以西結書 27 – CCBT & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

以西結書 27:1-36

為泰爾唱哀歌

1耶和華對我說: 2「人子啊,你要為泰爾唱哀歌, 3告訴位於海口、跟沿海各民族通商的泰爾,主耶和華這樣說,

泰爾啊,

你曾誇耀自己完美無瑕。

4你的勢力在大海上,

你的建造者把你造得完美無瑕。

5他們用示尼珥的松木做你的船板,

黎巴嫩的香柏木做桅杆,

6巴珊的橡木做你的槳,

把象牙鑲嵌在基提沿岸的黃楊木上做甲板,

7埃及來的繡花細麻布做你的帆,

成為你的旗號,

伊利沙島來的藍布和紫布做船篷。

8西頓亞發的居民是你的船夫,

你的智者在船上為你掌舵。

9迦巴勒的老手和智者在船上為你修補船篷,

所有海洋的船隻和水手都來與你做生意。

10「『你軍隊中的戰士有波斯人、路德人、人,他們在你的牆上掛起盾牌和頭盔,展示你的光彩。 11亞發人和你的軍隊都守衛在你的城牆上,歌瑪底人把守你的城樓,他們都在牆上掛滿盾牌,使你完美無瑕。

12「『他施人因你有豐富的貨物,就拿銀、鐵、錫、鉛來跟你交易。 13雅完人、土巴人、米設人也跟你通商,用奴隸和銅器來換取你的貨物。 14陀迦瑪人用馬匹、戰馬和騾子來跟你交易。 15底但人也是你的客商,你的市場遠及沿海一帶,他們拿象牙、烏木來跟你交易。 16因為你的貨物豐富,亞蘭人也成了你的客戶,他們用綠寶石、紫布、刺繡、細麻布、珊瑚和紅寶石與你交換貨物。 17猶大以色列也是你的客商,他們用米匿的麥、餅、蜜、油和香料與你交換貨物。 18大馬士革見你的貨物豐富,就用黑本的酒和沙哈的羊毛來跟你交易。 19烏薩來的威但人和雅完人用鐵、肉桂、菖蒲與你交換貨物。 20底但人用馬鞍墊來跟你交易。 21阿拉伯人和基達的所有首領都來做你的客商,他們用羊羔、綿羊和山羊來跟你交易。 22示巴拉瑪的商人用各類上等香料、寶石和黃金交換你的貨物。 23哈蘭幹尼伊甸示巴亞述基抹的商人都來跟你交易, 24他們把華麗衣服、藍布、刺繡和彩色地毯捆紮結實,拿來跟你交易。

25他施的船隻替你運貨,

你在海上載滿沉甸甸的貨物。

26船夫把你搖到汪洋之中,

但東風要把你擊碎在海中。

27你的財富、貨物、商品、

水手、舵手、縫匠、客商、

戰士和人民在你傾覆的日子都要沉到深海裡。

28你舵手的哀號聲必震動海岸,

29所有的船夫、水手、舵手都必棄船登岸,

30為你放聲痛哭,

把塵埃撒在頭上,

在灰中打滾,

31又為你剃頭披麻,

悲痛哀傷。

32他們在痛哭中為你唱起哀歌,

哀悼你說,

有哪一座城像泰爾一樣在深海中銷聲匿跡呢?

33你的貨物由海上運出,

滿足了許多國家;

你的資財和貨物使地上的君王富裕。

34然而,如今你在汪洋中被海浪擊碎,

你的貨物和人民都一同沉沒了。

35沿海的居民因你而驚駭,

君王都嚇得面容失色。

36各國商人都嗤笑你,

你那可怕的末日來臨了,

你將永遠不復存在。』」

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hesekiel 27:1-36

Tiro Ho Kwadwom

1Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 2“Onipa ba, ma kwadwom a ɛfa Tiro ho so. 3Ka kyerɛ Tiro a ɔda po abobow ano, na ɔne aguadifo bebree a wɔwɔ mpoano nkurow so di gua se, eyi ne asɛm a Otumfo Awurade ka:

“ ‘Woka se, Tiro,

“Me ho yɛ fɛ yiye.”

4Wo tumidi wɔ po so akyirikyiri;

wʼadansifo maa wʼahoɔfɛ wiee pɛyɛ.

5Wo nnua a wɔpaee nyinaa

yɛ ɔpepaw a efi Senir.

Wɔde Lebanon sida

na ɛyɛɛ ahyɛn so nnua maa wo.

6Odum nnua a efi Basan

na wɔde yɛɛ wʼatabon;

Kwabɔhɔre nnua a efi Kipro mpoano

na wɔde yɛɛ wʼahyɛn abrannaa, a wɔde asonse asɛw so.

7Misraim nwera papa bi a wɔadi mu adwini

na wɔde yɛɛ wʼahyɛn so mframatam

a ɛyɛɛ wo frankaa nso;

wʼapon ne mfɛnsere ano ntama yɛ abibitam ne beredum ntama

a efi Elisa mpoano.

8Sidonfo ne Arwadfo na wɔhare wʼahyɛn;

wo mmarima anyansafo. Tiro,

na wɔyɛ adwumayɛfo wɔ wʼahyɛn mu.

9Gebal adwumfo adedaw tenaa wʼahyɛn mu

sɛ dua dwumfo a wotuatua ahyɛn no mu ntokuru.

Po so ahyɛn ne wɔn hyɛnmufo nyinaa

baa wo nkyɛn ne wo bedii nsesagua.

10“ ‘Persia, Lidia ne Put mmarima

somee sɛ asraafo wɔ wo nsraadɔm mu.

Wɔde wɔn nkatabo ne dade kyɛw

sensɛn wʼafasu ho,

de hyɛɛ wo anuonyam.

11Arwad ne Helek mmarima

wɛn wʼafasu ho nyinaa

Gammad mmarima

tenaa wʼabantenten mu.

Wɔde wɔn nkatabo sensɛn wʼafasu ho

maa wʼahoɔfɛ dii mu.

12“ ‘Wʼaguade a ɛma wonyaa wo ho bebree nti, Tarsis ne wo dii gua, wɔde dwetɛ, dade, sanyaa ne sumpii sesaa wʼaguade.

13“ ‘Helafo, Tubalfo ne Mesekfo ne wo dii gua, wɔde nkoa ne kɔbere nneɛma sesaa wʼaguade.

14“ ‘Bet Togarma mmarima de adwumayɛ apɔnkɔ, ɔsa apɔnkɔ ne mfurum mma bɛsesaa wʼaguade.

15“ ‘Roda mmarima ne wo dii gua, na mpoano nkurow bebree yɛɛ wʼadetɔfo a wɔde asonse ne duabo nnua tuaa wo ka.

16“ ‘Aram ne wo dii gua esiane wo nneɛma bebrebe a woyɛ nti; wɔde nsrammabo, ntama a ɛberedum, nea wɔadi mu adwinni, nwera pa, nnɛnkyerema ne bota bɛsesaa wʼaguade.

17“ ‘Yuda ne Israel ne wo dii gua; wɔde awi a efi Minit ne brodo, ɛwo, ngo ne ahyehyesrade sesaa wʼaguade.

18“ ‘Damasko ne wo dii gua wɔ nsa a efi Helbon ne nguan ho nwi a efi Sahar mu, esiane nneɛma a woyɛ ne wʼaguade a ama woanya wo ho bebree no nti. 19Danfo ne Helafo a wofi Usal tɔɔ wʼaguade na wɔde dade a wɔaboro, sesadua ne ahunuanyankwa sesaa wʼaguade.

20“ ‘Dedan de apɔnkɔnguasotam ne wo dii gua.

21“ ‘Arabfo ne Kedar mmapɔmma nyinaa yɛɛ wʼaguadifo a wɔde nguantenmma, adwennini ne mpapo ne wo dii gua.

22“ ‘Seba ne Raama aguadifo ne wo dii gua; wɔde nnuhuam ahorow a ɛte apɔw, aboɔden abo ne sikakɔkɔɔ ne wo bedii nsesagua.

23“ ‘Haran, Kan ne Eden, aguadifo a wofi Seba, Asur ne Kilmad ne wo dii gua. 24Wo gua so hɔ, wɔde ntama a ɛyɛ fɛ, nnɛmmatam a ɛyɛ tuntum, adwinne ahorow ne ntama fɛfɛ a ɛwɔ ahosu ahorow a wɔde nhoma a wɔakyinkyim abobɔ no apɔwapɔw na ayɛ ne wo bedii gua.

25“ ‘Tarsis ahyɛn yɛ adwuma

sɛ asoafo ma wʼaguade.

Adesoa duruduru ayɛ wo ma

wɔ po no mfimfini.

26Wʼaharefo no fa wo

de wo kɔ po so akyirikyiri

nanso apuei ahum bebubu wo mu nketenkete

wɔ po no mfimfini.

27Wʼahonya, aguade ne adetɔnnne

wʼahyɛn akwankyerɛfo, wʼahyɛn mufo ne

wɔn a wotuatua wʼahyɛn mu ntokuru,

wʼaguadifo ne wʼasraafo nyinaa,

ne obiara a ɔwɔ hyɛn no mu

bɛmem akɔ po ase tɔnn,

da a wo hyɛn no bɛbɔ.

28Mpoano asase bɛwosow

bere a wo hyɛn mufo no reteɛteɛ mu.

29Wɔn a wokurakura atabon no nyinaa

begyaw wɔn ahyɛn hɔ;

hyɛn akwankyerɛfo ne hyɛn mufo nyinaa

begyinagyina mpoano.

30Wɔbɛma wɔn nne so

asu osu yaayaw ama wo;

wɔbɛpete mfutuma agu wɔn ti so

na wɔayantayantam nsõ mu.

31Wo nti wɔbɛbobɔ tikwaw

na wɔafurafura atweaatam.

Wɔde ɔkra mu ahoyeraw

ne awerɛhow a mu yɛ den

begyam wo.

32Bere a wɔretwa adwo redi awerɛhow no

wɔbɛma kwadwom bi a ɛfa wo ho so se:

“Hena na wama no atɔ mum

te sɛ Tiro a po atwa ne ho ahyia yi?”

33Bere a wʼaguade kɔɔ po ahorow so no

woboaa aman bebree;

Wʼahonyade ne wʼaguade

maa asase so ahemfo nyaa wɔn ho.

34Afei po abubu wo mu nketenkete

wɔ asu no bun mu

wʼaguade ne wʼadwumayɛfo nyinaa

ne wo amem kɔ asu ase.

35Wɔn a wɔtete mpoano nyinaa

ho adwiriw wɔn wɔ wo ho;

ehu ma wɔn ahemfo ho popo

na wɔn anim sinsiam.

36Aman no mu aguadifo bɔ ntwɔm gu wo so

woaba awiei a ɛyɛ hu

na wɔrenhu wo bio.’ ”