阿摩司书 9 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

阿摩司书 9:1-15

耶和华的审判

1我看见主站在祭坛旁,祂说:

“要击打柱顶,使殿的根基震动;

要打碎柱顶,使殿宇坍塌压死众人。

侥幸生还的,我要用刀剑杀掉,

没有一个能逃脱,没有一个能幸免。

2即使他们挖洞钻进阴间,

我也要把他们揪出来;

即使他们爬上高天,

我也要把他们拉下来;

3即使他们藏在迦密山的峰顶,

我也要去搜寻,捉住他们;

即使他们潜到海底,

我也要派海蛇去吞咬他们;

4即使他们被敌人掳去,

我也要命刀剑追杀他们。

我要定睛在他们身上,

不是要赐福而是要降祸。”

5主——万军之耶和华触摸大地,

大地就消融,地上的人都要哀号;

大地如埃及尼罗河涨起退落。

6那位在天上建造楼阁,

在大地之上立定穹苍,

召来海水浇在大地上的——

祂的名字是耶和华。

7耶和华说:

以色列人啊,

在我眼中,你们不是和古实人一样吗?

我不是领你们出埃及

也领非利士人出迦斐托9:7 迦斐托”即克里特岛。

亚兰人出吉珥吗?

8主耶和华的眼目察看这罪恶的国家,

我要从地上除灭它,

但不会完全毁灭雅各家。

这是耶和华说的。

9“因为我要下令在列国中筛以色列家,

就像人筛谷物,一粒石子也不会落在地上。

10在我的子民中,

所有夸口说‘灾祸不会追上我们,也不会迎面而来’的罪人,

都要死在刀下。

以色列的复兴

11“到那日,

我要重建已倾覆的大卫王朝,

修补它城墙的缺口。

我要从废墟中重建它,

恢复它往日的荣耀。

12这样,以色列人必拥有以东所剩的和所有属于我名下的国家。

这是要成就这事的耶和华说的。”

13耶和华说:

“时候将到,

五谷还未收完又该耕种了,

葡萄还未踩完又该栽种了。

甜酒从群山上滴下,在丘岭间流淌。

14我要使我被掳的以色列子民返回故乡,

他们要重建废城并住在城中,

栽种葡萄园,喝园中酿出的美酒,

整理园圃,吃园中出产的佳果。

15我要将以色列人栽种在他们自己的土地上,

永不再从我赐给他们的土地上拔除他们。”

这是你们的上帝耶和华说的。

Akuapem Twi Contemporary Bible

Amos 9:1-15

Wɔbɛsɛe Israel

1Mihuu Awurade sɛ ogyina afɔremuka no ho, na ɔkae se,

“Bɔ Asɔredan no afadum no atifi

na mma ne fapem no nwosow.

Munnwiriw ngu nnipa no nyinaa so;

wɔn a aka no mede afoa bekunkum wɔn.

Ɔbaako mpo rentumi nguan,

obiara rennya ne ho sɔnn.

2Mpo sɛ wotu fam kɔ ɔda mu a,

hɔ na me nsa bɛtwe wɔn afi aba.

Mpo sɛ wɔforo kɔ ɔsoro a,

hɔ na meyi wɔn afi aba fam.

3Mpo sɛ wɔkɔtetɛw bepɔw Karmel atifi a,

hɔ na metiw wɔn akɔkyere wɔn aba.

Mpo sɛ wɔde wɔn ho sie me wɔ po ase a,

hɔ na mɛhyɛ ɔwɔ no ama wakɔkeka wɔn.

4Mpo sɛ wɔn atamfo de wɔn kɔ nnommum mu a,

hɔ na mɛhyɛ afoa akunkum wɔn.

“Megyen mʼani ahwɛ wɔn.

Mede ɔsɛe bɛba wɔn so na meremmoa wɔn.”

5Awurade, Asafo Awurade,

Ɔno na ɔde ne nsa ka asase ma ɛnan,

ma wɔn a wɔte so nyinaa twa adwo.

Asase no nyinaa ma ne ho so te sɛ Nil

na ɛtwe te sɛ Misraim asubɔnten.

6Ɔno na osi nʼahemfi a ɛkorɔn wɔ ɔsoro

na ɔto ne fapem wɔ asase so.

Ɔno na ɔboaboa po mu nsu ano

na ohwie gu asase so.

Awurade ne ne din!

7“Mo Israelfo,

mo ho hia me sen Etiopiafo?”

Sɛnea Awurade se ni.

Manyi Israelfo amfi Misraim,

ne Filistifo amfi Kaftor,

ne Aramfo nso amfi Kir ana?

8“Ampa ara Otumfo Awurade ani

wɔ nnebɔne ahenni no so.

Mɛpepa no afi asase ani,

nanso merensɛe Yakobfi korakora,”

sɛnea Awurade se ni.

9“Na mɛhyɛ,

na mɛwosow Israelfi,

wɔ amanaman nyinaa mu,

sɛnea wohuhuw atoko so wɔ huhuamoa mu

na aba fua mpo ntɔ fam no.

10Nnebɔneyɛfo a wɔwɔ me nkurɔfo mu nyinaa

bɛtotɔ wɔ afoa ano,

wɔn a wɔka se,

‘Amanehunu rento yɛn anaa ɛremma yɛn so da no.’

Israel Nsiesiei

11“Saa da no, mɛsan aba abesi

“Dawid fi a abubu no bio.

Mesiesie ne mmeae a asɛesɛe no,

na masi no sɛnea na ɛte no,

12na wɔafa Edom nkae no

ne amanaman a me din da wɔn so.”

Awurade a waka no, ɔno na ɔbɛyɛ eyinom nyinaa.

13“Nna no reba,” sɛnea Awurade se ni,

“A nnɔbae no bɛba ntɛm ama otwafo no,

na bobe no abu so ama nea otiatia nsakyiamoa no so no.

Nsa foforo bɛsosɔ afi mmepɔw no so

na ateɛ afi nkoko no nyinaa so.

14Mede me nkurɔfo Israel nnommum bɛsan aba.

“Wɔbɛsan asiesie nkuropɔn a asɛe no na wɔatena mu.

Wɔbɛyɛ bobe nturo na wɔanom mu nsa;

wɔbɛyɛ mfikyifuw na wɔadi so nnuaba.

15Mede Israelfo bedua wɔn ankasa asase so

a wɔrentu bio da

mfi asase a mede ama wɔn no so,”

sɛnea Awurade, mo Nyankopɔn se ni.