马太福音 22 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

马太福音 22:1-46

王宴客的比喻

1耶稣又用比喻对他们说: 2“天国就像一个王为儿子筹备婚宴。 3他派奴仆去请受邀的客人,可是客人都不肯赴宴。 4王再派其他奴仆去,说,‘去告诉被邀请的人,我的宴席已经备好,公牛和肥畜都宰了,一切都预备妥当,来赴婚宴吧!’ 5那些人却毫不理会地走了,一个去种田,一个去做买卖, 6其余的竟然抓住王的奴仆,把他们羞辱一番后杀了。 7王大怒,派军队去剿灭凶手,烧毁他们的城。

8“然后,他对奴仆说,‘婚宴已预备好了,只是被邀请的人不配。 9所以你们到街头巷尾,把所有见到的人都请来。’ 10奴仆到街上把遇到的人都请了来,好人坏人都有,大厅里满了客人。

11“王出来会见在座的客人,发现有一个人没有穿礼服, 12就问他,‘朋友,你来这里怎么不穿婚宴的礼服呢?’那人无言以对。 13王便吩咐侍从,‘把他手脚绑起来丢到外面的黑暗里,让他在那里哀哭切齿。’”

14耶稣又说:“被邀请的人多,选上的人少。”

以纳税问题刁难耶稣

15那时,法利赛人出去策划怎样从耶稣的话里找把柄陷害祂。 16他们派了自己的门徒跟希律党人一同去问耶稣:“老师,我们知道你诚实无伪,按真理传上帝的道,你不徇情面,不以貌取人。 17那么请告诉我们,纳税给凯撒对不对呢?”

18耶稣看出了他们的恶意,就说:“你们这些伪君子,为什么试探我呢? 19拿一个纳税用的钱币来给我看。”他们就拿给祂一个银币。

20耶稣问他们:“上面刻的是谁的像和名号?”

21他们说:“凯撒的。”

耶稣说:“那么,属于凯撒的东西应该给凯撒,属于上帝的东西应该给上帝。” 22他们听了很惊奇,只好离开祂走了。

论复活

23同一天,不相信死人会复活的撒都该人也来问耶稣, 24说:“老师,摩西说,‘如果一个人死了,没有儿女,只留下妻子,他的兄弟就当娶嫂嫂,替哥哥传宗接代。’ 25从前,我们这里有弟兄七人,老大结了婚,没有孩子就死了,把妻子留给了弟弟。 26二弟、三弟一直到七弟都相继娶了嫂嫂,都没留下孩子。 27最后,那女人也死了。 28那么,到复活的时候,她将是谁的妻子呢?因为他们都娶过她。”

29耶稣说:“你们弄错了。你们不明白圣经,也不知道上帝的能力。 30因为到复活的时候,人们将不娶也不嫁,就像天上的天使一样。

31“关于死人复活的事,难道你们没有读过上帝对你们说过的话吗? 32祂说,‘我是亚伯拉罕的上帝,以撒的上帝,雅各的上帝。’上帝不是死人的上帝,而是活人的上帝。” 33众人听到祂的教导都很惊奇。

最大的诫命

34法利赛人听见耶稣使撒都该人无言以对,就聚集在一起。 35其中有位律法专家试探耶稣说: 36“老师,请问律法中哪一条诫命最重要呢?”

37耶稣回答说:“‘你要全心、全情、全意爱主——你的上帝’, 38这是第一条也是最重要的诫命。 39第二条也相似,就是‘要爱邻如己’。 40律法和先知的全部教导都以这两条诫命为基础。”

基督的身份

41耶稣趁着法利赛人聚在那里,就问他们: 42“你们对基督有何看法?祂是谁的后裔?”他们答道:“大卫的后裔。”

43耶稣说:“那么,为什么大卫受圣灵感动,称祂为主呢?大卫曾说,

44“‘主对我主说,

你坐在我的右边,

等我使你的仇敌伏在你脚下。’

45既然大卫称基督为主,基督又怎么会是大卫的后裔呢?” 46没人能回答耶稣的问题。从此再没有人敢用问题来刁难耶稣了。

Asante Twi Contemporary Bible

Mateo 22:1-46

Ayeforɔhyia Apontoɔ Ho Ɛbɛ

1Yesu de mmɛbuo ahodoɔ kyerɛɛ sɛdeɛ Ɔsoro Ahennie no teɛ. 2Ɔse, “Ɔsoro Ahennie no te sɛ ɔhene bi a ne babarima hyiaa ayeforɔ na ɔtoo pon maa no. 3Ɔtoo nsa frɛɛ nnipa pii. Ɛberɛ no duruiɛ no, ɔsomaa nʼasomfoɔ sɛ wɔnkɔfrɛfrɛ nnipa no na wɔmmra. Nanso, nnipa no amma.

4“Ɔsane somaa nʼasomfoɔ foforɔ sɛ, ‘Monkɔka nkyerɛ wɔn sɛ, wɔawie biribiara. Wɔakum mʼanantwie ne me nyɛmmoa de anoa aduane awie. Mommra ayeforɔ no ase mmɛdidi!’

5“Nanso, ne ho yɛɛ wɔn a ɔtoo nsa frɛɛ wɔn no sere. Obiara kɔdii ne dwuma. Obi kɔɔ nʼafuom. Ɔfoforɔ nso kɔdii ne dwa. 6Afoforɔ nso kyeree nʼasomfoɔ no hwee wɔn, pirapiraa wɔn, kunkumm ebinom nso. 7Ɔhene no tee deɛ nnipa no ayɛ nʼasomfoɔ no, ne bo fuiɛ. Ɔsomaa nʼasraafoɔ ma wɔkɔkunkum awudifoɔ no, hyee wɔn kuro no pasaa.

8“Ɔsane frɛɛ nʼasomfoɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Wɔawie ayeforɔ aduane no. Nanso, wɔn a mefrɛɛ wɔn no mfata sɛ wɔba apontoɔ no ase. 9Enti, monkɔ mmɔntene so na obiara a mobɛhunu no no, momfrɛ no mmra apontoɔ no ase.’ 10Asomfoɔ no firii adi kɔɔ mmɔntene so kɔfrɛɛ nnipa dodoɔ a wɔhunuu wɔn no nyinaa. Wɔfrɛɛ nnipa pa ne nnipa bɔne, maa ɛdan a wɔtoo ɛpono wɔ mu no yɛɛ ma.

11“Ɔhene no baa hɔ sɛ ɔrebɛhwɛ nnipa a wɔaba no, ɔhunuu obi a ɔnhyɛ ayeforɔhyia atadeɛ wɔ hɔ. 12Ɔbisaa no sɛ, ‘Damfo, ɛyɛɛ dɛn na wonhyɛ ayeforɔhyia atadeɛ, na wotumi baa ha?’ Nanso, damfo no antumi ammua.

13“Afei, ɔhene no ka kyerɛɛ nʼasomfoɔ no sɛ, ‘Monkyekyere ne nan ne ne nsa na monkɔto no ntwene akyirikyiri esum mu, deɛ esu ne agyaadwoɔ wɔ no.’

14“Wɔafrɛ bebree, nanso kakra bi na wɔayi wɔn.”

Ɛtoɔ Yie Ho Asɛmmisa

15Farisifoɔ no tuu Yesu ho agyina, pɛɛ ɛkwan bi a wɔnam nʼanom asɛm so bɛnya no akyere no. 16Wɔsii no gyinaeɛ sɛ, wɔbɛsoma wɔn nnipa bi ne Herodefoɔ aba Yesu nkyɛn abɛbisa no sɛ, “Owura, yɛnim sɛ woyɛ ɔnokwafoɔ, na wonam nokorɛ kwan so kyerɛ nnipa ɛkwan a ɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn a wonsuro akyire asɛm, ɛfiri sɛ, wonhwɛ nnipa anim. 17Ka ma yɛntie. Ɛyɛ sɛ wɔyi toɔ ma Roma Hempɔn Kaesare anaa ɛnyɛ?”

18Yesu hunuu wɔn adwemmɔne no ma ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo nyaatwomfoɔ! Adɛn enti na mopɛ sɛ mode nnaadaa sɔ me hwɛ? 19Momfa sika a wɔde yi toɔ no bi nkyerɛ me.” Wɔde bi kyerɛɛ no. 20Ɔbisaa wɔn sɛ, “Hwan mfoni na ɛda so, na hwan din nso na ɛwɔ so?”

21Wɔbuaa sɛ, “Kaesare.”

Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnneɛ, momfa Kaesare deɛ mma Kaesare, na momfa Onyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn.”

22Ne mmuaeɛ a ɔmaa wɔn no maa wɔn ho dwirii wɔn ma wɔgyaa no hɔ kɔeɛ.

Owusɔreɛ Ho Asɛmmisa

23Ɛda no ara, Sadukifoɔ a wɔnnye owusɔreɛ nni no baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no sɛ, 24“Owura, Mose kaa sɛ, ‘Sɛ ɔbarima bi anwo na ɔwu a, ne nuabarima mfa ne yere no kunabaa na ɔne no nwo mma owufoɔ no. 25Anuanom baason bi ne yɛn tenaa ha. Ɔpanin no wareeɛ a wanwo ba na ɔwuiɛ. Enti, ne nua a ɔtɔ so mmienu no faa ne yere no kunabaa. 26Deɛ ɔtɔ so mmienu no nso wuiɛ, maa deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no faa ɔbaa no kunabaa. Ɔno nso wuiɛ a wanwo ba, maa ɔfoforɔ nso faa ɔbaa no kunabaa. Yei toaa so ara kɔsii sɛ anuanom baason no nyinaa waree ɔbaa no. 27Deɛ ɛdi akyire ne sɛ, ɔbaa no nso wuiɛ. 28Ɛno enti, owusɔreberɛ no, nnipa baason yi mu hwan na ɔbaa no bɛyɛ ne yere? Ɛfiri sɛ wɔn nyinaa waree no!’ ”

29Yesu buaa wɔn sɛ, “Mo mfomsoɔ a moayɛ no firi nim a monnim Atwerɛsɛm no ne Onyankopɔn tumi a ɔwɔ no! 30Na owusɔreberɛ no, awadeɛ nni hɔ; obiara bɛyɛ sɛ abɔfoɔ a wɔwɔ ɔsoro no. 31Afei, ɛfa owusɔreɛ no ho no nso, monnkanee deɛ Onyankopɔn aka afa ho no pɛn? Monhunu sɛ Onyankopɔn kasa kyerɛɛ mo ɛberɛ a ɔkaa sɛ, 32‘Mene Abraham Onyankopɔn, Isak Onyankopɔn ne Yakob Onyankopɔn no?’ Yei kyerɛ sɛ. Onyankopɔn nyɛ awufoɔ Onyankopɔn na mmom, ateasefoɔ Onyankopɔn.”

33Nnipadɔm no tee ne nkyerɛkyerɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa.

Mmaransɛm No Mu Kɛseɛ Pa Ara

34Farisifoɔ no tee sɛ Yesu abu afa Sadukifoɔ no so no, wɔkɔhyiaa Yesu. 35Wɔn mu baako a ɔyɛ mmaranimfoɔ bisaa Yesu sɛ, 36“Owura, Mose mmaransɛm no mu deɛ ɛwɔ he koraa na ɛkyɛn ne nyinaa?”

37Yesu buaa no sɛ, “ ‘Dɔ Awurade, wo Onyankopɔn, wʼakoma nyinaa mu ne wo ɔkra nyinaa mu ne wʼadwene nyinaa mu.’ 38Yei ne mmaransɛm no mu deɛ ɛdi ɛkan na ɛkyɛn ne nyinaa. 39Deɛ ɛtɔ so mmienu no te sɛ ɛno ara: ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’ 40Mose mmaransɛm ne adiyifoɔ no nkyerɛkyerɛ no nyinaa gyina saa mmaransɛm mmienu yi so.”

Hwan Ba Ne Agyenkwa No?

41Farisifoɔ no twaa Yesu ho hyiaeɛ no, ɔbisaa wɔn sɛ, 42“Ɛdeɛn na mowɔ ka wɔ Agyenkwa no ho? Hwan ba ne no?”

Wɔbuaa no sɛ, “Dawid Ba.”

43Yesu bisaa wɔn sɛ “Ɛnneɛ, adɛn na Dawid nam Honhom Kronkron so frɛ no ‘Awurade’? Ɛfiri sɛ, Dawid kaa sɛ,

44“ ‘Awurade ka kyerɛɛ me wura sɛ,

“Tena me nifa

kɔsi sɛ mɛma woadi

wʼatamfoɔ nyinaa so.” ’

45Sɛ Dawid frɛ no ‘Awurade’ a, ɛnneɛ ɛbɛyɛ dɛn na watumi ayɛ ne ba?” 46Obiara antumi ammua. Yei akyi nso, obiara antumi ammisa no nsɛm bio.