耶利米书 42 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

耶利米书 42:1-22

耶利米警告犹大人勿去埃及

1加利亚的儿子约哈难何沙雅的儿子耶撒尼亚和其他将领及各阶层的民众前来, 2耶利米先知说:“求你答应我们的恳求,为我们这些余民向我们的上帝耶和华祈求。你也看见了,我们本来人数众多,现在却寥寥无几。 3愿你的上帝耶和华指示我们该去哪里,该做什么。” 4耶利米先知说:“好。我必照你们说的向你们的上帝耶和华祈求,并把祂的话毫不隐瞒地告诉你们。” 5他们说:“倘若我们不照你的上帝耶和华说的去做,愿诚实可靠的耶和华作证指控我们! 6不论我们的上帝耶和华说什么,我们都愿意听从。我们若听祂的话,就必亨通。”

7十天之后,耶和华的话传给了耶利米8耶利米便召集加利亚的儿子约哈难和众将领及各阶层的民众, 9对他们说:“你们让我向以色列的上帝耶和华祈求,耶和华这样说, 10‘如果你们留在这地方,我必扶持你们,决不毁灭你们;我必栽培你们,决不铲除你们。因为我为降在你们身上的灾祸而难过。 11不要惧怕巴比伦王,不要怕他,因为我必与你们同在,拯救你们脱离他的权势。这是耶和华说的。 12我必怜悯你们,也要让他怜悯你们,使你们重归故土。’ 13然而,如果你们不听你们的上帝耶和华的话,不留在这地方, 14非要去埃及住,以为那里没有战争,听不见号角声,也不会忍饥挨饿, 15那么,你们这些犹大的余民就要听听耶和华的话。以色列的上帝——万军之耶和华说,‘如果你们决意去埃及住, 16你们所害怕的战争和饥荒必紧紧地跟着你们。你们必死在埃及17凡决意去埃及住的人必要死于战争、饥荒和瘟疫,无人能逃脱我降的灾祸。’

18以色列的上帝——万军之耶和华说,‘我曾把烈怒倾倒在耶路撒冷人身上,如果你们去埃及,我也要把我的怒气倾倒在你们身上。你们的下场将很可怕,被人责骂、咒诅和羞辱,再也见不到故土。’ 19犹大的余民啊,耶和华已告诉你们不要去埃及。别忘了我今日给你们的警告, 20你们是在自欺,因为原是你们请我去向我们的上帝耶和华祈求,让我毫不隐瞒地把祂的话告诉你们,你们也答应遵行。 21今日,我把你们上帝耶和华的话告诉了你们,你们却不听从。 22因此,你们要清楚知道,你们如果决意去埃及住,必死于战争、饥荒和瘟疫。”

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yeremia 42:1-22

1Afei asraafo mpanyimfo no nyinaa a Karea babarima Yohanan ne Hosaia babarima Yesania ka ho, ne nnipa no nyinaa, efi akumaa so kosi ɔkɛse so kɔɔ 2odiyifo Yeremia nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Yɛsrɛ wo, tie yɛn adesrɛ yi na bɔ Awurade, wo Nyankopɔn mpae ma wɔn a wɔaka yi nyinaa. Sɛnea wuhu no, kan no na yɛdɔɔso nanso afei yɛaka kakraa bi. 3Bɔ mpae sɛnea Awurade, wo Nyankopɔn bɛkyerɛ yɛn faako a ɛsɛ sɛ yɛkɔ ne nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ.”

4Yeremia buaa wɔn se, “Mate mo asɛm no, na ɔkwan biara so mɛbɔ Awurade, mo Nyankopɔn mpae sɛnea moasrɛ no; mɛka nea Awurade bɛka biara akyerɛ mo na meremfa hwee nsie mo.”

5Na afei, wɔka kyerɛɛ Yeremia se, “Sɛ yɛanyɛ nea Awurade, wo Nyankopɔn soma wo se ka kyerɛ yɛn no a, ma ɔnyɛ ɔdanseni nokwafo ntia yɛn. 6Sɛ yɛpɛ o, sɛ yɛmpɛ o, yɛbɛyɛ osetie ama Awurade, yɛn Nyankopɔn a yɛresoma wo wɔ ne nkyɛn no, sɛnea ebesi yɛn yiye, na yebedi Awurade, yɛn Nyankopɔn asɛm so.”

7Nna du akyi no, Awurade asɛm baa Yeremia hɔ. 8Enti ɔfrɛɛ Karea babarima Yohanan ne asraafo mpanyimfo a wɔka ne ho ne nnipa no nyinaa; efi akumaa so kosi ɔkɛse so. 9Na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn a mosomaa me sɛ memfa mo adesrɛ nkɔto nʼanim no se: 10‘Sɛ motena asase yi so a, mesiesie mo na merensɛe mo, medua mo na merentu mo ase, efisɛ me werɛ ahow wɔ amanehunu a mama aba mo so no ho. 11Munnsuro Babiloniahene a mprempren musuro no no. Munnsuro no, Awurade na ose, efisɛ mene mo wɔ hɔ, megye mo, na mayi mo afi ne tumi ase. 12Mehu mo mmɔbɔ na ɔno nso ahu mo mmɔbɔ na ɔde mo asan aba mo asase so.’

13“Nanso sɛ moka se, ‘Yɛrentena saa asase yi so,’ na ne saa nti moanyɛ osetie amma Awurade mo Nyankopɔn, 14na sɛ moka se, ‘Dabi, yɛbɛkɔ akɔtena Misraim, faako a yɛrenhu ɔko, na yɛrente akobɛn nnyigyei na aduankɔm renne yɛn a,’ 15ɛno de tie Awurade asɛm, mo Yuda nkae. Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se, ‘Sɛ moawe ahinam sɛ mobɛkɔ akɔtena Misraim, na sɛ munya kɔtena hɔ a, 16ɛno de afoa a musuro no bɛto mo wɔ hɔ na ɔkɔm a, mo koma tu wɔ ho no bedi mo akyi akɔ Misraim na hɔ na mubewuwu. 17Nokware wɔn a wɔasi wɔn adwene pi sɛ wɔbɛkɔ Misraim akɔtena hɔ no bewuwu wɔ afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm ano, na wɔn mu baako po renka anaa ɔrenguan mfi amanehunu a mede bɛba wɔn so no mu.’ 18Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se, ‘Sɛnea mʼabufuw ne mʼabufuwhyew hwie guu nnipa a wɔwɔ Yerusalem so no, saa ara na sɛ, mokɔ Misraim a, mʼabufuwhyew behwie agu mo so. Mobɛyɛ nnome, ahodwiriwde, afɔbu ne ahohora; morenhu saa beae yi bio.’

19“Yuda nkae, Awurade aka akyerɛ mo se, ‘Monnkɔ Misraim.’ Mommma mo werɛ mmfi, nnɛ merebɔ mo kɔkɔ 20sɛ moyɛɛ mfomso a ɛyɛ hu yiye, bere a mosomaa me kɔɔ Awurade, mo Nyankopɔn hɔ, na mokae se, ‘Bɔ Awurade, yɛn Nyankopɔn mpae ma yɛn, na ka nea ɔka biara kyerɛ yɛn na yɛbɛyɛ,’ no. 21Nnɛ, maka akyerɛ mo, nanso monyɛɛ osetie mmaa Awurade mo Nyankopɔn ara wɔ biribiara a ɔhyɛɛ me sɛ menka nkyerɛ mo no ho. 22Enti afei mommma mo werɛ mfi sɛ, mubewuwu wɔ afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm ano wɔ faako a mopɛ sɛ mokɔtena hɔ no.”