诗篇 53 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

诗篇 53:1-6

第 53 篇

人的邪恶

大卫作的训诲诗,交给乐长,调用“麻哈拉”。

1愚昧人心里想:

“没有上帝。”

他们全然败坏,行为邪恶,

无人行善。

2上帝从天上俯视人间,

要看世上有没有明智者,

有没有寻求祂的人。

3人们都背弃祂,

都败坏不堪,无人行善,

连一个都没有!

4恶人吞吃我的百姓如同吃饭,

他们不求告上帝。

难道他们无知吗?

5因此,他们必陷入空前的惊恐。

上帝必使攻击你的仇敌粉身碎骨,

你必使他们蒙羞受辱,

因为上帝弃绝了他们。

6以色列的拯救来自锡安

上帝救回祂被掳的子民时,

雅各要欢喜,以色列要快乐。

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 53:1-6

Dwom 53

Dawid dwom.

1Ɔkwasea ka wɔ ne koma mu se,

“Onyankopɔn bi nni hɔ.”

Porɔwee adi wɔn, na wɔn akwan yɛ animguase.

Obiara nni hɔ a ɔyɛ ade pa.

2Onyankopɔn fi ɔsoro hwɛ adesamma wɔ fam

sɛ obehu wɔn mu bi a

wɔwɔ ntease,

anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn.

3Nanso nnipa nyinaa atwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho;

wɔn nyinaa ayɛ bɔne.

Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa.

Ɔbaako mpo nni hɔ.

4Enti abɔnefo rensua nyansa ana?

Wɔwe me nkurɔfo sɛnea nnipa di aduan.

Wonnsu mfrɛ Onyankopɔn.

5Wɔn na wɔwɔ hɔ a wɔabɔ huboa

wɔ faako a ehu nni.

Onyankopɔn hwetee wɔn a wɔtow hyɛɛ wo so no nnompe mu;

wuguu wɔn anim ase, efisɛ Onyankopɔn buu wɔn animtiaa.

6Ao, Israel nkwagye mfi Sion mmra!

Awurade bɛsan de ne nkurɔfo agyapade ama wɔn.

Na Yakob adi ahurusi, na Israel ani agye!