以西結書 2 – CCBT & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

以西結書 2:1-10

以西結蒙召

1那聲音對我說:「人子啊,你站起來,我要對你說話。」 2正說的時候,耶和華的靈就進入我裡面,使我站起來。我聽見那聲音對我說: 3「人子啊,我派你去那背叛我的以色列人那裡。他們和他們的祖先至今仍背叛我。 4我派你到那些頑固不化的人那裡,向他們宣告,『主耶和華這樣說。』 5不管那群叛逆的人聽不聽,他們都會知道有一位先知在他們當中。 6人子啊,不要怕他們和他們的話,雖然你周圍佈滿荊棘和毒蠍,也不要害怕。他們是一群叛逆的人,你不要怕他們的話,也不要因為他們的臉色而驚慌。 7他們是叛逆的,不論他們聽不聽,你都要把我的話告訴他們。

8「人子啊,你要聽我對你說的話,不要像他們那樣叛逆,要張開口吃我賜給你的。」 9這時我看見一隻手向我伸來,手中拿著書卷。 10那隻手把那書卷打開,書卷的兩面都寫滿了哀傷、歎息、悲痛的話。

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hesekiel 2:1-10

Hesekiel Frɛ

1Ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, sɔre gyina hɔ na me ne wo nkasa.” 2Ɔrekasa no, Honhom no bɛhyɛɛ me mu maa me so gyinaa hɔ, na metee se ɔrekasa kyerɛ me.

3Ɔkae se, “Onipa ba, meresoma wo akɔ Israelfo mu, atuatew man a wayɛ dɔm atia me; wɔne wɔn agyanom ayɛ dɔm atia me abesi nnɛ. 4Nnipa a meresoma wo wɔn nkyɛn no yɛ nnipa a wɔasen wɔn kɔn na wɔn aso awu. Ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se.’ 5Na sɛ wotie anaa wɔantie a, esiane sɛ wɔyɛ atuatewfo nti, wobehu ampa ara sɛ odiyifo bi aba wɔn mu. 6Na wo, onipa ba, nsuro wɔn anaasɛ wɔn nsɛm. Nsuro, ɛwɔ mu sɛ nsasono ne nsɔe atwa wo ho ahyia na wote nkekantwɛre mu de, nanso nsuro nea wɔka, na mma wɔmmɔ wo hu, ɛwɔ mu sɛ wɔyɛ atuatewfo. 7Wɔyɛ atuatewfo ankasa nanso sɛ wobetie oo, sɛ wɔrentie oo, ɛsɛ sɛ woka me nsɛm kyerɛ wɔn. 8Nanso wo onipa ba, tie asɛm a meka kyerɛ wo no. Ntew atua te sɛ saa atuatewfo no; bue wʼanom na di nea mede ma wo no.”

9Afei mehwɛe, na mihuu nsa bi a ateɛ wɔ me so, na mu na nhoma mmobɔwee bi wɔ. 10Ɔtrɛw mu wɔ mʼanim. Nʼafanu no mu, na wɔakyerɛw kwadwom, awerɛhowdi ne nnome nsɛm.