诗篇 7 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

诗篇 7:1-17

第 7 篇

求上帝伸张正义

大卫向耶和华唱的诗,与便雅悯人古实有关。

1我的上帝耶和华啊,我投靠你,

求你拯救我脱离追赶我的人。

2别让他们像狮子般撕裂我,

无人搭救。

3我的上帝耶和华啊,

倘若我犯了罪,

手上沾了不义;

4倘若我恩将仇报,

无故抢夺仇敌,

5就让仇敌追上我,

践踏我,使我声名扫地。(细拉)

6耶和华啊,

求你发怒攻击我暴怒的仇敌。

我的上帝啊,

求你来伸张正义。

7愿万民环绕你,

愿你从高天治理他们,

8愿你审判万民!

至高的耶和华啊,

我是公义正直的,

求你为我主持公道。

9鉴察人心肺腑的公义上帝啊,

求你铲除邪恶,扶持义人。

10上帝是我的盾牌,

祂拯救心地正直的人。

11上帝是公义的审判官,

天天向恶人发怒。

12他们若不悔改,祂必磨刀霍霍,

弯弓搭箭,诛灭他们。

13祂准备好了夺命的兵器,

火箭已在弦上。

14恶人心怀恶念,

居心叵测,滋生虚谎。

15他们挖了陷阱,却自陷其中。

16他们的恶行临到自己头上,

他们的暴力落到自己脑壳上。

17我要称谢耶和华的公义,

我要歌颂至高者耶和华的名。

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 7:1-17

Dwom 7

Dawid adesrɛ dwom a Benyaminni Kus nsɛm enti ɔto maa Awurade.

1Ao, Awurade me Onyankopɔn,

medwane metoa wo;

Gye me firi wɔn a wɔtaa me nyinaa nsam,

2anyɛ saa a wɔbɛtete me mu sɛ gyata

na wɔatete me mu asinasini a

obiara rentumi nnye me.

3Ao, Awurade me Onyankopɔn, sɛ mayɛ yei

na sɛ afɔdie aba me so a,

4sɛ mayɛ bɔne atia deɛ ɔne me te yie

anaasɛ mabɔ me ɔtamfoɔ korɔno kwa a,

5ɛnneɛ ma mʼatamfoɔ ntaa me na wɔmmɛto me;

ma wɔntiatia me so wɔ fam

na wɔmma me funu nna mfuturo mu.

6Sɔre wʼabufuo mu, Ao Awurade!

Sɔre tia mʼatamfoɔ abufuo.

Nyane, me Onyankopɔn; hyɛ atɛntenee mmara.

7Ma nnipadɔm mmɛtwa wo ho nhyia.

Firi soro hɔ di wɔn so;

8ma Awurade mmu nnipa no atɛn.

Bu me atɛn, Ao Awurade sɛdeɛ me teneneeyɛ teɛ,

sɛdeɛ me nokorɛdie teɛ, Ao Ɔsorosoroni.

9Ao Onyankopɔn teneneeni,

wo a wohwehwɛ adwene ne akoma mu,

fa amumuyɛfoɔ basabasayɛ bra awieeɛ

na ma ateneneefoɔ nya banbɔ.

10Mʼakokyɛm ne Ɔsorosoro Onyankopɔn

deɛ ɔgye akoma mu teneneeni no.

11Onyankopɔn yɛ ɔtemmufoɔ teneneeni,

Onyame a ɔda nʼabufuo adi da biara.

12Sɛ wansesa nʼadwene a,

ɔbɛse nʼakofena ano;

ɔbɛkuntunu ne tadua na ɔde bɛmma ahyɛ mu.

13Wasiesie ne kɔdiawuo akodeɛ;

ayɛ ne bɛmma a ɛrederɛ no krado.

14Deɛ ɔnyinsɛn amumuyɛ

na basabasayɛ ahyɛ no ma no, ɔwo nnaadaa.

15Deɛ ɔtu tokuro na ɔyi mu dɔteɛ no

hwe tokuro a watu no mu.

16Ɔhaw a ɔde ba no dane bɔ nʼankasa so;

ne basabasayɛ bɔ nʼankasa tiri so.

17Mede aseda bɛma Awurade

ne tenenee enti

na mato ayɛyi dwom ayi Awurade, Ɔsorosoroni no din ayɛ.