以西結書 14 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

以西結書 14:1-23

斥責拜偶像的以色列人

1那時,幾位以色列的長老到我這裡來,坐在我面前。 2耶和華對我說: 3「人子啊,這些人在心裡立起偶像,把導致犯罪的絆腳石放在自己面前,我豈能讓他們來求問? 4你告訴他們,主耶和華這樣說,『任何以色列人若在心裡立起偶像,把導致犯罪的絆腳石放在自己面前,又來求問先知,我耶和華必按他心中假神的數目親自用懲罰回答他, 5好奪回以色列人的心,他們因為拜偶像而遠離我。』

6「因此,你要告訴以色列人,主耶和華這樣說,『你們要悔改,離棄你們的偶像,離棄那些可憎之事。 7因為以色列人或是在以色列定居的外族人若背棄我,在心中樹立偶像,把導致犯罪的絆腳石放在自己面前,又來向先知求問我的旨意,我耶和華必親自用懲罰回答他。 8我必嚴懲他,使他成為眾人的鑒戒和笑柄。我必將他從我的子民中剷除。這樣,你們就知道我是耶和華。 9如果先知受迷惑說預言,那是我耶和華任他胡作非為,我必伸手懲治他,把他從我的以色列百姓中除滅。 10他們必擔當自己的罪過——假先知與求問的人要擔當同樣的罪過。 11這樣,以色列人便不再偏離我,不再犯罪玷污自己。他們要做我的子民,我要做他們的上帝。這是主耶和華說的。』」

12耶和華對我說: 13「人子啊,若有國家犯罪背叛我,我必伸手斷絕他們的糧源,使饑荒遍地,毀滅人和牲畜。 14即使挪亞但以理約伯三人在那裡,他們也只能因義行而自己得救。這是主耶和華說的。 15倘若我使猛獸在那裡橫行、肆虐,以致那裡荒涼、人蹤絕跡, 16縱然這三個義人在那裡,我憑我的永恆起誓,他們也不能救自己的兒女,只能自己得救,那裡卻要荒涼。這是主耶和華說的。 17倘若我使刀劍臨到那裡,毀滅人和牲畜, 18縱然這三個義人在那裡,我憑我的永恆起誓,他們也不能救自己的兒女,只能自己得救。這是主耶和華說的。 19倘若我叫瘟疫在那裡肆虐,發烈怒毀滅那裡的人和牲畜, 20縱然挪亞但以理約伯在那裡,我憑我的永恆起誓,他們也不能救自己的兒女,只能因義行而自己得救。這是主耶和華說的。

21「主耶和華說,『我要把戰禍、饑荒、猛獸和瘟疫這四大刑罰降在耶路撒冷,毀滅人和牲畜。 22然而,其中仍有倖免的人帶著兒女逃出來。他們會逃到你們這裡,你們看見他們的所作所為,便會對我在耶路撒冷所降的一切災難感到欣慰。 23你們看見他們的所作所為,就知道我不是無緣無故地懲罰耶路撒冷。』這是主耶和華說的。」

Asante Twi Contemporary Bible

Hesekiel 14:1-23

Wɔbu Wɔn A Wɔsom Ahoni No Fɔ

1Israel mpanimfoɔ no mu bi baa me nkyɛn bɛtenatena mʼanim. 2Afei Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 3“Onipa ba, saa mmarimma yi de ahoni ahyɛ wɔn akoma mu na wɔde amumuyɛ suntidua asisi wɔn anim. Ɛsɛ sɛ mema wɔbisa mʼase koraa anaa? 4Enti kasa kyerɛ wɔn na ka sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛ Israelni biara de ahoni hyehyɛ nʼakoma mu na ɔde amumuyɛ suntidua sisi nʼanim, na afei ɔkɔ odiyifoɔ nkyɛn a, me Awurade, mɛma no mmuaeɛ a ɛfata nʼahonisom no kɛseyɛ. 5Mɛyɛ yei de atwe Israelfoɔ a wɔagya me akɔdi wɔn abosom akyi no akoma aba bio.’

6“Enti ka kyerɛ Israel efie sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Monsakra mo adwene. Momfiri mo ahoni ho na monnyae mo nneyɛeɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ no!

7“ ‘Sɛ Israelni bi anaa ɔnanani a ɔte Israel twe ne ho firi me nkyɛn na ɔde ahoni hyɛ nʼakoma mu de amumuyɛ suntidua si nʼanim, na afei ɔkɔ odiyifoɔ nkyɛn kɔbisa mʼase a, me, Awurade ankasa bɛbua no. 8Mɛtu mʼani asa onipa no na mede no ayɛ nhwɛsoɔ ne akasabɛbuo. Mɛyi no afiri me nkurɔfoɔ mu. Afei mobɛhunu sɛ mene Awurade no.

9“ ‘Na sɛ odiyifoɔ no ma wɔdaadaa no ma ɔhyɛ nkɔm a, me Awurade na madaadaa odiyifoɔ no, mɛtene me nsa wɔ ne so na matwa no afiri me nkurɔfoɔ Israelfoɔ mu. 10Wɔbɛsoa wɔn afɔdie; odiyifoɔ no ne deɛ ɔkɔhunuu no no nyinaa bɛdi fɔ. 11Na Israelfoɔ renkwati me bio, na wɔremfa wɔn nnebɔne no ngu wɔn ho fi bio. Wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ na mɛyɛ wɔn Onyankopɔn, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’ ”

Atemmuo A Wɔrentumi Nnwane

12Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 13“Onipa ba, sɛ ɔman bi anni me nokorɛ na enti wɔyɛ bɔne de tia me, na metene me nsa wɔ wɔn so na megyae wɔn aduane ma, na mema ɛkɔm ba bɛkunkum emu nnipa ne wɔn mmoa a, 14mpo sɛ saa nnipa baasa a wɔyɛ Noa, Daniel ne Hiob wɔ ɔman no mu a, wɔn tenenee bɛgye wɔn nko ara nkwa, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.

15“Anaa sɛ mema wiram mmoa kɔ saa asase no so na wɔkunkum ɛso nnipa nyinaa na asase no sɛe a obiara ntumi mfa so ɛsiane wiram mmoa no enti a, 16sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, mpo sɛ saa mmarima baasa yi wɔ asase no so a, wɔrentumi nnye wɔn ankasa mmammarima ne mmammaa nkwa. Wɔn nko ara na wɔbɛgye wɔn nkwa na asase no bɛsɛe.

17“Sɛ nso metwe akofena wɔ asase no so, na meka sɛ, ‘Ma akofena no nkɔ asase no so nyinaa,’ na mekunkum ɛso nnipa ne wɔn mmoa, 18sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, mpo sɛ saa mmarima baasa yi wɔ asase no so a, wɔrentumi nnye wɔn ankasa mmammarima ne mmammaa nkwa. Wɔn nko ara na wɔbɛnya nkwa.

19“Sɛ nso mesoma ɔyaredɔm kɔ asase no so na menam mʼabufuhyeɛ so hwie mogya gu wɔ asase no so, kunkum ɛso nnipa ne wɔn mmoa a, 20sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, sɛ Noa, Daniel ne Hiob mpo wɔ hɔ a, wɔrentumi nye ɔbabarima anaa ɔbabaa nkwa. Wɔn tenenee enti wɔbɛgye wɔn ho nkwa.

21“Na sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛbɛyɛ hu mmorosoɔ sɛ mɛma mʼatemmuo huuhuuhu ɛnan, a ɛyɛ akofena, ɔkɔm, wiram mmoa ne ɔyaredɔm akɔ Yerusalem so akɔkunkum ne mmarima ne wɔn mmoa! 22Nanso ebinom bɛka, mmammarima ne mmammaa a wɔbɛyi wɔn afiri mu no. Wɔbɛba mo nkyɛn wɔ Babilon, na sɛ mohunu wɔn su ne wɔn nneyɛɛ a, mo bo bɛtɔ mo yam wɔ amanehunu a me de aba Yerusalem so no ho. 23Sɛ mohunu wɔn su ne wɔn nneyɛɛ a, mo bo bɛtɔ mo yam, ɛfiri sɛ mobɛhunu sɛ, menyɛɛ biribiara wɔ hɔ a ɛnni farebae, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.”