马太福音 19 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

马太福音 19:1-30

论休妻

1耶稣说完这番话,就离开加利利来到约旦河对岸的犹太地区。 2有一大群人跟着祂,祂就在那里医好了他们的病。

3有几个法利赛人到耶稣那里想试探祂,便问祂:“丈夫可以用任何理由休妻吗?”

4耶稣回答说:“你们没有读过吗?太初,造物主造了男人和女人,并且说, 5‘因此,人要离开父母,与妻子结合,二人成为一体。’ 6这样,夫妻不再是两个人,而是一体了。因此,上帝配合的,人不可分开。”

7他们追问:“那么,为什么摩西说,只要给妻子休书,就可以休她呢?”

8耶稣说:“因为摩西知道你们铁石心肠,所以才准你们休妻。但起初并不是这样。 9我告诉你们,除非是妻子不贞,否则,任何人休妻另娶,就是犯通奸罪19:9 有古卷在此处有“娶被休女子的人也犯了通奸罪”。。”

10门徒对耶稣说:“如果夫妻关系是这样,还不如不结婚。”

11耶稣说:“这话不是每个人都能接受的,只有那些得到这种恩赐的人才能接受。 12人不结婚的原因很多,有些是因为先天的缺陷,有些是被人阉了,也有些是为了天国而自己放弃结婚的权利。谁能接受,就让他接受吧。”

耶稣为小孩子祝福

13有人带着小孩子来见耶稣,请求耶稣为他们按手祷告,却受到门徒的责备。

14耶稣说:“让小孩子到我这里来,不要阻止他们,因为天国属于这样的人。” 15于是祂为他们按手祷告,然后才离开那里。

有钱的青年

16有一个人来请教耶稣:“老师,我该做什么善事才能获得永生呢?”

17耶稣说:“你为什么问我做什么善事?只有上帝是善的,你要得永生,就必须遵守祂的诫命。”

18那人问:“什么诫命呢?”

耶稣答道:“不可杀人,不可通奸,不可偷盗,不可作伪证, 19要孝敬父母,并且爱邻如己。”

20那青年说:“这些我早已遵守了,还缺什么呢?”

21耶稣告诉他:“如果你想做到纯全,就去变卖所有的产业,送给穷人,你就必有财宝存在天上,然后你来跟从我。” 22那青年听后,便忧伤地走了,因为他有许多产业。

23事后,耶稣对门徒说:“我实在告诉你们,有钱人进天国很困难。 24我再告诉你们,骆驼穿过针眼比有钱人进上帝的国还容易呢!”

25门徒听了,惊奇地问:“这样,谁能得救呢?”

26耶稣看着他们说:“对人而言,这不可能;但对上帝而言,凡事都可能。”

27彼得问道:“你看,我们已经撇下一切来跟从你了,将来会有什么奖赏呢?”

28耶稣说:“我实在告诉你们,到万物更新、人子坐在祂荣耀的宝座上时,你们这些跟从我的人也要坐在十二个宝座上,审判以色列的十二个支派。 29无论谁为我的名而撇下房屋、弟兄、姊妹、父母、儿女或田地,都要得到百倍的赏赐,而且承受永生。 30然而,许多为首的将要殿后,殿后的将要为首。”

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mateo 19:1-30

Awaregyae

1Yesu wiee nʼasɛnka no, ɔkɔɔ Galilea. Ofi Galilea no, otwaa Asubɔnten Yordan baa Yudea. 2Nnipadɔm tu dii nʼakyi, ma ɔsaa wɔn yare.

3Farisifo bi ba bebisaa no nsɛm bi pɛɛ sɛ wɔnam wɔn nsɛmmisa no so ma ɔka asɛm bi a ɛde no bɛkɔ sɔhwɛ mu. Wobisaa no se, “Wopene awaregyae so ana?”

4Yesu nso bisaa wɔn se, “Gyama monkenkan Kyerɛw Kronkron no? Wɔakyerɛw wɔ mu se, ‘Mfiase no, Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbea. 5Eyi nti na ɔbarima begyaw nʼagya ne ne na hɔ de ne ho akɔbɔ ne yere ho daa nyinaa no.’ 6Enti na wɔnyɛ baanu bio, na mmom wɔabɛyɛ ɔhonam koro. Enti nea Onyankopɔn aka abɔ mu no, ɛnsɛ sɛ obiara tetew mu.”

7Farisifo no kɔɔ so bisaa no se, “Adɛn nti na Mose kae se, sɛ ɔbarima bi pɛ sɛ ogyaa ne yere a otumi kyerɛw no krataa kɛkɛ, de gyaa no?”

8Yesu buaa wɔn se, “Esiane sɛ na mo koma apirim no nti na Mose maa awaregyae ho kwan, na ɛnyɛ ade a Onyankopɔn hyehyɛe. 9Na mereka akyerɛ mo se, obiara a obegyaa ne yere, a ɛnyɛ sɛ ɔbea no abɔ aguaman, na ɔbɛsan aware ɔbea foforo no asɛe aware.”

10Yesu asuafo no kae se, “Sɛ saa na ɛte de a, na ɛnsɛ sɛ obiara ware.”

11Yesu buaa wɔn se, “Ɛnyɛ obiara na obetumi agye asɛm yi ato mu, gye wɔn a Onyankopɔn hyɛ wɔn den no nko ara. 12Nnipa bi wɔ hɔ a wonni mmarimayɛ mu ahoɔden fi awo mu, ebinom nso wɔ hɔ a nnipa na wɔyɛɛ wɔn saa; ebinom nso ɔsoro Ahenni no nti, wɔpo aware. Obiara a obetumi no, nni mʼasɛm a maka yi so.”

Yesu Hyira Mmofra Nkumaa

13Wɔde mmofra nkumaa brɛɛ Yesu sɛ ɔmfa ne nsa ngu wɔn so, na ɔmmɔ mpae mma wɔn. Nanso asuafo no kaa wɔn anim.

14Yesu kae se, “Momma mmofra no kwan na wɔmmra me nkyɛn, na munnsiw wɔn kwan, na eyinom sɛɛ na Ɔsoro Ahenni no yɛ wɔn dea.” 15Na ɔde ne nsa guu wɔn so, hyiraa wɔn ansa na ɔrefi hɔ akɔ.

Ahonya Ne Onyankopɔn Ahenni No

16Ɛno mu na ɔbarima bi baa Yesu nkyɛn bebisaa no se, “Ɔkyerɛkyerɛfo, ade pa bɛn na menyɛ na manya nkwa a enni awiei?”

17Yesu buaa no se, “Adɛn nti na wubisa me nea ɛyɛ papa ho asɛm? Ɔbaako pɛ na ɔyɛ papa. Sɛ wopɛ sɛ wokɔ nkwa mu de a, di mmara nsɛm no so.”

18Aberante no nso bisaa no se, “Mmaransɛm no mu nea ɛwɔ he?”

Yesu buaa no se, “Nni awu. Nsɛe aware. Mmɔ korɔn. Nni atoro. 19Di wʼagya ne wo na ni, na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!”

20Aberante no nso kae se, “Midi eyinom nyinaa so pɛpɛɛpɛ. Afei menyɛ dɛn?”

21Yesu ka kyerɛɛ no se, “Sɛ wopɛ sɛ woyɛ pɛ a kɔ na kɔtɔn biribiara a wowɔ, na fa sika a wubenya afi mu no ma ahiafo. Ɛno ansa na wubenya ademude wɔ ɔsoro. Afei bedi mʼakyi.”

22Esiane sɛ na saa aberante yi wɔ ahonyade bebree nti, ɔtee saa nsɛm no, anyɛ no dɛ maa ɔde awerɛhow fii hɔ kɔe.

23Afei Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Meka mo nokware se ɛyɛ den ma osikani sɛ ɔbɛkɔ Ɔsoro Ahenni no mu. 24Meka ti mu se, ɛyɛ mmerɛw sɛ yoma bewura pane aniwa mu sen sɛ osikani bɛkɔ Onyankopɔn Ahenni mu!”

25Asuafo no tee saa asɛm no, wɔn adwene mu yɛɛ wɔn naa. Wobisae se, “Na ɛno de, hena na wiase mu ha wobegye no nkwa?”

26Yesu hwɛɛ wɔn buae se, “Onipa fam de, ɛyɛ den, na Onyankopɔn fam de, biribiara betumi aba mu.”

Ahopakyi

27Petro nso kae se, “Yagyaw biribiara hɔ abedi wʼakyi; na mfaso bɛn na yebenya afi wʼakyidi no mu?”

28Yesu buae se, “Me, Agyenkwa no, sɛ metena mʼanuonyam ahengua no so a, nokware, mo mʼasuafo yi nso bɛtena ahengua dumien no so na moabu Israel mmusuakuw dumien no atɛn. 29Na obiara a obegyaw ne fi, ne nuabarimanom, ne nuabeanom, nʼagya, ne na, ne yere, ne mma anaa nʼagyapade abedi mʼakyi no, obenya no ho mmɔho ɔha, na wanya nkwa a enni awiei nso. 30Na wɔn a wɔadi kan no mu pii bedi akyi, na wɔn a wodi akyi no nso mu bi abedi kan.”