以西結書 42 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

以西結書 42:1-20

祭司用的廂房

1那人帶我出了聖殿,向北來到外院的廂房,一排在空地對面,一排在北邊的建築物對面。 2廂房長五十米,寬二十五米,有北門。 3內院十米寬的空地和外院的鋪石地對面有三層高的走廊彼此相對。 4在兩排廂房之間有一條五米寬、五十米長的通道,廂房的門都向北。 5上層的廂房比下層和中層的窄,因為上層走廊佔去較大的面積。 6這建築物不像外院那樣有柱子,所以上層比中層和下層窄。 7廂房旁邊的外牆與廂房及外院平行,長二十五米。 8靠近外院的廂房長二十五米,靠近聖殿的廂房則長五十米。 9下層廂房的東面有一道門,可以從外院進入。

10南面42·10 南面」希伯來文是「東面」。的院牆有兩排廂房,一排在空地對面,一排在南面的建築物對面, 11廂房前面有通道。這些廂房與北面的廂房一樣,長寬相同,出入口和結構也一樣。 12廂房的東面通道的前端有一道門。

13他對我說:「這些在南北兩面對著聖殿空地的廂房都是聖潔的,供事奉耶和華的祭司在那裡吃至聖的祭物,並放置素祭、贖罪祭和贖過祭,因為這是聖潔的地方。 14祭司在聖所供職後,不可直接到外院,要先在這些廂房裡脫下供職時所穿的聖衣,換上普通衣服,才可以到外面的百姓那裡。」

15他量完聖殿裡面,便帶我出了東門,量聖殿外圍。 16他用量竿量了東面,長二百五十米; 17又量了北面,長二百五十米; 18又量了南面,長二百五十米; 19然後又去量西面,長二百五十米。 20他量了聖殿四圍的牆,長寬都是二百五十米,這牆是為了把聖地和俗地隔開。

Asante Twi Contemporary Bible

Hesekiel 42:1-20

Asɔfoɔ Adan

1Afei, ɔbarima no dii mʼanim faa atifi fam kɔɔ mfikyire adihɔ hɔ de me baa adan a ɛne asɔredan adihɔ di nhwɛanim, na ɛne atifi fam adihɔ ɔfasuo no nso di nhweanim. 2Ɛdan a ne ɛpono kyerɛ atifi fam yi tentene yɛ anammɔn ɔha ne aduonum, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn aduɔson enum. 3Adan no bi ne mfimfini adihɔ no a ne tentene yɛ anammɔn aduasa no di nhweanim. Na adan no bi nso ne aboɔ nsɛweeɛ a ɛwɔ mfikyire adihɔ no di nhwɛanim. Ɛso mmrannaa kyerɛkyerɛ anim wɔ nsan mmiɛnsa no mu biara so. 4Adan no anim no, na ɛkwan bi da hɔ a ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn dunum na tentene yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. Wɔn apono no ano kyerɛkyerɛ atifi fam. 5Adan a ɛwɔ asan a ɛwɔ ɔsoro no mu susua, ɛfiri sɛ na nʼabrannaa no mu trɛ sene mmrannaa a ɛwowɔ nsan a ɛdidi aseɛ no. 6Adan a ɛwɔ asan a ɛtɔ so mmiɛnsa no nni afadum sɛdeɛ nsan a ɛwɔ aseɛ no wɔ no; enti na emu susua sene adan a ɛwowɔ nsan a ɛdidi aseɛ no. 7Na ɔfasuo bi wɔ nkyɛn a ɛne adan no ne mfikyire adihɔ no sa so; na ne tentene yɛ anammɔn aduɔson enum a ɛfa adan no anim. 8Adan a ɛsa soɔ na ɛtoa mfikyire adihɔ no so no tentene yɛ anammɔn aduɔson enum, nanso adan a ɛsa soɔ a ɛbɛn asɔredan no tentene yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. 9Sɛ obi firi mfikyire adihɔ reba mu a, ɔbɛhunu sɛ adan a ɛwɔ fam pa ara no aboboano ani kyerɛ apueeɛ fam. 10Anafoɔ fam no, adan mmienu bi di nhwɛanim wɔ asɔredan no ne asɔredan no adihɔ hɔ ntam, na 11ɛkwan bi da adan no anim. Saa adan yi te sɛ adan a ɛwɔ atifi fam no; wɔn tentene ne wɔn tɛtrɛtɛ yɛ pɛ. Ɛho apono a wɔfa mu pue ne nsusuiɛ yɛ pɛ. Apono a ɛwɔ atifi fam no 12nso sesɛ adan a ɛwɔ anafoɔ fam no apono. Na ɛpono bi wɔ ɛkwan a ɛne ɔfasuo a ɛkɔ apueeɛ fam no sa soɔ no ano. Ɛhɔ na wɔfa kɔ adan no mu.

13Na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Atifi fam ne anafoɔ fam adan a ani hwɛ asɔredan adihɔ no yɛ asɔfoɔ no dea. Ɛhɔ na asɔfoɔ a wɔkɔ Awurade anim no bɛdi afɔrebɔdeɛ kronkron no. Ɛhɔ na wɔde afɔrebɔdeɛ kronkron pa ara a ɛyɛ aduane afɔrebɔdeɛ, bɔne afɔrebɔdeɛ ne afɔdie afɔrebɔdeɛ no bɛgu, ɛfiri sɛ beaeɛ no yɛ kronkron. 14Sɛ asɔfoɔ no kɔ beaeɛ kronkron hɔ, a ɛnsɛ sɛ wɔkɔ mfikyire adihɔ hɔ kɔsi sɛ wɔbɛyiyi wɔn ɔsom ntadeɛ agu hɔ, ɛfiri sɛ saa ntadeɛ no yɛ kronkron. Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ ntadeɛ foforɔ bi ansa na wɔabɛn mmeammea a ɔmanfoɔ tumi kɔ hɔ no.”

15Ɔsusuu deɛ ɛwɔ asɔredan no mu wieeɛ no, ɔde me faa apueeɛ ɛpono no ano pueeɛ, na ɔsusuu asɔredan no ho hyiaaɛ. 16Ɔsusuu apueeɛ fam na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum. 17Ɔsusuu atifi fam, na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum. 18Ɔsusuu anafoɔ fam, na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum. 19Afei ɔdanee nʼani hwɛɛ atɔeɛ fam, na ɔsusuiɛ no, na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum. 20Enti na ne mfefaremu no yɛ anammɔn ahanson ne aduonum wɔ afanan no nyinaa, na ɛtwa kronkronbea ne asafo atenaeɛ no ntam.