我的子民辨別聖與俗,潔淨與不潔淨。 24他們要審理訴訟之事,按我的律例斷是非。他們必須按我定的律例和法度遵守一切節期,守安息日為聖日。 25他們不可走近死屍,免得玷污自己,除非死者是自己的父母、子女、弟兄或未出嫁的姊妹。 26祭司得到潔淨後,要再等七天。 27他進入內院的聖所事奉時,要為自己獻上贖罪祭,這是主耶和華說的。

28「『祭司不可在以色列擁有自己的產業,因為我就是他們的產業。 29他們的食物是以色列人獻上的素祭、贖罪祭和贖過祭。凡獻給耶和華的都歸他們, 30各種初熟的出產和各種供物都應歸給祭司。你們將初熟的麥子磨成麵給祭司,福氣就必臨到你們的家。 31無論是自然死亡的,還是被其他野獸咬死的禽獸,祭司都不可吃。

Asante Twi Contemporary Bible

Hesekiel 44:1-31

Ɔhene No, Lewifoɔ No, Asɔfoɔ No

1Afei, ɔbarima no sane de me baa kronkronbea no abɔntenpono no a ɛkyerɛ apueeɛ fam no ano, na wɔato mu. 2Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Ɛsɛ sɛ ɛpono a wɔato mu yi tena hɔ saa ara. Ɛnsɛ sɛ wɔbue. Obiara mmfa hɔ nhyɛne mu. Ɛnsɛ sɛ wɔbue, ɛfiri sɛ Awurade, Israel Onyankopɔn afa hɔ ahyɛne mu. 3Ɔhene no ankasa nko ara na ɔbɛtumi atena abɔntenpono no ano na wadidi wɔ Awurade anim. Ɔno na ɔtumi fa abɔntenpono no ntwonoo mu hyɛne mu, na ɔfa hɔ ara firi adi.”

4Afei, ɔbarima no de me faa atifi fam abɔntenpono no mu de me baa asɔredan no anim. Mehwɛeɛ na mehunuu Awurade animuonyam sɛ ahyɛ Awurade asɔredan no ma, na mebutuu hɔ.

5Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, hwɛ adeɛ yie, tie no yie, na ma wʼani nku biribiara a mɛka akyerɛ wo a ɛfa nhyehyɛeɛ a ɛwɔ Awurade asɔredan no ho nyinaa. Ma wʼani nku asɔredan no ɛpono ne mmeaeɛ a wɔfa firi adi firi kronkronbea hɔ nyinaa. 6Ka kyerɛ Israel efie atuatefoɔ no sɛ, ‘Sei na Awurade seɛ: Mo akyiwadeɛ no adɔɔso, Ao Israel efie! 7Mo akyiwadeɛ a aka no nyinaa akyi no, mode ananafoɔ a wɔyɛ akoma mu ne honam fam momonotofoɔ aba me kronkronbea de agu mʼasɔredan ho fi, ɛberɛ a mode aduane, sradeɛ ne mogya brɛɛ me na mosɛee mʼapam. 8Sɛ mobɛyɛ mo adwuma a ɛfa mʼakronkronneɛ ho no, mo maa afoforɔ bɛhwɛɛ me kronkronbea so mmom. 9Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɔnanani a ɔyɛ akoma mu ne honam fam momonoto biara nni ɛkwan sɛ ɔhyɛne me kronkronbea hɔ. Ananafoɔ a wɔte Israelfoɔ mu mpo nni ɛkwan saa.

10“ ‘Lewifoɔ a wɔfirii me nkyɛn kɔɔ akyirikyiri ɛberɛ a Israel fom ɛkwan ne wɔn a wɔtwee wɔn ho firii me ho kɔdii wɔn ahoni akyi no, ɛsɛ sɛ wɔn bɔne so asodie bɛda wɔn so. 11Wɔbɛtumi asom wɔ me kronkronbea hɔ ɛberɛ a wɔhwɛ asɔredan no apono so na wɔsom wɔ mu; wɔbɛtumi akum ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ na wɔabɔ afɔdeɛ ama nnipa no, na wɔagyina nnipa no anim asom wɔn. 12Nanso, ɛsiane sɛ wɔsomm wɔn wɔ wɔn ahoni no mu na wɔmaa Israel efie kɔɔ bɔne mu enti, mama me nsa so aka ntam sɛ, ɛsɛ sɛ wɔn bɔne so asodie bɛda wɔn so. Otumfoɔ Awurade asɛm nie 13Ɛnsɛ sɛ wɔbɛn me sɛ wɔrebɛsom me sɛ asɔfoɔ anaasɛ wɔbɛn mʼakronkronneɛ mu biara anaa mʼafɔrebɔdeɛ kronkron; ɛsɛ sɛ wɔn akyiwadeɛ ahodoɔ ho aniwuo ka wɔn. 14Nanso mede asɔredan no mu dwumadie bɛhyɛ wɔn nsa. Wɔbɛyɛ ɛho som biara wɔ mu.

15“ ‘Na mmom asɔfoɔ a wɔyɛ Lewifoɔ ne Sadok asefoɔ a wɔyɛɛ adwuma nokorɛm wɔ me kronkronbea ɛberɛ a Israelfoɔ fom ɛkwan no bɛtumi abɛn me na wɔasom wɔ mʼanim; ɛsɛ sɛ wɔgyina mʼanim na wɔbrɛ me sradeɛ ne mogya afɔrebɔdeɛ, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. 16Wɔn nko ara na wɔwɔ ho ɛkwan sɛ wɔhyɛne me kronkronbea hɔ; wɔn nko ara na wɔwɔ ho ɛkwan sɛ wɔtwi bɛn me ɛpono, bɛsom wɔ mʼanim na wɔyɛ me som nnwuma.

17“ ‘Sɛ wɔwura apono a ɛkɔ mfimfini adihɔ no mu a, ɛsɛ sɛ wɔhyɛ nwera ntadeɛ. Ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ kuntu atadeɛ ɛberɛ a wɔresom wɔ apono a ɛkɔ mfimfini adihɔ hɔ anaasɛ asɔredan no mu. 18Ɛsɛ sɛ wɔbɔ nwera abotire na wɔhyehyɛ nwera ntadeɛ wɔ wɔn ase. Ɛnsɛ sɛ wɔhyehyɛ biribiara a ɛbɛma wɔate fifire. 19Sɛ wɔkɔ mfikyire adihɔ, faako a nnipa no wɔ no a, ɛsɛ sɛ wɔyi ntadeɛ a wɔhyɛ de someeɛ no na wɔgya de gu adan kronkron no mu, na wɔhyehyɛ ntadeɛ foforɔ, sɛ ɛbɛyɛ a wɔmmfa wɔn dwumadie ntadeɛ no nnwira nnipa no ho.

20“ ‘Ɛnsɛ sɛ wɔbɔ tikwa anaasɛ wɔma wɔn tirinwi fu kuhaa, mmom ɛsɛ sɛ wɔbubu so fɛfɛɛfɛ. 21Ɔsɔfoɔ biara nnnom bobesa ɛberɛ a wahyɛne mfimfini adihɔ hɔ. 22Ɛnsɛ sɛ wɔware akunafoɔ anaa mmaa awaregyaefoɔ. Wɔtumi ware mmaabunu a wɔyɛ Israelfoɔ asefoɔ anaa akunafoɔ a na anka wɔn kununom yɛ asɔfoɔ. 23Wɔnkyerɛkyerɛ me nkurɔfoɔ nsonsonoeɛ a ɛda adeɛ a ɛyɛ kronkron ne adeɛ a ɛyɛ kwasafo deɛ ntam, na wɔmma wɔn nhunu deɛ ɛma biribi yɛ adeɛ a ɛho nteɛ anaasɛ ɛho teɛ.

24“ ‘Akasa akasa biara mu no, asɔfoɔ na wɔbɛyɛ atemmufoɔ agyina me mmaransɛm so abu atɛn. Ɛsɛ sɛ wɔdi me mmara ne mʼahyɛdeɛ a ɛfa mʼafahyɛ ahodoɔ no so, na wɔyɛ me home nna kronkron.

25“ ‘Ɛnsɛ sɛ ɔsɔfoɔ kɔ funu ho na ɔde gu ne ho fi; gye sɛ funu no yɛ nʼagya, ne maame, ne ba, ne nuabarima anaa ne nuabaa a ɔnwareeɛ; ne saa deɛ a, ɔtumi kɔ ho de gu ne ho fi. 26Na sɛ wɔdwira ne ho a, ɛsɛ sɛ ɔtwɛn nnanson. 27Ɛda a ɔbɛkɔ kronkronbea no mfimfini adihɔ hɔ akɔsom wɔ kronkronbea hɔ no, ɛsɛ sɛ ɔbɔ bɔne afɔdeɛ ma ne ho, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.

28“ ‘Me nko ara ne agyapadeɛ a asɔfoɔ no wɔ. Ɛnsɛ sɛ moma wɔn kyɛfa biara wɔ Israel. Mɛyɛ wɔn kyɛfa. 29Wɔbɛdi aduane afɔrebɔdeɛ, bɔne afɔrebɔdeɛ, afɔdie afɔrebɔdeɛ, na biribiara a wɔahyira so ama Awurade wɔ Israel no bɛyɛ wɔn dea. 30Mo nnuaba a ɛdi ɛkan no mu deɛ ɛdi mu ne mo akyɛdeɛ sononko no nyinaa bɛyɛ asɔfoɔ no dea. Ɛsɛ sɛ mode mo mmɔre a ɛdi ɛkan no ma wɔn na nhyira atena mo afie mu. 31Ɛnsɛ sɛ asɔfoɔ no we aboa biara a wawu nam, sɛ ɛyɛ anomaa anaa wiram aboa biara.’ ”