阿摩司书 2 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

阿摩司书 2:1-16

对摩押的审判

1耶和华说:

摩押人三番四次地犯罪,

我必不收回对他们的惩罚,

因为他们把以东王的骸骨焚烧成灰。

2所以我要降火在摩押

烧毁加略的城堡。

摩押要在战争的喧嚣、吶喊和号角声中灭亡。

3我要铲除摩押的君王,

杀死那里所有的首领。

这是耶和华说的。”

对犹大的审判

4耶和华说:

犹大人三番四次地犯罪,

我必不收回对他们的惩罚,

因为他们厌弃耶和华的训诲,

不遵守我的律例。

他们祖先祭拜的偶像使他们走入歧途。

5所以我要降火在犹大

烧毁耶路撒冷的城堡。”

对以色列的审判

6耶和华说:

以色列人三番四次地犯罪,

我必不收回对他们的惩罚,

因为他们为了银子卖掉义人,

为了一双鞋子卖掉穷人。

7他们践踏穷人如同践踏地上的尘土,

使卑微的人无处申冤;

父子同淫一女,亵渎我的圣名。

8在每座祭坛旁边,

他们把穷人典当的衣服铺开,躺在上面,

又在上帝的殿里喝剥削来的酒。

9以色列人啊,

我在你们面前消灭了亚摩利人。

虽然他们像香柏树那样高大,

如橡树那样强壮,

但我灭尽了他们的果子,

砍断了他们的根。

10我带领你们离开埃及

在旷野引导你们四十年,

使你们得到亚摩利人的土地。

11我从你们的子孙中拣选先知,

从你们的青年中拣选拿细耳2:11 拿细耳人的详情参见民数记6:1-8

以色列人啊,难道不是这样吗?

这是耶和华说的。

12可是,你们迫使拿细耳人喝酒,

禁止先知传达我的话。

13看啊,我要压碎你们,

如满载谷物的车轧过一样。

14快捷的无法逃遁,

强壮的无力可施,

勇猛的救不了自己,

15拉弓的站立不住,

腿快的无法逃脱,

骑马的救不了自己。

16到那日,

最勇猛的战士也要丢盔弃甲,仓皇逃命。

这是耶和华说的。

Akuapem Twi Contemporary Bible

Amos 2:1-16

1Nea Awurade se ni:

“Moab ayɛ bɔne bebree ama no atra so,

ɛno nti, merennan mʼabufuw.

Ɔhyew Edomhene nnompe,

maa ɛdan nsõ.

2Mede ogya bɛto Moab mu,

na ahyew Keriot aban.

Moab bɛhwe ase wɔ huuyɛ,

ɔko nteɛteɛmu ne torobɛnto nnyigyei mu.

3Mɛsɛe ne hene

na makunkum ne mmapɔmma aka ne ho,”

sɛnea Awurade se ni.

4Nea Awurade se ni:

“Yuda ayɛ bɔne bebree ama no atra so,

ɛno nti, merennan mʼabufuw.

Wɔapo Awurade mmara no

na wɔanni nʼahyɛde so

efisɛ atoro anyame no

ama wɔafom ɔkwan no,

anyame a wɔn nenanom dii akyi no.

5Mede ogya bɛto Yuda mu

na ahyew Yerusalem aban.”

Israel Atemmu

6Nea Awurade se ni:

“Israel ayɛ bɔne bebree ama no atra so,

ɛno nti, merennan mʼabufuw.

Wɔtɔn atreneefo de gye dwetɛ,

ne ahiafo de gye mpaboa.

7Wotiatia ahiafo so

te sɛnea wɔyɛ fam mfutuma

na wɔma atɛntrenee bɔ mmɔborɔfo.

Agya ne ne ba ne ɔbea baako da

de gu me din kronkron no ho fi.

8Wɔdeda afɔremuka biara ho

wɔ wɔn awowa ntama so.

Wɔn anyame fi mu no,

wɔnom nsa a wɔagye sɛ mmaratode.

9“Mesɛee Amorifo no wɔ wɔn anim,

ɛwɔ mu sɛ wɔwoware te sɛ sida.

Wɔn ho nso yɛ den sɛ odum.

Nanso mesɛee nʼaba wɔ ne soro,

ne ne ntin wɔ nʼase.

10Miyii mo fii Misraim,

na midii mo anim mfirihyia aduanan wɔ sare so

sɛnea mede Amorifo asase bɛma mo.

11Miyiyii mo mmabarima no bi yɛɛ wɔn adiyifo,

ne mo mmerante ebinom sɛ Naserefo.

Na ɛnte saa ana, Israelfo?”

Nea Awurade bisa ni.

12“Nanso momaa Naserefo no nom nsa

na mohyɛɛ adiyifo no sɛ wɔnnhyɛ nkɔm.

13“Na afei, mɛdwerɛw mo

sɛnea teaseɛnam a aduan ayɛ no ma mia asase no.

14Ahoɔharefo rentumi nguan.

Ahoɔdenfo rennya ahoɔden,

na ɔkofo rennya ne ti nnidi mu.

15Agyantowfo rentumi nnyina nea ogyina.

Asraafo ahoɔharefo rentumi nguan,

na ɔpɔnkɔsotefo rentumi mpere ne nkwa.

16Mpo akofo akokodurufo

de adagyaw beguan wɔ saa da no,”

sɛnea Awurade se ni.