耶利米书 46 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

耶利米书 46:1-28

关于埃及的预言

1耶和华把有关列国的事告诉了耶利米先知。 2犹大约西亚的儿子约雅敬执政第四年,埃及王法老尼哥的军队在幼发拉底河边的迦基米施巴比伦尼布甲尼撒击败。论到埃及,耶和华说:

3“要预备大小盾牌,

冲向战场。

4要套好战车,

骑上战马,

擦亮矛枪,

顶盔贯甲。

5可是,我看见的是什么呢?

他们惊慌后退,

勇士败逃,不敢回头,

惊恐不安。

这是耶和华说的。

6善跑者跑不掉,

强壮者逃不了,

他们扑倒在北面的幼发拉底河边。

7“那如尼罗河涨溢,

如江水奔腾的是谁呢?

8埃及尼罗河涨溢,

如江水奔腾。

她说,‘我要涨溢,淹没大地,

毁灭城邑和其中的居民。’

9战马奔驰吧!

战车疾驶吧!

勇士啊,就是那些手拿盾牌的古实人和人以及箭法娴熟的吕底亚人啊,出战吧!

10因为这是主——万军之耶和华向敌人报仇的日子。

刀剑必吞噬他们,

痛饮他们的血,

因为要在北方的幼发拉底河边向主——万军之耶和华献祭。

11埃及人啊,

基列取乳香吧!

然而,再多的良药也无法医治你们。

12你们的耻辱传遍列国,

你们的哀哭响彻大地,

你们的勇士彼此碰撞,

倒在一起。”

13论到巴比伦尼布甲尼撒要来攻打埃及的事,耶和华对耶利米先知说:

14“你要在埃及宣布,在密夺挪弗答比匿宣告,

‘你们要准备战斗,

因为刀剑要吞噬你们周围的人。’

15你们的勇士为何扑倒?

他们无法坚立,

因为耶和华击倒了他们,

16使他们跌跌绊绊,纷纷倒下。

他们说,‘起来,我们回到同胞那里,回到故乡吧,

好躲避敌人的刀剑。’

17他们在那里喊叫,

埃及王法老只会虚张声势,

他已错失良机。’”

18名叫万军之耶和华的王说:

“我凭我的永恒起誓,

将有一位要来,

他的气势如群山中的他泊山,

又像海边的迦密山。

19住在埃及的子民啊,

收拾行装准备流亡吧!

因为挪弗必被烧毁,

沦为废墟,杳无人迹。

20埃及像头肥美的母牛犊,

但从北方却来了牛虻。

21埃及的佣兵好像肥牛犊,

都转身逃之夭夭,无力抵挡,

因为他们遭难、受罚的日子到了。

22“敌军进攻的时候,

埃及必像蛇一样嘶嘶地溜走。

敌军必拿着斧头蜂拥而来,

像樵夫砍树一样攻击他们。

23埃及的人口虽然稠密如林,

敌军必像无数的蝗虫一样扫平他们。

这是耶和华说的。

24埃及人必蒙羞,

落在北方人的手中。”

25以色列的上帝——万军之耶和华说:“看啊,我要惩罚提比斯的神明亚扪埃及的其他神明、法老、首领以及依靠法老的人。 26我要把他们交在想杀他们的巴比伦尼布甲尼撒及其官长手中。然而,日后埃及必再有人居住,如往日一样。这是耶和华说的。

27“我的仆人雅各啊,不要害怕!

以色列人啊,不要惊慌!

因为我要从远方把你们救回来,

使你们从流亡之地归回。

你们必重返家园,安享太平,

无人搅扰。

28我的仆人雅各啊,不要害怕,

因为我与你同在。

我曾使你流亡到列国,

我必彻底毁灭列国,

但不会彻底毁灭你,

也不会饶过你,

我必公正地惩治你。

这是耶和华说的。”

Asante Twi Contemporary Bible

Yeremia 46:1-28

Nsɛm A Ɛfa Misraim Ho

1Yei ne asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn baa odiyifoɔ Yeremia hɔ a ɛfa aman no ho.

2Deɛ ɛfa Misraim ho no nie:

Yei ne nsɛm a ɛtia Misraimhene Farao Neko akodɔm a Babiloniahene Nebukadnessar dii wɔn so nkonim wɔ Karkemis, Asubɔnten Eufrate ho wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoakim adedie afe a ɛtɔ so ɛnan no:

3“Siesie wʼakokyɛm, akɛseɛ ne nketewa nyinaa,

na montu ntene nkɔ ɔsa!

4Monsiesie apɔnkɔ no,

na momforo ntenatena wɔn so.

Monyinagyina mo afa

a mo dadeɛ kyɛ hyehyɛ mo!

Monse mo mpea ano,

na monhyɛ mo nkataboɔ.

5Ɛdeɛn na mehunu?

Wɔabɔ hu,

wɔresane wɔn akyi,

wɔn nnɔmmarima adi nkoguo.

Wɔdwane ntɛm so

a wɔnnhwɛ wɔn akyi,

na ehu wɔ baabiara,”

Awurade na ɔseɛ.

6Ɔhoɔherɛfoɔ ntumi nnwane,

na ɔhoɔdenfoɔ nso saa ara.

Atifi fam wɔ Asubɔnten Eufrate ho

wɔsuntisunti na wɔhwehwe ase.

7“Hwan, na ɔma ne homene so sɛ Asubɔnten Nil,

sɛ nsubɔntene a emu nsuo woro soɔ yi?

8Misraim ma ne homene so sɛ Nil,

sɛ nsubɔntene a emu nsuo woro soɔ.

Ɔka sɛ, ‘Mɛsɔre akata asase no so;

mɛsɛe nkuropɔn ne emu nnipa.’

9Monkɔ mo anim, apɔnkɔ!

Monka wɔn anibereɛ so, Ao teaseɛnamkafoɔ!

Montu ntene, Ao nnɔmmarima,

Kus ne Put mmarimma a mokura akokyɛm,

Lidia mmarima a moto agyan.

10Nanso, ɛda no yɛ Awurade, Asafo Awurade dea,

aweretɔ da, nʼatamfoɔ so aweretɔ.

Akofena bɛkunkum akɔsi sɛ ɔbɛmee,

akɔsi ɛberɛ a ɔde mogya bɛdwodwo ne sukɔm ano.

Ɛfiri sɛ, Awurade, Asafo Awurade bɛbɔ afɔdeɛ

wɔ atifi fam asase a ɛwɔ Asubɔnten Eufrate ho no so.

11“Foro kɔ Gilead kɔgye aduro

Ao, Misraim Babaa Babunu.

Nanso, nnuro bebrebe a wofa no yɛ kwa,

ayaresa biara nni hɔ ma wo.

12Amanaman no bɛte wʼanimguaseɛ;

wʼagyaadwoɔ bɛhyɛ asase so ma.

Ɔkofoɔ baako bɛsunti ɔfoforɔ so;

na wɔn baanu bɛbɔ mu ahwe ase.”

13Yei ne asɛm a Awurade ka kyerɛɛ odiyifoɔ Yeremia a ɛfa Babiloniahene Nebukadnessar ba a ɔbɛba abɛto ahyɛ Misraim so:

14“Mommɔ yei ho dawuro wɔ Misraim, na mompae mu nka wɔ Migdol;

monka wɔ Memfis ne Tapanhes nso sɛ,

‘Monnyinagyina na monyɛ krado,

ɛfiri sɛ, akofena rekunkum wɔn a wɔatwa mo ho ahyia.’

15Adɛn enti na mo nnɔmmarima bɛboto sei?

Wɔrentumi nnyina, ɛfiri sɛ, Awurade bɛbɔ wɔn ahwe fam.

16Wɔbɛsuntisunti atoatoa so;

wɔbɛhwehwe ase adeda wɔn ho wɔn ho so.

Wɔbɛka sɛ, ‘Monsɔre, momma yɛnkɔ yɛn nkyi

nkɔ yɛn nkurɔfoɔ nkyɛn ne baabi a wɔwoo yɛn,

na yɛmfiri ɔhyɛsofoɔ no akofena ano.’

17Ɛhɔ na wɔbɛteam sɛ,

‘Misraimhene Farao dwa nʼanom kwa;

nʼakwannya a ɔwɔ no atwam.’

18“Ampa ara sɛ mete ase yi” Ɔhene a

ne din ne Asafo Awurade na ɔseɛ,

“Ɔbaako bɛba a ɔte sɛ Tabor wɔ mmepɔ no mu,

anaasɛ Karmel a ɛwɔ mpoano.

19Mommoaboa mo nneɛma ano ntwɛn nnommumfa,

mo a motete Misraim,

ɛfiri sɛ wɔbɛsɛe Memfis kuro

na ɛbɛda mpan a obiara rentena so.

20“Misraim yɛ nantwie ba bereɛ a ne ho yɛ fɛ,

nanso kawere bi firi

atifi fam reba ne so.

21Asraafoɔ apaafoɔ a wɔwɔ wɔn mu no

te sɛ anantwie mma a wɔadɔre sradeɛ.

Wɔn nso bɛdane wɔn ho adwane abom,

wɔrentumi nnyina wɔn nan so,

ɛfiri sɛ, amanehunu da no reba wɔn so,

ɛberɛ a wɔde bɛtwe wɔn aso no.

22Misraim bɛtee so sɛ ɔtweaseɛ a ɔredwane

ɛberɛ a ɔtamfoɔ de ahoɔden reba ne so no;

wɔde mmonnua bɛba ne so

te sɛ mmarima a wɔbu nnua.

23Wɔbɛsɛe ne kwaeɛ,”

Awurade na ɔseɛ,

“sɛdeɛ ayɛ kusuu yi mpo.

Wɔdɔɔso bebree sene ntutummɛ,

na wɔrentumi nkane wɔn.

24Wɔbɛgu Ɔbabaa Misraim anim ase,

wɔde no bɛhyɛ atifi fam nnipa no nsa.”

25Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, ka sɛ, “Mede asotwe reba Tebes nyame Amon, Farao, Misraim ne nʼanyame ne nʼahemfo ne wɔn a wɔde wɔn ho to Farao soɔ no so. 26Mede wɔn bɛhyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkum wɔn no nsa: Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼadwumayɛfoɔ no. Nanso, akyire no, nnipa bɛtena Misraim asase so te sɛ kane no,” Awurade na ɔseɛ.

27“Nsuro, Ao Yakob me ɔsomfoɔ;

mma wʼaba mu mmu, Ao Israel.

Ampa ara mɛgye wo afiri beaeɛ a ɛwɔ akyirikyiri,

ne wʼasefoɔ afiri wɔn nnommumfa asase so.

Yakob bɛsane anya asomdwoeɛ ne banbɔ,

na obiara renhunahuna no.

28Nsuro, Ao, Yakob me ɔsomfoɔ;

na me ne wɔ hɔ,” Awurade na ɔseɛ.

“Ɛwom sɛ mesɛe aman no nyinaa koraa,

aman a mehwetee mo kɔɔ so no deɛ,

nanso merensɛe mo korakora.

Mede tenenee nko ara na ɛbɛtenetene mo so;

meremma mommfa mo ho nni a merentwe mo aso.”