诗篇 106 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

诗篇 106:1-48

第 106 篇

上帝恩待祂的子民

(平行经文:历代志上16:34-36

1你们要赞美耶和华!

要称谢耶和华,

因为祂是美善的,

祂的慈爱永远长存!

2谁能述说耶和华的大能作为?

谁能道尽祂当受赞美之处?

3那些行事公正,

持守公义的人有福了。

4耶和华啊!

你恩待你子民的时候,

求你别忘了我;

你拯救他们的时候,

求你帮助我,

5使我看到你所拣选的人繁荣昌盛,

与他们同乐,

与你的子民一同夸耀。

6我们跟祖先一样也犯了罪,

行事邪恶。

7我们祖先在埃及漠视你行的神迹,

忘记你向他们屡施慈爱,

海边反叛你。

8但祂为了自己的名拯救了他们,

以彰显祂的大能。

9祂斥责海,海就干了,

祂带领他们走过深渊,

如履干地。

10祂救他们逃脱敌人的追赶,

从仇敌的手中救赎了他们。

11海水淹没了敌军,

没有一人生还。

12那时他们才相信祂的话,

歌唱赞美祂。

13然而,他们很快忘了祂的作为,

不愿等候祂的引导。

14他们在旷野大起贪念,

试探上帝。

15祂满足了他们的要求,

但在他们当中降下了瘟疫。

16他们还在营中嫉妒摩西和耶和华拣选为祭司的亚伦

17于是大地裂开,

吞没了大坍亚比兰和他们的家人。

18火在他们的党羽中烧起,

消灭了这些恶人。

19他们在何烈山铸造牛犊,祭拜偶像,

20他们把荣耀的上帝变成了吃草之牛的铸像。

21他们忘记了拯救他们的上帝,

祂曾在埃及行奇事,

22地行神迹,

海边行可畏的事。

23因此祂说要消灭他们。

若不是祂所拣选的摩西为他们求情,

祂早已在烈怒中毁灭了他们。

24他们藐视那佳美之地,

不相信祂的应许。

25他们在帐篷里发怨言,

不听从祂的命令。

26因此,祂举手起誓要使他们倒毙在旷野,

27使他们的后代分散到各族各方去。

28他们在毗珥祭拜巴力

吃献给假神的祭物。

29他们的所作所为触怒耶和华,

以致瘟疫降在他们中间,

30直到非尼哈起来惩罚罪人,

瘟疫才停止。

31这就是他的义行,世代永存。

32他们在米利巴泉边惹耶和华发怒,

连累了摩西

33因为他们惹摩西发怒,

以致他说了鲁莽的话。

34他们没有照耶和华的命令消灭外族人,

35反倒与他们混居,

仿效他们的习俗,

36拜他们的神像,陷入网罗。

37他们把自己的儿女当祭物献给鬼魔,

38他们把自己的儿女献给迦南的神像作祭物,

流他们儿女无辜的血,

玷污了那地方。

39他们的行为玷污了自己,

使自己沦为淫妇。

40耶和华因此向祂的子民发怒,

厌恶他们,

41使他们落在列邦的手中,

受敌人的辖制。

42他们的敌人压迫他们,

奴役他们。

43祂多次拯救他们,

他们却执意背叛,

陷入罪中不能自拔。

44但祂听见他们在苦难中呼求时,

仍然眷顾他们。

45祂没有忘记与他们立的约,

因祂伟大无比的爱而怜悯他们。

46祂使掳掠他们的人怜悯他们。

47我们的上帝耶和华啊,

求你拯救我们,

从各国招聚我们,

使我们可以称谢你的圣名,

欢然赞美你。

48以色列的上帝耶和华永永远远当受称颂。

愿万民都说:“阿们!”

你们要赞美耶和华!

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 106:1-48

Dwom 106

1Monkamfo Awurade!

Monna Awurade ase na ɔyɛ;

na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

2Hwan na ɔbɛtumi aka nneɛma akɛseɛ a Awurade ayɛ?

Anaasɛ ɔbɛtumi aka ne nkamfo awie?

3Nhyira nka wɔn a wɔkɔ so bu atɛntenenee,

na daa wɔyɛ deɛ ɛyɛ.

4Ao Awurade, sɛ wohunu wo nkurɔfoɔ mmɔbɔ a kae me.

Sɛ wogye wɔn nkwa a, boa me,

5na manya wɔn a wapa wɔn no yiedie mu kyɛfa,

na manya wo manfoɔ anigyeɛ no mu kyɛfa

na me ne wʼagyapadeɛ no abɔ mu de nkamfo ama wo.

6Yɛayɛ bɔne sɛdeɛ yɛn nananom yɛeɛ no;

yɛayɛ mfomsoɔ na yɛadi atirimuɔdensɛm.

7Ɛberɛ a yɛn nananom wɔ Misraim no,

wɔannwene wo nsɛnkyerɛnneɛ ho;

wɔankae wʼadɔeɛ bebrebe no,

na wɔtee atua wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho.

8Nanso, ne din enti ɔgyee wɔn nkwa,

sɛdeɛ ɔbɛda ne tumi kɛseɛ no adi.

9Ɔteaa Ɛpo Kɔkɔɔ no ma ɛwee;

ɔde wɔn faa abunu mu te sɛ ɛserɛ so.

10Ɔgyee wɔn firii ɔtamfoɔ no nsam;

deɛ ɔtane wɔn nsam na ɔyii wɔn firiiɛ.

11Nsuo kataa wɔn atamfoɔ so;

na ɔbaako mpo annya nkwa.

12Afei wɔgyee ne bɔhyɛ no diiɛ

na wɔtoo nʼayɛyie dwom.

13Nanso, ntɛm so, wɔn werɛ firii deɛ wayɛ

na wɔantwɛn nʼagyinatuo.

14Akɔnnɔ bɛhyɛɛ wɔn mu wɔ ɛserɛ so hɔ,

na wɔ asase paradada no so, wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛeɛ,

15enti ɔmaa wɔn deɛ wɔbisaeɛ,

nanso, ɔde ɔfɔn yadeɛ baa wɔn so.

16Na nsraban mu hɔ wɔn ani beree Mose

ne Aaron a Awurade ate ne ho no.

17Asase mu buee na ɛmenee Datan

na ɛsiee Abiram asafo no.

18Egya tɔɔ wɔn akyidifoɔ no mu;

ogyaframa hyee amumuyɛfoɔ no.

19Wɔyɛɛ nantwie ba wɔ Horeb

na wɔkotoo ohoni a wɔde fagudeɛ ayɛ.

20Wɔsesaa wɔn Animuonyam.

Wɔde nantwinini, a ɔwe ɛserɛ nsɛsodeɛ.

21Wɔn werɛ firii Onyankopɔn a ɔgyee wɔn nkwa,

deɛ ɔyɛɛ nneɛma akɛseɛ wɔ Misraim no,

22nsɛnkyerɛnneɛ a ɔyɛɛ wɔ Ham asase so

ne nneɛma a ɛyɛ hu wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ ho no.

23Enti ɔkaa sɛ ɔbɛsɛe wɔn,

nanso Mose a ɔyɛ deɛ wapa noɔ no

sɔre gyinaa Onyankopɔn ne nnipa no ntam;

ɔsrɛɛ no, dwodwoo nʼabufuo no ano sɛdeɛ ɔrensɛe wɔn.

24Afei, wɔn ani ansɔ asase fɛfɛ no;

na wɔannye ne bɔhyɛ anni.

25Wɔnwiinwii wɔ wɔn ntomadan mu

na wɔannyɛ ɔsetie amma Awurade.

26Enti ɔmaa ne nsa so kaa ntam kyerɛɛ wɔn sɛ

ɔbɛma wɔn atotɔ wɔ ɛserɛ no so,

27ɔbɛma wɔn asefoɔ atotɔ wɔ amanaman mu

na wabɔ wɔn ahwete nsase nyinaa so.

28Wɔde wɔn ho bɔɔ Baal-peor ho

na wɔdii afɔrebɔdeɛ a wɔde ama anyame a wɔnni nkwa;

29wɔde wɔn atirimuɔdensɛm hyɛɛ Awurade abufuo

na ɔyaredɔm sii wɔn mu.

30Na Pinehas sɔre dii agyinamu,

na Awurade sii ɔyaredɔm no ano.

31Wɔde yei yɛɛ tenenee maa Pinehas

wɔ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛnni awieeɛ a ɛbɛba no mu.

32Meriba nsuo ho nso, wɔhyɛɛ Awurade abufuo,

na wɔn enti, ɔhaw baa Mose so,

33ɛfiri sɛ wɔtee Onyankopɔn Honhom anim atua,

na asɛm a wannwene ho firii Mose anomu.

34Wɔansɛe nnipa no

sɛdeɛ Awurade hyɛɛ wɔn no,

35nanso wɔde wɔn ho frafraa amanaman no

yɛɛ nneɛma a wɔyɛ no bi.

36Wɔsomm wɔn ahoni

na ɛbɛyɛɛ afidie maa wɔn.

37Wɔde wɔn mmammarima

ne wɔn mmammaa bɔɔ afɔdeɛ maa abosom.

38Wɔkaa mogya a ɛdi bem guiɛ;

wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa mogya a

wɔde bɔɔ afɔdeɛ maa Kanaan ahoni no

maa asase no ho guu fi.

39Wɔde deɛ wɔyɛeɛ no guu wɔn ankasa ho fi;

wɔnam deɛ wɔyɛeɛ no so bɔɔ adwaman.

40Enti, Awurade bo fuu ne nkurɔfoɔ;

na ɔkyirii nʼagyapadeɛ.

41Ɔdanee wɔn maa amanaman no,

na wɔn atamfoɔ dii wɔn so.

42Wɔn atamfoɔ hyɛɛ wɔn so

na wɔkaa wɔn hyɛɛ wɔn tumi ase.

43Mpɛn bebree, Awurade gyee wɔn,

nanso wɔkɔɔ so tee atua

na wɔsɛe wɔ wɔn bɔne mu.

44Nanso ɔhunuu wɔn ahohiahia

ɛberɛ a wɔsu frɛɛ noɔ no;

45Wɔn enti, ɔkaee nʼapam no

na ɔfirii nʼadɔeɛ kɛseɛ no mu hunuu wɔn mmɔbɔ.

46Ɔmaa sodifoɔ a wɔafa wɔn nnommum no

nyaa ahummɔborɔ maa wɔn.

47Gye yɛn, Ao Awurade yɛn nkwagyeɛ Onyankopɔn,

na boaboa yɛn ano firi amanaman so,

na yɛada wo din kronkron no ase,

na yɛde nkamfo ahyɛ wo animuonyam.

48Ayɛyie nka Awurade, Israel Onyankopɔn,

ɛmfiri mmerɛsanten nkɔsi nnasanten.

Momma nnipa no nyinaa nka sɛ, “Amen!”

Monkamfo Awurade.