王位之爭
1大衛王年紀老邁,雖然蓋了幾層被子,仍然覺得冷。 2他的臣僕建議:「不如選一位少女進宮伺候、照顧我主我王,讓她睡在王懷中給王取暖。」
3於是,他們在以色列全國尋找美貌女子,找到了一位名叫雅比莎的書念少女,把她帶到王那裡。 4這女子長得花容月貌,她照顧、伺候王,但王沒有與她同房。
5那時,哈姬的兒子亞多尼雅妄自尊大,說:「我必做王。」他為自己製備了車輛和騎兵,派五十人在前面開路。 6他父親從不干涉、責問他:「你這是做什麼?」他是押沙龍的弟弟,長得英俊非凡。
7亞多尼雅與洗魯雅的兒子約押及祭司亞比亞他商議,二人都答應支持他。 8不過,撒督祭司、耶何耶大的兒子比拿雅、拿單先知、示每、利以和大衛的勇士卻沒有跟隨他。
9一天,亞多尼雅在隱·羅結附近的瑣希列磐石那裡宰了牛羊和肥牛犢獻祭,並邀請了眾王子和猶大的群臣。 10可是他沒有邀請拿單先知、比拿雅、大衛的勇士和他的兄弟所羅門。
11拿單對所羅門的母親拔示芭說:「你沒有聽說嗎?哈姬的兒子亞多尼雅做王了,我們的主大衛還不知道。 12事到如今,我有一個主意,可以保住你和你兒子所羅門的性命。 13你去見大衛王,對他說,『我主我王啊,你不是起誓說讓臣妾的兒子所羅門繼承王位嗎?怎麼現在亞多尼雅做了王呢?』 14你跟王說話的時候,我會進去證實你的話。」
15拔示芭就進內室去見年邁的王,書念的少女雅比莎正在伺候他。 16拔示芭向王屈身下拜。王問道:「你有什麼事嗎?」 17拔示芭回答說:「我主啊,你曾經憑你的上帝耶和華起誓說讓臣妾的兒子所羅門繼承你的王位,坐你的寶座。 18但現在亞多尼雅已經稱王了,我主我王還不知道。 19他宰了許多牛羊和肥牛犢獻祭,邀請眾王子、亞比亞他祭司和約押元帥,卻沒有邀請你的僕人所羅門。 20我主我王啊!以色列舉國拭目以待,等著王來指定誰繼承王位。 21不然,到我主我王與祖先同眠之後,我和我兒所羅門必被定為罪人。」
22她與王正說話間,拿單先知進宮來了。 23有人奏告王,說:「拿單先知來了。」拿單來到王面前,俯伏在地, 24說:「我主我王啊,你已經宣佈讓亞多尼雅繼承你的王位,坐你的寶座嗎? 25他今天宰了許多牛羊和肥犢獻祭,宴請眾王子、將領和亞比亞他祭司,他們正在他那裡一邊吃喝一邊說,『亞多尼雅王萬歲!』 26但他沒有邀請臣僕我、撒督祭司、耶何耶大的兒子比拿雅和你的僕人所羅門。 27這是我主我王的旨意嗎?王還沒有對臣僕們說過誰繼承王位。」
28於是,大衛王召見拔示芭。拔示芭立刻晉見,侍立在王面前。 29王起誓說:「我憑救我脫離一切苦難的永活的耶和華起誓, 30我今天必實現我憑以色列的上帝耶和華向你起的誓。你的兒子所羅門必繼承王位,坐在我的寶座上。」
31拔示芭就向王俯伏下拜說:「我主我王萬歲!」
32大衛王又召見撒督祭司、拿單先知和耶何耶大的兒子比拿雅。他們都來到王面前。 33王囑咐道:「你們要率領我的隨從,讓我兒所羅門騎上我的騾子,護送他下到基訓。 34撒督祭司和拿單先知要在那裡膏立他為以色列王。你們要吹響號角,高喊,『所羅門王萬歲!』 35然後,你們要隨他回來,他要登基,繼承我的王位。我已立他做以色列和猶大的君王了。」
36耶何耶大的兒子比拿雅說:「遵命,願我主我王的上帝耶和華成全這事。 37耶和華怎樣與我主我王同在,願祂也照樣與所羅門同在,使他的國比我主大衛王的國更強大。」 38於是,撒督祭司、拿單先知、耶何耶大的兒子比拿雅,以及基利提人和比利提人請所羅門騎上大衛王的騾子,護送他前往基訓。 39撒督祭司從聖幕裡拿來盛膏油的角,膏立所羅門為王。他們吹響號角,民眾高聲歡呼:「所羅門王萬歲!」 40眾人浩浩蕩蕩地隨著所羅門回京,一路上吹笛歡呼,聲音震動大地。 41亞多尼雅和他的眾賓客剛剛飲宴完畢,聽見了這聲音。約押聽見號角聲,便問:「城裡為什麼如此喧鬧?」 42就在這時候,亞比亞他祭司的兒子約拿單來了,亞多尼雅說:「進來!你是個忠勇的人,一定帶來了好消息。」
43約拿單說:「我們的主大衛王已經立所羅門為王了。 44王派撒督祭司、拿單先知、耶何耶大的兒子比拿雅,以及基利提人和比利提人護送所羅門騎上王的騾子。 45撒督祭司和拿單先知在基訓膏立他為王,他們一路上歡呼著回來了,全城轟動。你們聽到的就是他們的聲音。 46所羅門已經登基掌權, 47王的臣僕也來向我們的主大衛王道喜說,『願王的上帝使所羅門比王更聲名顯赫,使他的國比王的國更強大。』王在床上俯伏敬拜, 48說,『以色列的上帝耶和華當受稱頌,因為祂讓我親眼看見我的繼承人今天登基。』」
49亞多尼雅的眾賓客聽後,嚇得四散而去。 50亞多尼雅懼怕所羅門,就去抓住祭壇的角。 51有人告訴所羅門:「亞多尼雅懼怕王,現在正抓住祭壇的角,要王今天起誓不要殺他。」
52所羅門說:「如果他是個忠義的人,必毫髮無損;如果他作惡,必死無疑。」 53於是,所羅門王便派人去把亞多尼雅從祭壇上帶下來。亞多尼雅前來向所羅門王俯伏下拜,所羅門對他說:「你回家去吧。」
Dawid Nkɔkoraaberɛ
1Afei, na ɔhene Dawid anyini yie, na sɛ wɔde nnasoɔ ahe ara kuru ne ho koraa a, ɛnka ne ho hye koraa. 2Enti, nʼafotufoɔ ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛbɛpɛ ɔbaabunu bi ama wo a ɔbɛtena wo ho ahwɛ wo. Ɔbɛda wo kokom, na ama wo ho ayɛ wo hye.”
3Enti, wɔkyinii ɔman no mu nyinaa, hwehwɛɛ ɔbaa hoɔfɛfoɔ bi. Wɔkɔnyaa Abisag a ɔfiri Sunam, na wɔde no brɛɛ ɔhene no. 4Na ɔyɛ abaayewa hoɔfɛfoɔ, na ɔno na ɔbɛhwɛɛ ɔhene. Nanso, na ɔhene no ne no nni nna mu ayɔnkofa biara.
Adoniya Si Ne Ho Ɔhene
5Saa ɛberɛ no mu Dawid babarima Adoniya1.5 Adoniya na na ɔyɛ Dawid babarima a ɔtɔ so ɛnan (2 Sam 3.4) a na wadi bɛyɛ mfeɛ aduasa enum. Na Amnon, Absalom ne Kileab (a ɔwuu ne mmɔfraase no) nyinaa awuwu. a na wɔfrɛ ne maame Hagit no yɛɛ ahomasoɔ kaa sɛ ɔbɛsi ne ho ɔhene, ahyɛ nʼagya a wabɔ akɔkoraa no ananmu. Enti, ɔyɛɛ nteaseɛnam, pɛɛ apɔnkɔ kaa ho. Ɔpɛɛ mmarima aduonum, twii nteaseɛnam no ne apɔnkɔ no dii nʼanim. 6Na nʼagya, ɔhene Dawid, nteaa no da, mpo sɛ ɔbɛbisa no sɛ, “Ɛdeɛn na woreyɛ yi?” Na Adoniya yɛ ɔbarima hoɔfɛfoɔ. Ɔno na na ɔdi Absalom akyi wɔ awoɔ mu.
7Adoniya gyee Seruia1.7 Na Seruia yɛ Dawid nuabaa. babarima Yoab ne ɔsɔfoɔ Abiatar1.7 Na Abiatar yɛ Ahimelek nanabarima. too mu, na wɔn nso penee sɛ wɔbɛboa no ama wadi ɔhene. 8Na wɔn a wɔtaa Dawid akyi, na wɔampɛ sɛ wɔboa Adoniya na ɔdi ɔhene no bi ne ɔsɔfoɔ Sadok, Yehoiada babarima Benaia, odiyifoɔ Natan, Simei, Rei ne Dawid ho banbɔfoɔ.
9Adoniya kɔɔ Sohelet boɔ a ɛbɛn En-Rogel asutire ho. Ɛhɔ na ɔde nnwan, anantwie ne anantwie mma bɔɔ afɔdeɛ. Ɔtoo nsa frɛɛ ne nuammarima nyinaa, ɔhene Dawid mmammarima no, ne Yuda adehyeɛ mpanimfoɔ. 10Nanso, wamfrɛ odiyifoɔ Natan anaa Benaia anaa ɔhene ho banbɔfoɔ anaa ne nuabarima Salomo.
11Na odiyifoɔ Natan kɔɔ Batseba a ɔyɛ Salomo maame no nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Wonim sɛ Hagit babarima Adoniya asi ne ho ɔhene a yɛn wura Dawid mpo nnim ho hwee? 12Sɛ wopɛ sɛ wonya wo tiri didi mu, na wogye wo babarima Salomo nso nkwa a, tie mʼafotuo yi. 13Kɔ ɔhene Dawid nkyɛn ntɛm so, na kɔbisa no sɛ, ‘Me wura, ɛnyɛ wo na wohyɛɛ me bɔ sɛ, me babarima Salomo na da bi ɔbɛdi wʼadeɛ sɛ ɔhene, na watena wʼahennwa no so? Na adɛn enti na Adoniya ayɛ ɔhene?’ 14Na ɛberɛ a wɔgu so ne no rekasa no, mɛba abɛsi asɛm biara a woaka no so dua.”
15Na Batseba kɔɔ ɔhene piam. Afei, na wabɔ akɔkoraa posoposo a Abisag na na ɔhwɛ no. 16Batseba kotoo no, na ɔhene no bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na menyɛ mma wo?”
17Ɔbuaa no sɛ, “Me wura, wogyina Awurade, wo Onyankopɔn, anim hyɛɛ me bɔ sɛ, me babarima Salomo na ɔbɛdi wʼadeɛ, na watena wʼahennwa so. 18Nanso, ɛwiee aseɛ no, Adoniya na wabɛyɛ ɔhene foforɔ a mpo, wonnim ho hwee. 19Ɔde anantwie ne anantwie mma a wɔadɔre sradeɛ ne nnwan abɔ afɔdeɛ. Na ɔtoo nsa frɛɛ wo mmammarima nyinaa ne ɔsɔfoɔ Abiatar ne Yoab a ɔyɛ akodɔm sahene no. Nanso, wanto nsa amfrɛ wo ɔsomfoɔ Salomo bi. 20Na, me wura ɔhene, Israel nyinaa retwɛn deɛ wobɛkyerɛ sɛ ɔnni wʼadeɛ sɛ ɔhene. 21Na sɛ woanyɛ biribi na sɛ wonya kɔ wo kra akyi pɛ a, wɔbɛyɛ me ne me ba Salomo sɛ awudifoɔ.”
22Ɔgu so ne no rekasa no ara pɛ na, odiyifoɔ Natan bɛduruu hɔ. 23Ɔhene afotufoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Odiyifoɔ Natan aba ha, na ɔpɛ sɛ ɔhunu woɔ.” Natan kɔɔ mu kɔkotoo ɔhene no.
24Ɔbisaa sɛ, “Me wura, woayɛ wʼadwene sɛ Adoniya na ɔnni wʼadeɛ, na ɔntena wʼahennwa so anaa? 25Ɛnnɛ, ɔde anantwie, anantwie mma a wɔadɔre sradeɛ ne nnwan abɔ afɔdeɛ, na ɔtoo nsa frɛɛ wo mmammarima nyinaa, ma wɔbaa afahyɛ no ase. Ɔfrɛɛ Yoab a ɔyɛ akodɔm sahene no ne ɔsɔfoɔ Abiatar nso. Merekasa yi, wɔne no redidi, nom, teateam sɛ, ‘Ɔhene Adoniya nkwa so!’ 26Na me a meyɛ wo ɔsomfoɔ no, wanto nsa amfrɛ me; saa ara nso na wamfrɛ ɔsɔfoɔ Sadok, Yehoiada babarima Benaia ne Salomo nso. 27Ɛyɛ nokorɛ sɛ me wura ayɛ saa a wamma nʼasomfoɔ no mu biara ante onipa a ɔbɛdi nʼadeɛ sɛ ɔhene no ho hwee?”
Dawid Si Salomo Ɔhene
28Dawid kaa sɛ, “Momfrɛ Batseba mma me.” Na ɔbaa ɔhene anim bɛgyinaa hɔ.
29Na ɔhene hyɛɛ bɔ sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade a ɔgyee me firii ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu da so te ase yi, 30ɛnnɛ, mehyɛ mmara sɛ, wo babarima Salomo na ɔbɛdi adeɛ sɛ ɔhene, na ɔbɛtena mʼahennwa so, sɛdeɛ mekaa ntam kyerɛɛ wo wɔ Awurade, Israel Onyankopɔn, anim no.” 31Na Batseba sane kotoo no bio, na ɔteaam sɛ, “Me wura, ɔhene Dawid, ntena ase afebɔɔ!”
32Na ɔhene Dawid hyɛɛ sɛ, “Momfrɛ ɔsɔfoɔ Sadok, odiyifoɔ Natan ne Yehoiada babarima Benaia mma me.” Wɔbaa ɔhene anim no, 33ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momfa Salomo ne me mpanimfoɔ no nkɔ Gihon asutire no ho. Salomo ntena mʼafunumpɔnkɔ so. 34Ɛhɔ na ɔsɔfoɔ Sadok ne odiyifoɔ Natan bɛsra no ngo sɛ Israelhene. Monhyɛn totorobɛnto, na monteateam sɛ, ‘Ɔhene Salomo nkwa so!’ 35Na sɛ mosane de no ba ha a, ɔbɛtena mʼahennwa so. Ɔbɛdi mʼadeɛ sɛ ɔhene, ɛfiri sɛ, mayi no sɛ ɔnyɛ ɔhene wɔ Israel ne Yuda so.”
36Yehoiada babarima Benaia gyee so sɛ, “Amen! Awurade a ɔyɛ me wura, ɔhene Onyankopɔn no mmara no mmra mu saa. 37Na Awurade nka Salomo ho sɛdeɛ ɔkaa wo ho no, na Salomo ahennie nyɛ yie nkyɛn wo deɛ no mpo.”
38Enti, ɔsɔfoɔ Sadok, odiyifoɔ Natan ne Yehoiada babarima Benaia ne ɔhene ho banbɔfoɔ faa Salomo de no kɔɔ Gihon asutire no ho a, na Salomo te ɔhene Dawid afunumpɔnkɔ so. 39Ɛhɔ na ɔsɔfoɔ Sadok faa ngotoa1.39 Ngo a wɔbɔ din ha yi yɛ ngo a wɔbɔɔ din wɔ Ɛksodɔs mu (2 Mose 30.22-33) no. firii ntomadan1.39 Ntomadan no yɛ ntomadan a Dawid yɛ maa Apam Adaka no. Nhyiamu Ntomadan a wɔsii no anweatam so no da so wɔ Gibeon (3.4; 2 Sam 6.17). kronkron mu hɔ bɛhwie guu Salomo tirim. Afei, wɔhyɛn totorobɛnto maa nnipa no nyinaa teateaam sɛ, “Ɔhene Salomo nkwa so!” 40Na nnipa no nyinaa sane ne Salomo kɔɔ Yerusalem a wɔrebɔ mmɛn, di ahurisie. Na anigyeɛ ne ahosɛpɛ ne nteateam no ano yɛɛ den ara kɔsii sɛ, wɔn nne no wosoo asase.
41Adoniya ne nʼahɔhoɔ tee osebɔ ne nteateam ɛberɛ a wɔreyɛ awie wɔn apontoɔ no. Na Yoab tee totorobɛnto nne no, ɔbisaa sɛ, “Na asɛm bɛn na asie? Na adɛn nso na kuro no mu ayɛ gyegyeegye yi?”
42Ɛberɛ a ɔgu so rekasa no, Yonatan a ɔyɛ ɔsɔfoɔ Abiatar babarima no kɔɔ hɔ. Adoniya ka kyerɛɛ no sɛ, “Bra mu, ɛfiri sɛ, woyɛ onipa papa. Minim sɛ asɛm pa wɔ wʼano.”
43Yonatan buaa sɛ, “Dabi! Seesei ara, yɛn wura ɔhene Dawid, asi Salomo ɔhene. 44Ɔhene no maa ɔne ɔsɔfoɔ Sadok, odiyifoɔ Natan, Yehoiada babarima Benaia a ɔhene ho banbɔfoɔ rebɔ wɔn ho ban, kɔɔ Gihon asutire ho. Wɔmaa no tenaa ɔhene afunumpɔnkɔ so, 45ɛnna Sadok ne Natan sraa no ngo sɛ ɔhene foforɔ. Wɔreba ara ni, na kuro mu no nyinaa agye bum ahokeka so. Gyegyeegye no asekyerɛ ara ne no. 46Afei, seesei, Salomo te ahennwa so sɛ ɔhene. 47Adehyeɛ mpanimfoɔ nyinaa kɔɔ ɔhene Dawid nkyɛn, kɔmaa no amo, kaa sɛ, ‘Onyankopɔn mma Salomo ahennie nhyeta nkyɛn wo deɛ no, na Salomo ahemman nso nyɛ kɛseɛ nsene wo deɛ no!’ Na ɔhene sii ne tiri ase yii Awurade ayɛ, ɛberɛ a na ɔda ne mpa mu, 48na ɔkaa saa nsɛm yi, ‘Nhyira nka Awurade, Israel Onyankopɔn, a ɛnnɛ da yi wayi obi sɛ ɔntena mʼahennwa so wɔ ɛberɛ a mete ase, na mehunu deɛ ɛrekɔ so nyinaa.’ ”
49Ɛhɔ ara, Adoniya ahɔhoɔ no nyinaa de ehu gyee bum, firii apontoɔ no ase, na ntɛm so, obiara kɔɔ ne kwan. 50Na Adoniya no ankasa suro Salomo, enti ɔdwane kɔɔ ntomadan kronkron no mu kɔsosɔɔ mmɛn a ɛsisi afɔrebukyia no so no mu. 51Ankyɛre na Salomo tee sɛ Adoniya akɔsosɔ mmɛn a ɛsisi afɔrebukyia no so, na ɔresrɛ sɛ, “Momma Salomo nsuae nkyerɛ ɛnnɛ yi ara, na wankum me!”
52Salomo buaa sɛ, “Sɛ ɔbɛdi me nokorɛ deɛ a, wɔrenha no. Na sɛ wanyɛ saa deɛ a, wɔbɛkum no.” 53Enti, ɔhene Salomo frɛɛ Adoniya, na wɔde no firi afɔrebukyia no so kɔeɛ. Ɔkotoo ɔhene no, na Salomo ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ efie.”