诗篇 65 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

诗篇 65:1-13

第 65 篇

赞美和感恩

大卫作的诗,交给乐长。

1上帝啊,

人们在锡安赞美你,

向你履行誓言。

2你垂听祷告,

世人都来到你面前。

3虽然我们深陷罪中,

你却赦免了我们。

4蒙你拣选、

能住在你圣所的人有福了!

我们在你美好的居所,

你圣洁的殿中心满意足。

5拯救我们的上帝啊,

你凭公义、行可畏之事来应允我们的祈求。

你是普天下的盼望。

6你充满力量,以大能创造群山,

7又平息怒海狂涛,

止息列邦的喧嚣。

8你奇妙的作为使远在地极的人心生敬畏,

你使日出之地和日落之处都传来欢呼声。

9你眷顾大地,降下沛雨,

使土地肥沃富饶。

上帝啊,你使江河涌流不息,

浇灌大地,为世人预备五谷。

10你降下甘霖,浇透垄沟,

滋润垄背,使地松软、

长出庄稼。

11你赐下丰年福月,

你的脚踪恩泽满溢。

12旷野的草地生机盎然,

山岭间充满欢乐,

13草场遍布羊群,

谷中长满庄稼,

处处欢歌笑语。

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 65:1-13

Dwom 65

Dawid dwom.

1Yɛn Nyankopɔn, ayeyi retwɛn wo wɔ Sion,

na yebedi yɛn bɔ a yɛahyɛ wo no so.

2Wo a woyɛ mpaebɔ tiefo,

wo nkyɛn na nnipa nyinaa bɛba.

3Bere a yɛn bɔne menee yɛn no,

wo na wode yɛn mmarato kyɛɛ yɛn.

4Nhyira nka wɔn a wuyi wɔn

ma wɔbɛn wo sɛ wɔntena wʼadiwo hɔ!

Nneɛma pa a ɛwɔ wo fi ahyɛ yɛn ma,

nea ɛwɔ wʼasɔredan kronkron mu no.

5Wode trenee nnwuma a ɛyɛ nwonwa ma yɛn mmuae,

Onyankopɔn, yɛn agyenkwa,

asase so mmaa nyinaa anidaso

ne po so akyirikyiri nso.

6Wonam wo tumi so yɛɛ mmepɔw

de daa wʼahoɔden adi.

7Wudwudwoo po asorɔkye ano,

asorɔkye no mmobɔwee,

ne amanaman no hooyɛ.

8Wɔn a wɔte akyirikyiri no suro wʼanwonwade;

faako a ade kye, nea anwummere yera,

wofrɛ ahurusi nnwom wɔ hɔ.

9Wohwɛ asase no gugu so nsu;

woma no yɛ asase pa ma ɛboro so.

Wode nsu hyɛ Onyankopɔn nsuwansuwa ma

sɛnea ɛbɛma nnipa no aduan,

efisɛ saa ne nea woahyɛ.

10Wofɔw nea woafuntum hɔ no fɔkyee

na wokaa nkɔmoa no kataa so;

wode nsu petee so ma no yɛɛ bɛtɛɛ

na wuhyiraa so afifide.

11Wode nnɔbae bebree wiee afe no,

na wo nteaseɛnam yɛɛ ma buu so.

12Sare so nwura dɔɔso

na anigye baa nkoko so.

13Nguankuw ahyɛ adidibea hɔ ma

na awi akata aku no so;

wɔbɔ ose, to ahosɛpɛw dwom.