马太福音 3 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

马太福音 3:1-17

开路先锋

1那时,施洗者约翰来到犹太的旷野传道,说: 2“悔改吧,因为天国临近了!” 3约翰就是以赛亚先知所说的那位,他说:“有人在旷野大声呼喊,‘预备主的道,修直祂的路。’”

4约翰身穿骆驼毛的衣服,腰束皮带,吃的是蝗虫、野蜜。 5那时,耶路撒冷犹太各地和约旦河一带的人都来到约翰那里, 6承认他们的罪,在约旦河里接受他的洗礼。

7约翰看见很多法利赛人和撒都该人也来受洗,就对他们说:“你们这些毒蛇的后代!谁指示你们逃避那将临的烈怒呢? 8你们要结出与悔改相称的果子。 9不要心里说,‘我们是亚伯拉罕的子孙。’我告诉你们,上帝可以从这些石头中兴起亚伯拉罕的子孙。 10现在斧头已经放在树根上了,不结好果子的树都要被砍下,丢在火里。 11我用水为你们施洗,叫你们悔改。但在我之后,有位比我更有能力的要来,我连替祂提鞋都不配。祂要用圣灵和火为你们施洗。 12祂手拿簸箕,要把谷场清理干净,将麦子存入仓里,用不灭的火把糠秕烧尽。”

耶稣受洗

13后来,耶稣从加利利来到约旦河要约翰为祂施洗。 14约翰想要拦住祂,就说:“应该是你为我施洗才对,你反倒来找我?”

15耶稣回答说:“你就这样做吧!我们理当这样遵行上帝一切的要求。”于是约翰答应了。

16耶稣受了洗,刚从水里上来,天就开了。祂看见上帝的圣灵像鸽子一样降到祂身上, 17又有声音从天上传来:“这是我的爱子,我甚喜悦祂。”

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mateo 3:1-17

Osuboni Yohane Asɛnka

1Bere a Yesu ne nʼawofo wɔ Nasaret no, Osuboni Yohane bɛkaa asɛm wɔ Yudea sare so se, 2“Monsakra mo adwene; momfa mo ho mma Onyankopɔn na ɔsoro ahenni no abɛn” 3Yohane ne nea odiyifo Yesaia kaa ne ho asɛm se,

“Obi nne reteɛ mu wɔ sare so se,

‘Mommɔ kwan mma Awurade;

momma nʼatempɔn nteɛ!’ ”

4Saa bere no na Yohane fura yoma ho nwi ntama bɔ aboa nhoma abɔso. Na nʼaduan yɛ mmoadabi ne ɛwo. 5Yerusalemfo ne Yudeafo ne nnipa a wɔte Asubɔnten Yordan ho no nyinaa kɔɔ ne nkyɛn wɔ sare no so hɔ kotiee asɛm no bi. 6Wɔkaa wɔn bɔne ma ɔbɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu.

7Yohane huu sɛ Farisifo ne Sadukifo pii reba ne nkyɛn ma wabɔ wɔn asu no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Awɔ mma! Hena na ɔka kyerɛɛ mo se munguan mfi Onyankopɔn abufuw a ɛreba no ano? 8Monkɔbɔ ɔbra pa mfa nkyerɛ sɛ moasakra ampa. 9Na monnhoahoa mo ho sɛ moyɛ Abraham asefo, efisɛ Onyankopɔn betumi ama saa abo yi adan nnipa ma wɔabɛyɛ Abraham asefo. 10Onyankopɔn de nʼabonnua ato dua biara a ɛnsow aba pa ntin so sɛ ɔde betwa na ɔde agu gya mu ahyew no.

11“Me de, mede nsu na ɛrebɔ wɔn a wɔasakra wɔn su no asu. Nanso nea odi mʼakyi reba no de, ɔso sen me a ne mpaboa mpo mensɛ sɛ mikura. Ɔno de, sɛ ɔba a, ɔde Honhom Kronkron ne ogya na ɛbɛbɔ mo asu. 12Obehuhuw aburow no so ayiyi mu aba pa no afi ntɛtɛ no mu, na ɔde aba pa no akosie, na ɔde ogya a ennum da ahyew ntɛtɛ no pasaa.”

Yesu Asubɔ

13Yesu tee Osuboni Yohane nka no, ofii Galilea baa Asubɔnten Yordan ho sɛ Yohane mmɔ no asu. 14Yohane huu sɛ ɔmfata sɛ ɔbɔ Yesu asu nti ɔkae se, “Wo na ɛsɛ sɛ wobɔ me asu na ɛnyɛ me.”

15Yesu nso ka kyerɛɛ no se, “Otwa ara na etwa sɛ wobɔ me asu sɛnea ɛbɛyɛ a nea Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ no bɛba mu.” Yesu asɛm a ɔkae no nti, Yohane bɔɔ no asu.

16Wɔbɔɔ Yesu asu wiei no, ofii asu no mu, na hwɛ, ɔsoro buei. Ohuu Onyankopɔn Honhom sɛ ɛresian ba ne so sɛ aborɔnoma. 17Ɛhɔ ara, nne bi fi ɔsoro kae se, “Oyi ne me Dɔba a ɔsɔ mʼani.”