以西結書 30 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

以西結書 30:1-26

為埃及唱哀歌

1耶和華對我說: 2「人子啊,你要說預言,這樣宣告主耶和華的話,

『哀號吧!你們要為那日悲傷。

3因為日子近了,耶和華的日子近了,

那是烏雲密佈的日子,

列國淪亡的時候。

4必有刀劍攻擊埃及

埃及必屍橫遍野,

古實必痛苦不堪。

敵人要擄掠埃及的財富,

摧毀她的根基。

5古實路德阿拉伯利比亞以及她的其他盟友都必與她一同死於刀下。』

6「耶和華說,

埃及的盟友都要覆滅,

埃及的傲氣必蕩然無存,

密奪色弗尼的居民都要喪身刀下。

這是主耶和華說的。

7埃及要變成荒地中的荒地,

她的城邑要淪為廢墟中的廢墟。

8我要點火燒埃及

埃及的所有盟友都要滅亡。

那時,他們就知道我是耶和華。

9「『在那日,我要差遣使者乘船出去驚嚇安逸的古實人,在埃及遭難的日子,他們必痛苦不堪。看啊,這日子快到了。』

10「主耶和華說,

『我要藉巴比倫尼布甲尼撒的手消滅埃及的百姓。

11他和追隨他的都是萬民中最殘暴的人。

我要差他們去毀滅埃及

大肆殺戮,

使埃及屍骨遍野。

12我要使尼羅河乾涸,

把土地賣給惡人,

我要藉外族人的手使地和地上的一切都荒廢,

這是我耶和華說的。』

13「主耶和華說,

『我要毀滅偶像,

剷除挪弗的神像。

埃及再沒有君王,

國內到處充滿恐懼。

14我要使巴特羅荒廢,

放火焚燒瑣安

審判底比斯

15把我的烈怒傾倒在埃及的堡壘——

消滅底比斯的百姓。

16我要放火燒埃及

要受痛苦的折磨,

底比斯要被攻破,

挪弗終日惶恐不已,

17亞文比伯實的壯丁必死於刀下,

眾城都要遭受擄掠。

18我粉碎埃及勢力的那天,

答比匿日月無光,

她的銳氣全消。

烏雲要籠罩她,

她城邑的居民要被擄去。

19我必這樣審判埃及

他們就知道我是耶和華。』」

20第十一年一月七日,耶和華對我說: 21「人子啊,我打斷了埃及王法老的臂膀,沒有人替他敷藥包紮,以致他無力拿刀。 22主耶和華說,『我要與埃及王法老為敵,我要把他那強壯的臂膀和曾經受傷的臂膀一起打斷,使刀從他手中掉落。 23我要把埃及人驅散到列國,分散到列邦。 24我要使巴比倫王的臂膀強壯有力,把我的刀交在他手中。我要打斷法老的臂膀,使法老在他面前像受了致命傷的人一樣呻吟。 25我要使巴比倫王的臂膀強壯有力,而法老的雙臂必軟弱無力。我要把我的刀交在巴比倫王手中,讓他揮刀攻擊埃及。那時他們就知道我是耶和華。 26我要把埃及人驅散到列國,分散到列邦,這樣他們就知道我是耶和華。』」

Asante Twi Contemporary Bible

Hesekiel 30:1-26

Misraim Ho Kwadwom

1Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2“Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka sɛ: ‘Sei na Otumfoɔ Awurade seɛ:

“ ‘Twa adwo na ka sɛ,

“Ao ɛda no!”

3Na ɛda no abɛn,

Awurade ɛda no abɛn,

omununkum ɛda,

amanaman no atemmuo berɛ.

4Akofena bi bɛba abɛtia Misraim,

na ahoyera bɛba Kus so.

Sɛ apirafoɔ totɔ wɔ Misraim a

wɔbɛsoa nʼahonyadeɛ akɔ

na wɔabubu ne fapem agu fam.

5Kus ne Put, Lidia ne Arabia nyinaa, Libia ne bɔhyɛ asase no so nnipa ne Misraim bɛtotɔ wɔ akofena ano.

6“ ‘Yei ne deɛ Awurade seɛ:

“ ‘Misraim apamfoɔ bɛhwehwe ase

na nʼahomasoɔ ahoɔden bɛdi no hwammɔ.

Ɛfiri Migdol kɔsi Aswan

wɔbɛtotɔ wɔ akofena a ɛwɔ ne mu no ano,

Otumfoɔ Awurade asɛm nie.

7Wɔbɛdeda mpan

wɔ nsase a ada mpan mu,

na wɔn nkuropɔn bɛbubu aka

nkuropɔn a abubu ho.

8Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no,

ɛberɛ a mede ogya ato Misraim mu

na madwerɛ nʼaboafoɔ nyinaa.

9“ ‘Saa ɛda no, asomafoɔ de ahyɛn bɛfiri me nkyɛn akɔhunahuna Kus a ne tirim yɛ no dɛ no. Ne ho bɛyera no wɔ Misraim Atemmuo da no, na ampa ara ɛbɛba mu.

10“ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:

“ ‘Mede Misraim dɔm bebrebe no bɛba awieeɛ

mɛfa Babiloniahene Nebukadnessar so.

11Ɔno ne nʼakodɔm; amanaman no mu aniɛdenfoɔ,

wɔde wɔn bɛba abɛsɛe asase no.

Wɔbɛtwe wɔn akofena atia Misraim

na wɔde afunu ahyɛ asase no so ma.

12Mɛma Nil ho asutene awewe

na matɔn asase no ama nipabɔne;

menam ananafoɔ so

bɛsɛe asase no ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa.

Me Awurade na maka.

13“ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:

“ ‘Mɛsɛe ahoni no

na mede Memfis nsɛsodeɛ ahodoɔ aba awieeɛ.

Misraim renya mmapɔmma bio,

na mɛma ehu aba asase no so nyinaa.

14Mɛsɛe Misraim Atifi,

ato Soan mu ogya

na matwe Tebes aso.

15Mehwie mʼabufuhyeɛ agu Pɛlusum so

Misraim banbɔ denden no,

na matwa Tebes nnipa bebrebe no agu.

16Mɛto Misraim mu ogya;

Pɛlusum de ɔyea bɛnukanuka ne mu.

Ahum bɛbu afa Tebes so;

na Memfis bɛdi abooboo ɛda biara.

17Heliopolis ne Bubastis mmeranteɛ

bɛtotɔ wɔ akofena ano,

na nkuropɔn no ankasa bɛkɔ nnommumfa mu.

18Esum kabii bɛduru Tapanhes ɛda no,

sɛ mebubu Misraim kɔnnua no a;

ɛhɔ na nʼahomasoɔ ahoɔden bɛba awieeɛ.

Omununkum bɛkata ne so,

na ne nkuraase bɛkɔ nnommumfa mu.

19Ɛno enti mɛtwe Misraim aso,

na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.’ ”

20Afe a ɛtɔ so dubaako no bosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛtɔ so nson no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 21“Onipa ba, mabu Misraimhene Farao abasa mu. Wɔnkyekyereeɛ na atoa bio; na wɔmmfa nhyɛɛ ntoma bamma mu na anya ahoɔden a ɔde bɛsɔ akofena mu. 22Ɛno enti, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ: Mene Misraimhene Farao anya, mɛbu nʼabasa mmienu no mu; abasa a ɛyɛ ne deɛ a emu abuo no, na mama akofena afiri ne nsam atɔ fam. 23Mede Misraimfoɔ bɛkokɔ amanaman mu na mahwete wɔn agu nsase so. 24Mɛhyɛ Babiloniahene basa mu den na mede mʼakofena ahyɛ ne nsa, nanso Farao deɛ, mɛbu nʼabasa mu, na wasi apinie wɔ nʼanim sɛ obi a wapira pirabɔne. 25Mɛma Babiloniahene abasa mu ayɛ den, nanso Farao abasa bɛdwodwo asensɛn ne ho. Sɛ mede mʼakofena hyɛ Babiloniahene nsa na ɔma so tia Misraim a, wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no. 26Mede Misraimfoɔ bɛkokɔ amanaman mu na mahwete wɔn agu nsase no so. Ɛno na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.”