路加福音 7 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

路加福音 7:1-50

百夫长的信心

1耶稣向众人讲完道后,进了迦百农2当时,有一个百夫长很赏识的奴仆病了,生命垂危。 3百夫长听说耶稣的事,就托几位犹太人的长老去请耶稣来医治他的奴仆。 4他们便来恳求耶稣,说:“这位百夫长值得你帮助, 5因为他爱我们的同胞,为我们建造会堂。” 6耶稣就跟他们去了。

快抵达时,那百夫长又请几位朋友去见耶稣,对祂说:“主啊,不用劳驾,我不配让你亲自来我家。 7我自认不配见你的面,只要你一句话,我的奴仆必定康复。 8因为我有上司,也有部下。我命令我的部下去,他就去;要他来,他就来。我吩咐奴仆做什么事,他一定照办。”

9耶稣听了这番话,感到惊奇,转身对跟从祂的百姓说:“我告诉你们,就是在以色列,我也从未见过有这么大信心的人。”

10派去的几位朋友回到百夫长家里,发现那奴仆已经痊愈了。

寡妇的独子起死回生

11过了不久7:11 过了不久”有古卷作“次日”。,耶稣去拿因城,随行的有门徒和一大群人。 12耶稣快到城门口时,从城里走出一队送殡的人,死者是一个寡妇的独子,有许多城中的人陪着她。 13耶稣看见那寡妇,怜悯之心油然而生,就对她说:“不要哭!” 14随即上前按住抬尸架,抬的人停了下来。耶稣说:“年轻人,我吩咐你起来!” 15那死者就坐了起来,并开口说话。耶稣把他交给他母亲。

16在场的人惊惧万分,把荣耀归给上帝,说:“我们中间出了一位大先知!”又说:“上帝眷顾了祂的百姓!” 17有关祂的这消息传遍了犹太和附近地区。

施洗者约翰的疑问

18约翰从自己的门徒那里获悉这些事后, 19就叫了两个门徒来,派他们去问主:“将要来的那位就是你吗?还是我们要等别人呢?”

20他们找到耶稣,便问:“施洗者约翰派我们来请教你,‘将要来的那位就是你吗?还是我们要等别人呢?’”

21那时,耶稣刚治好了许多患各种疾病和被鬼附身的人,又使许多瞎子得见光明。 22耶稣便回答说:“你们回去把所见所闻告诉约翰,就是瞎子看见,瘸子走路,麻风病人得洁净,聋子听见,死人复活,穷人听到福音。 23凡对我没有失去信心的人有福了!”

耶稣称赞施洗者约翰

24约翰的门徒离去后,耶稣对众人谈论约翰,说:“你们从前去旷野要看什么呢?看随风摇动的芦苇吗? 25如果不是,你们到底想看什么?是看穿绫罗绸缎的人吗?那些衣着华丽、生活奢侈的人住在王宫里。 26你们究竟想看什么?看先知吗?是的,我告诉你们,他不只是先知。 27圣经上说,‘看啊,我要差遣我的使者在你前面为你预备道路。’这里所指的就是约翰28我告诉你们,凡妇人所生的,没有一个比约翰大,但上帝国中最微不足道的也比他大。”

29众百姓和税吏听了这番话,都承认上帝是公义的,因为他们接受了约翰的洗礼。 30但那些法利赛人和律法教师没有接受约翰的洗礼,拒绝了上帝为他们所定的旨意。

31主又说:“我用什么来比拟这个世代的人呢?他们像什么呢? 32他们就如街头上戏耍的孩童——彼此呼叫,

“‘我们吹娶亲的乐曲,

你们不跳舞;

我们唱送葬的哀歌,

你们不哭泣。’

33施洗者约翰来了,禁食禁酒,你们就说他被鬼附身了; 34人子来了,又吃又喝,你们就说,‘看啊,祂是个贪吃好酒之徒,与税吏和罪人为友!’ 35然而,智慧会在追求智慧的人身上得到验证。”

罪妇的悔改

36有一个法利赛人请耶稣到他家里吃饭,耶稣应邀赴宴。 37那城里住着一个女人,生活败坏。她听说耶稣在那法利赛人家里吃饭,就带了一个盛满香膏的玉瓶进去。 38她站在耶稣背后,挨着祂的脚哭,泪水滴湿了祂的脚,就用自己的头发擦干,又连连亲祂的脚,并抹上香膏。

39请耶稣的法利赛人看在眼里,心想:“如果这人真的是先知,就该知道摸祂的是谁,是个什么样的女人,她是个罪人。”

40耶稣对他说:“西门,我有话跟你说。”

西门答道:“老师,请说。”

41耶稣说:“有一个债主借给一个人五百个银币,又借给另一个人五十个银币。 42二人都没有能力还债,这位债主就免了他们的债务。你想,哪一位会更爱债主呢?”

43西门答道:“我相信是那个被免去较多债的人。”

44耶稣说:“你判断得对!”随后转向那女人,继续对西门说:“你看见这女人了吗?我到你家里来,你没有拿水给我洗脚,这女人却用她的眼泪洗我的脚,还亲自用头发擦干。 45你没有亲吻我,但我进来以后,这女人却不停地吻我的脚。 46你没有用油为我抹头,这女人却用香膏抹我的脚。 47所以我告诉你,她众多的罪都被赦免了,因此她的爱深切;那些获得赦免少的,他们的爱也少。”

48耶稣对那女人说:“你的罪都被赦免了。”

49同席的人彼此议论说:“这人是谁?竟然能赦免人的罪!”

50耶稣又对那女人说:“你的信心救了你,平安地走吧!”

Akuapem Twi Contemporary Bible

Luka 7:1-50

Ɔsraani Panyin Bi Gyidi

1Yesu kasa kyerɛɛ nkurɔfo no wiee no, ɔkɔɔ Kapernaum. 2Saa bere no ara mu na Roma ɔsraani panyin bi somfo a ɔpɛ nʼasɛm yiye yare denneennen a ɔreyɛ awu. 3Ɔsraani panyin no tee Yesu nka no, ɔsomaa Yudafo mpanyimfo bi se wɔnkɔsrɛ no na ɔmmɛsa ne somfo no yare mma no. 4Woduu Yesu nkyɛn no, wɔde asɛm no too nʼanim srɛɛ no sɛ, ɔmmoa ɔsraani panyin no, efisɛ ɔyɛ onipa pa. 5Wɔkae se, “Ɔyɛ obi a ɔdɔ yɛn man na wasi hyiadan ama yɛn.” 6Yesu ne wɔn sii mu.

Wɔreyɛ adu fie hɔ no, ɔsraani panyin no somaa ne nnamfo bi sɛ, wɔnkɔka nkyerɛ Yesu se, “Awurade, nhaw wo ho, na mensɛ sɛ woba me fi. 7Saa ara na memfata sɛ meba baabi a wowɔ. Kasa, na me somfo no ho bɛyɛ no den. 8Meyɛ obi a mehyɛ tumi ase, nanso mewɔ asraafo bebree hyɛ mʼase. Meka kyerɛ wɔn mu bi se, ‘Kɔ’ a, ɔkɔ. Meka kyerɛ ɔfoforo se, ‘Bra’ a, ɔba. Saa ara nso na mehyɛ me somfo sɛ, ‘Yɛ eyi’ a, ɔyɛ.”

9Yesu tee asɛm no, ne ho dwiriw no na ɔdan nʼani ka kyerɛɛ nnipakuw a wodi nʼakyi no se, “Anokwa, minhuu obiara a ɔwɔ gyidi sɛ saa ɔbarima yi wɔ Israelman nyinaa mu da.” 10Bere a abɔfo no san koduu fie hɔ no, wohuu sɛ ɔsomfo no ho ayɛ no den.

Yesu Nyan Okunafo Bi Ba Wɔ Nain

11Eyi akyi no, Yesu ne nʼasuafo ne nnipakuw bi a wɔka ne ho no kɔɔ kurow bi a wɔfrɛ no Nain mu. 12Woduu kurotia no, ohuu sɛ wɔrekosie obi. Na owufo no yɛ ɔbea kunafo bi a ɔwɔ kurow no mu no ba barima koro. Na adɔfo bebree di amu no akyi. 13Awurade Yesu huu no no, nʼasɛm yɛɛ no mmɔbɔ, na ɔka kyerɛɛ no se, “Gyae su!”

14Yesu kosoo funnaka no mu maa wɔn a ɛyɛ wɔn de no gyinae. Ɔka kyerɛɛ owufo no se. “Aberante, mise wo sɛ, nyan!” 15Aberante no sɔre tenaa ase na ɔkasae. Afei Yesu de no maa ne na.

16Nnipa no nyinaa ho dwiriw wɔn yiye na woyii Onyankopɔn ayɛ kae se, “Odiyifo kɛse bi asɔre wɔ yɛn mu, na Onyankopɔn asian aba ne manfo mu.” 17Nea Yesu yɛɛ yi ho asɛm trɛw koduu Yudea ne nkurow a atwa ho ahyia no nyinaa mu.

Yesu Ne Osuboni Yohane

18Yohane asuafo kɔbɔɔ no nea asi no nyinaa ho amanneɛ. 19Yohane somaa nʼasuafo no mu baanu kɔɔ Yesu nkyɛn kobisaa no se, “Wone nea ɔreba no, anaasɛ yɛntwɛn ɔfoforo?”

20Asuafo no duu Yesu nkyɛn no, wɔka kyerɛɛ no se, “Osuboni Yohane asoma yɛn wo nkyɛn se yemmebisa wo se, wone nea ɔreba no, anaasɛ yɛntwɛn ɔfoforo?”

21Saa bere no ara mu, Yesu saa nyarewa bebree; otuu ahonhommɔne na ɔmaa anifuraefo huu ade. 22Yesu buaa wɔn se. “Monkɔka nea moahu na moate yi nkyerɛ Yohane se, mema anifuraefo hu ade, mmubuafo nantew, mesa akwatafo yare, asotifo te asɛm, awufo nyan, meka asɛmpa kyerɛ honhom mu ahiafo. 23Nhyira ne wɔn a merento wɔn hintidua.”

Yesu Di Yohane Ho Adanse

24Yohane asuafo no fii Yesu nkyɛn kɔe no, Yesu dii Yohane ho adanse kyerɛɛ nnipakuw no. Obisaa wɔn se, “Mokɔɔ sare so no, dɛn na muhui? Sare a mframa rehim no ana? 25Ɛno de, dɛn na muhui? Obi a ofura sirikyi ana? Ahemfi na yehu wɔn a wodi yiye na wofura ntama pa. 26Anaa Onyankopɔn diyifo? Ɛno de, mereka akyerɛ mo se, nea muhuu no no sen odiyifo mpo. 27Na saa Yohane yi na Kyerɛwsɛm no ka fa ne ho se,

“ ‘Mɛsoma me bɔfo adi wʼanim kan.

Ɔno na obesiesie kwan ama wo.’

28Meka kyerɛ mo se onipa biara nni hɔ a wɔawo no a ɔyɛ kɛse sen Yohane. Nanso nea ɔyɛ akumaa koraa wɔ Onyankopɔn ahemman mu no sen no.”

29Na wɔn a wɔtee nea ɔkae no nyinaa a towgyefo mpo ka ho bi gye too mu se, Onyankopɔn yɛ ɔtreneeni; na wɔsakraa wɔn adwene maa Yohane bɔɔ wɔn asu. 30Na Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no de, wɔpoo Onyankopɔn asɛm nti, wɔamma Yohane ammɔ wɔn asu.

31Yesu bisaa wɔn se, “Dɛn na menka mfa nnɛmma yi ho; na dɛn ho na memfa wɔn ntoto? 32Wɔte sɛ mmofra bi a wɔregoru wɔ agodibea na wɔn mu bi reka akyerɛ afoforo se,

“ ‘Yɛhyɛn mmɛn maa mo,

nanso moansaw;

yetwaa agyaadwo,

nanso moansu.’

33Osuboni Yohane aba a onnidi na ɔnnom nsa nso muse, ‘Ɔwɔ honhommɔne.’ 34Onipa Ba no nso aba a odidi na ɔnom a muse, ‘Monhwɛ odidifo ne ɔkɔwensani a ɔyɛ towgyefo ne “nnebɔneyɛfo” adamfo!’ 35Nanso wɔn a wodi Onyankopɔn akyi nokware mu no de, wɔn bra di adanse sɛ, nʼakwan nyinaa ye.”

Ɔbea Debɔneyɛfo Sra Yesu Aduhuam

36Farisini bi frɛɛ Yesu adidi ma ɔpenee so kɔe. 37Ɔte hɔ redidi no, ɔbea bi a obu bra bɔne wɔ kurow no mu tee ne nka no, ɔde aduhuam bi a ɛsom bo tumpan ma kɔɔ hɔ. 38Ɔkotow Yesu nan ase sui, maa ne nusu no fɔw Yesu nan ase. Afei ɔde ne tinwi pepaa nisu no, soo ne nan de aduhuam no sraa ho.

39Farisini a ɔfrɛɛ Yesu adidi no huu nea ɔbea no yɛe no, ɔkaa wɔ ne tirim se, “Sɛ saa onipa yi yɛ odiyifo ampa ara a, anka obehu sɛ saa ɔbea yi bu ɔbra bɔne.”

40Yesu huu Farisini no adwene ma ɔka kyerɛɛ no se, “Simon, mewɔ asɛm bi ka kyerɛ wo.”

Simon nso ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, ka ɛ.”

41Yesu ka kyerɛɛ no se, “Osikani bi bɔɔ nnipa baanu bi bosea. Ɔmaa ɔbaako denare ahannum; na ɔbaako no nso ɔmaa no denare aduonum. 42Wɔn mu biara antumi antua ne ka a ɔde no no nti, ɔde kyɛɛ wɔn. Wɔn mu hena na wugye di sɛ ɔbɛpɛ ɔdefo no asɛm yiye?”

43Simon buae se, “Migye di sɛ nea ɔde ne ka kɛse kyɛɛ no no.”

Yesu kae se, “Woabua no yiye.”

44Afei Yesu dan nʼani kyerɛɛ ɔbea no bisaa Simon se, “Woahu saa ɔbea yi? Mebaa wo fi, woamma me nsu anhohoro mʼanan ase; nanso saa ɔbea yi de ne nisu ahohoro mʼanan ase, asan de ne tinwi apepa. 45Mebae yi, woanyɛ me atuu amfa amma me akwaaba; nanso efi bere a ɔbea yi bɛtoo me wɔ ha yi, onnyaee me nan mu so. 46Woamfa ngo amfɔw me tirim; nanso ɔbea yi de aduhuam a ɛsom bo asra mʼanan ase. 47Eyi nti mereka akyerɛ wo se, nea ɔbea yi ayɛ nti, wɔde ne bɔne a ɛdɔɔso no akyɛ no, efisɛ wayi ɔdɔ kɛse bi adi akyerɛ. Na nea wɔde ne bɔne a esua akyɛ no no, ne dɔ nso sua.”

48Afei Yesu ka kyerɛɛ ɔbea no se, “Wɔde wo bɔne akyɛ wo.”

49Wɔn a ɔne wɔn te adidii no bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Hena ne saa onipa yi a otumi de bɔne kyɛ?”

50Yesu ka kyerɛɛ ɔbea no se, “Wo gyidi agye wo nkwa. Fa asomdwoe kɔ.”