诗篇 147 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

诗篇 147:1-20

第 147 篇

赞美上帝复兴耶路撒冷

1你们要赞美耶和华!

歌颂我们的上帝,真是美好!

赞美祂,真是快乐合宜!

2耶和华重建耶路撒冷

召集被掳去的以色列人。

3祂医治心灵破碎的人,

包扎他们的创伤。

4祂决定众星的数目,

给它们一一命名。

5我们的主伟大无比,充满力量,

祂的智慧没有穷尽。

6耶和华扶持谦卑人,

毁灭邪恶人。

7你们要以感恩的心歌颂耶和华,

弹琴赞美我们的上帝。

8祂以云霞遮蔽天空,

降雨水滋润大地,

使山上长出绿草。

9祂赐食物给走兽,

喂养嗷嗷待哺的小乌鸦。

10耶和华所喜悦的不是强健的马匹,

也不是矫捷的战士,

11而是敬畏祂、仰望祂慈爱的人。

12耶路撒冷啊,要颂赞耶和华;

锡安啊,要赞美你的上帝。

13因为祂使你的城门坚固,

赐福给你的儿女。

14祂使你四境平安,

饱享上好的麦子。

15祂向大地发出命令,

祂的话迅速传开。

16祂降下羊毛般的白雪,

撒下炉灰般的寒霜。

17祂抛下碎石般的冰雹,

谁能经得住祂降下的严寒呢?

18祂一声令下,冰雪便溶化,

微风便吹拂,河川便奔流。

19祂将自己的话传于雅各

将自己的律例和法令指示以色列

20祂未曾这样对待其他国家,

他们不知道祂的律法。

你们要赞美耶和华!

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 147:1-20

Dwom 147

1Monkamfo Awurade.

Ɛyɛ sɛ wɔto ayɛyie dwom ma yɛn Onyankopɔn,

ɛyɛ fɛ na ɛfata sɛ wɔkamfo no!

2Awurade kyekyere Yerusalem;

Ɔboaboa Israel nnommumfoɔ ano.

3Ɔsa wɔn a wɔn akoma abotoɔ yadeɛ

na ɔkyekyere wɔn akuro.

4Ɔnim nsoromma no dodoɔ

na ɔde obiara din frɛ no.

5Yɛn Awurade so, na ne tumi yɛ kɛseɛ;

yɛrente nʼase nwie.

6Awurade wowa ahobrɛasefoɔ

na ɔtoto amumuyɛfoɔ hwe fam.

7Monto aseda nnwom mma Awurade.

Momfa sankuo nto dwom mma yɛn Onyankopɔn.

8Ɔde omununkum kata ɔsoro ani;

ɔde osutɔ ma asase

ma ɛserɛ nyini wɔ nkokoɔ so.

9Ɔma anantwie aduane

na sɛ anene mma su a, ɔma wɔn aduane.

10Ɛnyɛ ɔpɔnkɔ ahoɔden na nʼani sɔ

na ɛnyɛ onipa ahoɔden nso.

11Na mmom, Awurade ani sɔ nnipa a wɔsuro no,

wɔn a wɔde wɔn ho to nʼadɔeɛ a ɛnsa da no so no.

12Momma Awurade so, Ao Yerusalem;

kamfo wo Onyankopɔn, Ao Sion,

13ɔma wʼapono akyi adaban yɛ den

na ɔhyira wo nkurɔfoɔ a wɔte wo mu.

14Ɔma wʼahyeɛ so dwo

na ɔde ayuo amapa ma wo.

15Ɔsoma nʼahyɛdeɛ kɔ asase so;

nʼasɛm tu mmirika ntɛm so.

16Ɔtrɛ sukyerɛmma mu sɛ odwan ho nwi,

na ɔpete obosuo nsukyeneeɛ sɛ nsõ.

17Ɔtoto asukɔtweaa gu fam sɛ mmosea.

Hwan na ɔbɛtumi agyina nʼawɔ denden no ano?

18Ɔsoma nʼasɛm no ma ɛnane no;

ɔhwanyane ne mframa, na nsuo tene.

19Wada nʼasɛm adi akyerɛ Yakob,

ne mmara ne ɔhyɛ nsɛm akyerɛ Israel.

20Ɔnyɛɛ yei mmaa aman foforɔ biara;

wɔnnim ne mmara.

Monkamfo Awurade!