马可福音 9 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

马可福音 9:1-50

1耶稣继续说:“我实在告诉你们,有些站在这里的人会在有生之年看见上帝的国带着能力降临。”

登山变象

2六天后,耶稣带着彼得雅各约翰暗暗地登上一座高山。耶稣在他们面前改变了形象, 3衣服变得洁白放光,世上找不到漂得那么白的布。 4这时,以利亚摩西在他们眼前出现,与耶稣谈话。 5彼得对耶稣说:“老师,我们在这里真好!我们搭三座帐篷吧,一座给你,一座给摩西,一座给以利亚。”

6其实彼得当时不知说什么才好,因为他们都很害怕。 7就在这时候,有一朵云彩飘来遮住他们,云彩中有声音说:“这是我的爱子,你们要听从祂。” 8门徒立刻四处观看,发现没有其他人,只有耶稣和他们在那里。

9下山的时候,耶稣叮嘱他们在人子还没有从死里复活之前,不要把刚才看见的告诉别人。

10门徒把这话谨记在心,彼此议论“从死里复活”这句话的意思。 11他们问耶稣:“律法教师为什么说以利亚必须先来?”

12耶稣回答说:“以利亚固然要先来复兴一切,但为什么圣经上说人子一定会饱受痛苦、遭人蔑视呢? 13其实我告诉你们,以利亚已经来了,人们却任意对待他,正如圣经的记载。”

治好污鬼附身的孩子

14他们与其他门徒会合时,看见一大群人围住门徒,几个律法教师正在跟他们辩论。 15大家一看到耶稣,都十分惊奇,立刻跑上去迎接祂。 16耶稣问门徒:“你们跟他们辩论什么?”

17人群中有一个人说:“老师,我带了我的儿子来找你,因为他被哑巴鬼附身。 18每次鬼控制他,把他摔在地上,他就口吐白沫,咬牙切齿,全身僵硬。我请你的门徒赶走那鬼,他们却办不到。”

19耶稣说:“唉,这不信的世代啊!我要跟你们在一起待多久,容忍你们多久呢?把他带到我这里吧。”

20他们把那孩子带到耶稣面前。那鬼一见耶稣,就使孩子抽搐,倒在地上打滚,口吐白沫。 21耶稣问孩子的父亲:“他这样子多久了?”孩子的父亲回答道:“他从小就这样, 22鬼常常将他扔进火里或水里,要害他的命。如果你能,求你怜悯我们,帮助我们吧!”

23耶稣说:“如果你能?对于相信的人,凡事都有可能!”

24孩子的父亲立刻喊着说:“我信!但我信心不足,求你帮助我!”

25耶稣看见人群都跑了过来,就斥责那污鬼:“你这个聋哑鬼,我命令你从他身上出来,不许再进去!”

26那鬼发出喊叫,使孩子剧烈地抽搐了一阵,就出来了。孩子躺在地上一动也不动,大家都以为他死了。 27但耶稣拉着他的手扶他起来,他就站了起来。

28耶稣进屋后,门徒悄悄问祂:“我们为什么赶不走那鬼呢?”

29耶稣说:“要赶走这类鬼只有靠祷告9:29 祷告”有古卷作“祷告和禁食”。。”

再次预言受难

30他们离开那里,途经加利利。耶稣不想任何人知道祂的行踪, 31因为祂在教导门徒。祂说:“人子将被交在人的手中,被他们杀害,但三天之后,祂必复活。” 32门徒却不明白这句话的意思,又不敢问祂。

谁最伟大

33他们回到迦百农的住所,耶稣问门徒:“你们一路上争论些什么?”

34他们都沉默不语,因为刚才他们在争论谁最伟大。 35耶稣坐下,叫十二个门徒过来,对他们说:“谁想为首,就该在众人中做最小的,做众人的仆人。” 36祂领了一个小孩子来,叫他站在门徒中间,又抱起他,对他们说: 37“任何人为我的缘故接待这样一个小孩子,就是接待我;凡接待我的,不单是接待我,也是接待差我来的那位。”

警戒犯罪

38约翰对耶稣说:“老师,我们看见有人奉你的名赶鬼,就阻止他,因为他不是跟从我们的。”

39耶稣说:“不要阻止他,因为没有人奉我的名行过神迹后,会很快毁谤我。 40不反对我们的,就是支持我们的。 41我实在告诉你们,若有人因为你们属于基督而给你们一杯水喝,他也必得到赏赐。

42“但若有人使这样一个小信徒失足犯罪,他的下场比把大磨石挂在他脖子上扔到海里还要惨。 43如果你一只手使你犯罪,就砍掉它! 44拖着残废的身体进入永生,胜过双手健全却落入地狱不灭的火中。 45倘若你一只脚使你犯罪,就砍掉它!瘸着腿进入永生, 46胜过双脚健全却被丢进地狱! 47如果你的一只眼睛使你犯罪,就剜掉它!独眼进上帝的国,胜过双目健全却被丢进地狱。 48在那里,

“‘虫是不死的,

火是不灭的。’

49“每个人都要被火炼,像被盐腌一样。 50盐是好东西,但如果失去咸味,怎能使它再咸呢?你们里面要有盐,要彼此和睦。”

Akuapem Twi Contemporary Bible

Marko 9:1-50

Yesu Anuonyam Hyerɛn

1Yesu kɔɔ so ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Mo a mugyina ha yi mu bi bɛtena ase akosi sɛ mubehu sɛ, Onyankopɔn ahenni no reba tumi mu!”

2Nnansia akyi na Yesu faa Petro, Yakobo ne Yohane de wɔn kɔɔ bepɔw tenten bi atifi. Saa bere no na obiara nka wɔn ho. Ɛhɔ ara na Yesu anuonyam hyerɛn wɔ wɔn anim. 3Nʼatade hyerɛn yɛɛ fitafita sen sɛnea obi betumi ahoro saa atade no ama ayɛ. 4Afei Elia ne Mose befii hɔ. Na wɔne Yesu kasae!

5Petro ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, eye sɛ yɛwɔ ha. Yɛbɛbɔ asese abiɛsa wɔ ha, wo de baako, Mose de baako na Elia de baako.” 6Esiane sɛ na wɔabɔ hu no nti na ɛma ɔkaa saa.

7Na omununkum bɛkataa wɔn so. Nne bi fi omununkum no mu kae se, “Oyi ne me Dɔba. Muntie no.”

8Mpofirim a wɔhwɛɛ wɔn ho no, wɔanhu obiara ka Yesu ho.

9Wɔresian afi bepɔw no so no, Yesu bɔɔ wɔn ano se wɔnnka nea wɔahu no nkyerɛ obiara kosi sɛ ɔbɛsɔre afi awufo mu. 10Asuafo no anka ankyerɛ obiara na mmom, ɛyɛ a na wɔtaa bisabisa wɔn ho wɔn ho se, nʼasɛm a ɔkae se, “Menyan afi awufo mu” no, na ɔkyerɛ dɛn?

11Na nʼasuafo no bisaa no nea enti a mmara no akyerɛkyerɛfo no ka se, ɛsɛ sɛ Elia san ba kan.

12Yesu gye too mu sɛ, ɛsɛ sɛ Elia di kan ba bɛtoto nneɛma nyinaa yiye. Ɔkae se, “Ɛno de, na adɛn nti na wɔakyerɛw se Onipa Ba no behu amane bebree na wɔapo no? 13Nanso mise mo sɛ, Elia aba dedaw! Na wɔne no anni no yiye sɛnea adiyifo no hyɛɛ ho nkɔm no.”

Yesu Sa Abarimaa Bi A Ɔwɔ Honhommɔne Yare

14Bere a wosian beduu bepɔw no ase hɔ no, wohuu sɛ nnipakuw atwa asuafo a wɔaka no ho ahyia, na wɔne mmara no akyerɛkyerɛfo no regye wɔn ho wɔn ho akyinnye. 15Bere a nnipakuw no huu Yesu no wɔn ho dwiriw wɔn, na wɔde mmirika behyiaa no.

16Yesu bisaa wɔn se, “Akyinnye a na moregye no fa dɛn ho?”

17Nnipa no mu baako kae se, “Kyerɛkyerɛfo, mede me ba aba ha sɛ sa no yare. Honhommɔne bi a ɛwɔ ne so nti, ontumi nkasa. 18Sɛ honhommɔne no ka ne ho wɔ ne mu a, etwa no hwe fam ma nʼano twa ahuru, twɛre ne se a wasinsen. Ɛno nti mesrɛɛ wʼasuafo no se wontu honhommɔne no mfi ne mu, nanso wɔantumi.”

19Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “O, mo a mo gyidi sua, me ne mo ntena nkosi da bɛn ansa na mo gyidi atim? Momfa abarimaa no mmrɛ me.”

20Wɔde abarimaa no brɛɛ Yesu. Wɔde no duu Yesu anim ara pɛ na ɔyare no baa denneennen, twaa no hwee fam, ma ɔperee a nʼano refi ahuru.

21Yesu bisaa abarimaa no agya se, “Nnaahe ni a ɔyare yi baa ne so?”

Abarimaa no agya buaa Yesu se, “Efi ne mmofraase pɛɛ; 22na ɛtɔ da bi koraa a, ɔyare no tumi twa no hwe ogya anaa nsu mu pɛ sɛ ekum no. Enti sɛ wubetumi asa no yare de a, hu yɛn mmɔbɔ, na sa no yare ma yɛn.”

23Yesu bisaa no se, “Adɛn nti na woka se sɛ metumi a? Nneɛma nyinaa betumi ayɛ hɔ ama obiara a ogye di.”

24Abarimaa no agya buae se, “Mewɔ gyidi nanso esua, enti boa me, na hyɛ me gyidi mu den!”

25Yesu huu sɛ nnipa no dɔ ara na wɔredɔɔso no, ɔteɛɛ honhommɔne no se, “Honhommɔne ɔsotifo ne mumu, mehyɛ wo sɛ, fi abofra yi mu kɔ. Nkɔhyɛ ne mu bio!”

26Afei ɔyare no baa denneennen ansa na ɛrefi ne mu, enti ɛmaa abarimaa no yɛɛ sɛ owufo. Nnipakuw no kasaa huhuhuhu se, “Wawu.” 27Na Yesu soo ne nsa pagyaw no ma ogyinaa ne nan so a ne ho atɔ no.

28Eyi akyi a Yesu ne nʼasuafo no nko ara wɔ fie no, wobisaa no se, “Adɛn nti na yɛn de yɛantumi antu saa honhommɔne no?”

29Yesu buaa wɔn se, “Mpaebɔ nko ara na ebetumi atu saa ɔyare yi.”

Yesu Wu Ho Nkɔmhyɛ

30Yesu fii hɔ no ɔfaa Galilea, efisɛ na ɔmpɛ sɛ nnipa te ne nka. 31Na ɔpɛ sɛ onya bere ma nʼasuafo no de kyerɛkyerɛ wɔn. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Wobeyi Onipa Ba no ama, na wɔakum no, na ne nnansa so no ɔbɛsɔre aba nkwa mu bio.” 32Asuafo no ante asɛm a ɔkae yi ase, nanso na wosuro sɛ wobebisa no ase.

Hena Ne Ɔkɛse

33Yesu ne nʼasuafo no baa Kapernaum. Bere a woduu ofi a wɔbɛtena mu no mu na wɔregye wɔn ahome no, Yesu bisaa nʼasuafo no se, “Yɛreba no dɛn akyinnye na na moregye wɔ ɔkwan so no?” 34Asuafo no antumi ammua efisɛ na wɔredwinnwen nea ɔbɛyɛ wɔn mu ɔkɛse no ho.

35Ɔtenaa ase frɛɛ wɔn baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn se, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔpanyin wɔ mo mu no ɛsɛ sɛ ɔyɛ abofra anaa ɔsomfo wɔ mo mu!”

36Afei ɔde abofra ketewa bi begyinaa wɔn mfimfini. Ɔde abofra no kyerɛɛ wɔn kae se, 37“Mo mu biara a me nti obegye abofra ketewa sɛ oyi no agye me, na nea obegye me no nso agye mʼAgya a ɔsomaa me no.”

Nea Ontia Yɛn No Wɔ Yɛn Afa

38Yohane a ɔyɛ asuafo no mu baako no ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, yehuu ɔbarima bi a ɔde wo din retu ahonhommɔne nti yɛka kyerɛɛ no se onnyae, efisɛ ɔnka yɛn ho.”

39Yesu kae se, “Munnsiw no kwan. Efisɛ obiara nni hɔ a ɔreyɛ anwonwade wɔ me din mu na obetwa ne ho atia me. 40Na obiara a ontia yɛn no wɔ yɛn afa. 41Obiara a esiane sɛ, moyɛ Kristo de no nti ɔbɛma mo nsu kuruwa ma anom no akatua remmɔ no da.

42“Enti sɛ obi to mmofra nketewa a wogye me di yi mu bi hintidua a, eye ma no sɛ anka wɔde ɔbotan duruduru bɛsɛn ne kɔn mu, atow no akyene po mu. 43Sɛ wo nsa ma woyɛ bɔne a, twa na tow kyene. Eye ma wo sɛ wode dɛmdi bɛkɔ nkwa mu sen sɛ, wɔde wo nipadua nyinaa bɛto amanehunu gya 44a ennum da no mu. 45Na sɛ wo nan ma woyɛ bɔne a, twa na tow kyene. Eye ma wo sɛ wode nansin bɛkɔ nkwa mu sen sɛ, wode nan abien bɛkɔ amanehunu gya 46a ennum da no mu.” 47Na sɛ wʼani ma woyɛ bɔne a, tu na tow kyene. Eye ma wo sɛ wode ani baako bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu sen sɛ wowɔ ani abien na wɔde wo bɛto amanehunu gya mu 48baabi a

“ ‘ogya no ennum da

na ɛhɔ asunson nso nwu da.’

49Na wɔde ogya bɛhyɛ wɔn nyinaa nkyene.

50“Nkyene yɛ dɛ, nanso sɛ nkyene yera ne dɛ a, ɛso nni mfaso bio; wonte ne dɛ wɔ biribiara mu. Enti monnyera mo dɛ. Mo ne mo ho mo ho ntena asomdwoe mu.”