耶利米书 8 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

耶利米书 8:1-22

1耶和华说:“那时,犹大王、首领、祭司、先知及耶路撒冷居民的骸骨都要从坟墓中被挖出来, 2抛散在他们昔日恋慕、供奉、追随、求问、祭拜的日月星辰之下,无人收殓和埋葬,他们好像地上的粪便。 3我要把这邪恶民族的余民流放异地,他们在那里必痛不欲生。这是万军之耶和华说的。”

4耶和华吩咐我对犹大人说:

“人跌倒后难道不站起来吗?

人走错了路难道不回头吗?

5为什么耶路撒冷的居民一味地背叛我?

他们诡诈成性,不肯回头。

6我仔细听,没有人说实话,

没有人为自己的恶行后悔,说,

‘我做了可怕的事!’

人人一意孤行,

像战马直奔战场。

7天空的鹳鸟尚且知道来去的季节,

斑鸠、燕子和白鹤也遵守迁徙的时间,

但我的子民却不认识耶和华的法则。

8“你们怎能说,‘我们有智慧,

因为我们有耶和华的律法’?

事实上,律法教师撒谎的笔把律法篡改了。

9智者必蒙羞辱,受惊吓,

被捉拿。

看啊,他们既弃掉耶和华的话,

哪里还有智慧可言呢?

10因此,我要把他们的妻子和田地交给别人,

因为他们无论贵贱,

个个贪图不义之财;

无论是先知还是祭司,

都行为诡诈。

11他们敷衍了事地医治我子民的伤痛,说,

‘没事了,没事了!’

其实情况很糟。

12他们做可憎的事会羞愧吗?

不!他们不知廉耻,

毫不脸红。

因此,他们要与其他人一样灭亡,

死在我的惩罚下。

这是耶和华说的。

13我要彻底灭绝他们。

葡萄树必没有葡萄,

无花果树必没有果子,

树叶也要枯干,

我所赐给他们的都要被夺走。

这是耶和华说的。”

14他们说:“我们为什么还坐在这里?

大家一起进入坚城,死在那里吧!

我们的上帝耶和华要毁灭我们,

给我们毒药喝,

因为我们得罪了祂。

15我们期待平安,

却没有平安;

渴望得到医治,

却饱受惊吓。

16“从传来敌人战马的嘶鸣,

声音震动大地。

他们要来吞灭我们的土地和作物、城邑和居民。

17“看啊,我要派毒蛇去咬你们,

法术无法制服它们。”

这是耶和华说的。

18我有无限忧愁,伤心欲绝。

19听啊!远处传来我同胞的哀鸣:

“难道耶和华不在锡安了吗?

难道她的王不在她那里了吗?”

耶和华说:“他们为什么供奉雕刻的神像和外族无用的偶像,惹我发怒?”

20他们说:“麦收已完,

夏季已过,

但我们还未得救。”

21同胞的创伤令我伤心欲绝,

痛苦万分,

惊慌失措。

22难道基列没有药物、

没有医生吗?

为什么我同胞的创伤至今未愈?

Asante Twi Contemporary Bible

Yeremia 8:1-22

1“ ‘Saa ɛberɛ no, sɛdeɛ Awurade seɛ nie, wɔbɛyiyi Yuda ahemfo ne adwumayɛfoɔ nnompe, asɔfoɔ ne adiyifoɔ nnompe ne Yerusalemfoɔ nnompe afiri wɔn nnamena mu. 2Wɔbɛsɛ no kɛtɛ wɔ awia ne ɔsrane ne ɔsorosoro nsoromma nyinaa a wɔdɔɔɛ na wɔsomeeɛ na wɔdii akyire no ase. Wɔremmoa wɔn ano na wɔrensie wɔn, mmom, wɔbɛyɛ sɛ sumina a ɛgugu fam. 3Saa ɔman bɔne yi nkaeɛfoɔ no, baabiara a mɛtwa wɔn asuo akɔ no, wɔbɛpɛ sɛ wɔbɛwu sene sɛ wɔbɛtena nkwa mu, sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.’

Bɔne Ne Asotwe

4“Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade seɛ nie:

“ ‘Sɛ nnipa hwe ase a, wɔnsɔre anaa?

Sɛ onipa dane ne ho a, ɔnsane nʼakyi anaa?

5Afei adɛn enti na saa nnipa yi adane wɔn ho?

Adɛn enti na Yerusalem dane ne ho daa yi?

Wɔkura nnaadaa mu pintinn;

na wɔmpɛ sɛ wɔsane wɔn akyi.

6Mawɛn maso matie,

nanso wɔnnka deɛ ɛtene.

Wɔn mu biara nnu ne ho wɔ nʼamumuyɛ ho,

na ɔka sɛ, “Ɛdeɛn na mayɛ?”

Obiara fa ɔno ara ɛkwan so

te sɛ ɔpɔnkɔ a ɔrebɔ hyia dɔm.

7Mpo asukɔnkɔn a ɔwɔ ewiem

nim ne mmerɛ a wɔahyehyɛ ama no,

na aturukuku, asomfena ne anyankuku

hunu ɛberɛ a wɔtu kɔtena baabi,

nanso me nkurɔfoɔ nnim

deɛ Awurade hwehwɛ.

8“ ‘Adɛn na motumi ka sɛ, “Yɛnim nyansa,

ɛfiri sɛ yɛwɔ Awurade mmara,”

wɔ ɛberɛ a atwerɛfoɔ twerɛdua torofoɔ

de atorɔ adanedane mu?

9Anyansafoɔ no anim bɛgu ase;

wɔn ho bɛdwiri wɔn na afidie ayi wɔn.

Sɛ wɔapo Awurade asɛm no a,

na ɛdeɛn nyansa na wɔwɔ?

10Mede wɔn yerenom bɛma mmarimma foforɔ

ne wɔn mfuo nso ama afoforɔ.

Ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so,

wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfoɔ de pɛ ahonya;

adiyifoɔ ne asɔfoɔ te saa,

wɔn nyinaa yɛ asisifoɔ.

11Wɔmia me nkurɔfoɔ apirakuro

te sɛ deɛ ɛnyɛ hu.

Wɔka sɛ, “Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ”

wɔ mmerɛ a asomdwoeɛ nni hɔ.

12Wɔn ani wu wɔ wɔn animguaseɛ nneyɛɛ no ho anaa?

Dabi, wɔn ani nnwu koraa;

wɔnnim fɛreɛ mpo.

Enti wɔbɛtotɔ wɔ atɔfoɔ mu;

sɛ metwe wɔn aso a, wɔbɛhwehwe ase,

sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

13“ ‘Mɛfa wɔn otwa berɛ nnɔbaeɛ akɔ,

deɛ Awurade seɛ nie.

Aba biara remma bobe nnua no so.

Aba biara remma borɔdɔma nnua no so,

ɛso nhahan bɛdwindwan.

Deɛ mede ama wɔn no

wɔbɛgye afiri wɔn nsam.’ ”

14Adɛn enti na yɛtete ha?

Mommoaboa mo ho ano!

Momma yɛnnwane nkɔ nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ mu

na yɛnkɔwuwu wɔ hɔ!

Ɛfiri sɛ Awurade yɛn Onyankopɔn abu yɛn kumfɔ

na wama yɛn nsuo a awuduro wɔ mu sɛ yɛnnom,

ɛfiri sɛ yɛayɛ bɔne atia no.

15Yɛhwɛɛ ɛkwan sɛ yɛbɛnya asomdwoeɛ

nanso biribi pa biara amfiri mu amma,

yɛhwɛɛ ayaresa berɛ ɛkwan

nanso ehu nko ara na ɛkaa yɛn.

16Wɔte atamfoɔ no apɔnkɔ homee

firi Dan;

na wɔn apɔnkɔnini su

ma asase no nyinaa woso.

Wɔaba sɛ wɔrebɛsɛe

asase no ne ɛso nneɛma nyinaa,

kuropɔn no ne wɔn a wɔtete mu nyinaa.

17“Hwɛ, mɛsoma awɔ a wɔn ano wɔ borɔ aba mo mu,

nhurutoa a wɔntumi nnwodwo wɔn,

na wɔbɛkeka mo,”

deɛ Awurade seɛ nie.

18Ao mʼawerɛhoɔ mu ɔwerɛkyekyefoɔ,

mʼakoma aboto wɔ me mu.

19Tie me nkurɔfoɔ sufrɛ

a ɛfiri akyirikyiri asase so:

Awurade nni Sion anaa?

Ne Ɔhene no nni hɔ bio anaa?”

“Adɛn enti na wɔde wɔn nsɛsodeɛ ahyɛ me abufuo,

wɔn ananafoɔ ahoni huhuo no?”

20“Otwa berɛ no atwam,

ahuhuro berɛ no aba awieeɛ,

na wɔnnyee yɛn nkwa.”

21Sɛ wɔadwerɛ me nkurɔfoɔ no enti, wɔadwerɛ me;

medi awerɛhoɔ, na ahodwirie akyekyere me.

22Aduro bi nni Gilead anaa?

Ɔyaresafoɔ bi nni hɔ anaa?

Na afei adɛn enti na ayaresa nni hɔ

mma me nkurɔfoɔ apirakuro?