耶利米买田
1犹大王西底迦第十年,就是尼布甲尼撒执政第十八年,耶和华的话传给了耶利米。 2那时,巴比伦王的军队正围攻耶路撒冷。耶利米先知被囚禁在犹大王宫中护卫兵的院子里。 3犹大王西底迦囚禁了他,责问他为什么预言说:“耶和华说,‘看啊,我要让巴比伦王攻占这座城。 4犹大王西底迦逃不出迦勒底人的手,必成为巴比伦王的阶下囚,被他审问、 5遣送到巴比伦,住在那里一直到死。你们和迦勒底人作战注定要失败。这是耶和华说的。’”
6耶利米说:“耶和华对我说, 7‘看啊,你叔父沙龙的儿子哈拿篾会去找你,让你买下他在亚拿突的那块田地,说你是他的近亲,理当买下它。’” 8果然如耶和华所言,我堂兄弟哈拿篾到护卫兵的院子里对我说:“我在便雅悯境内的亚拿突有一块田,求你买下它,因为你理当买下它。求你买下吧!”我知道这是耶和华的旨意。 9-10于是,我从堂兄弟哈拿篾手里买了亚拿突的那块田。我当着证人的面签订了契约,封好,秤了二百克银子给他。 11地契上列明了详细条款,一份加了封印,一份没有加。 12我当着堂兄弟哈拿篾、证人和护卫兵院子里所有犹大人的面,把地契交给玛西雅的孙子、尼利亚的儿子巴录。 13我当众对巴录说: 14“以色列的上帝——万军之耶和华吩咐你把封印的和没有封印的两份地契放在一个瓦瓶里,长期保存。 15因为以色列的上帝——万军之耶和华说,将来必有人在这里重新买房屋、田地和葡萄园。”
16我把地契交给尼利亚的儿子巴录之后,便向耶和华祷告说: 17“主耶和华啊,看啊,你伸出大能的臂膀创造天地,你无所不能。 18你恩待千万人,也向后世的子孙追讨他们祖先所犯的罪。伟大全能的上帝啊!你名叫万军之耶和华。 19你的计划充满智慧,你的作为奇妙无比,你鉴察世人,按照各人的行为施行赏罚。 20你曾在埃及行神迹奇事,现今仍在以色列和世界各地行神迹奇事,使自己威名远扬,直到今日。 21你伸出臂膀用大能的手行神迹奇事及可畏的事,领你的子民出了埃及。 22你信守对他们祖先的应许,赐给他们这奶蜜之乡。 23他们得到这块土地之后,却不听你的话,也不遵行你的律法,对你的吩咐置若罔闻,因此你使他们大祸临头。 24看啊,敌人已经修筑高台要攻打这城,这城要因战争、饥荒和瘟疫而落入迦勒底人手中。你所说的都应验了,你也看见了。 25主耶和华啊!虽然这城快要落入迦勒底人手中了,可是你还要让我在证人面前买下这块地。”
26耶和华对耶利米说: 27“看啊,我是耶和华,是全人类的上帝,难道有我做不到的事吗? 28看啊,我要把这城交在巴比伦王尼布甲尼撒和他率领的迦勒底人手中,让他们攻取这城。这是耶和华说的。 29他们必放火焚城,把城中的房屋付之一炬,城中的居民曾在房顶上向巴力烧香、向假神奠酒,惹我发怒。 30以色列人和犹大人从一开始就行我视为恶的事,他们的所作所为惹我发怒。这是耶和华说的。 31这城自从建立以来一直惹我发怒,以致我不得不毁灭它。 32以色列和犹大的君王、首领、祭司、先知、百姓和耶路撒冷居民的恶行令我怒不可遏。 33他们不是面向我而是背对我,我不厌其烦地教导他们,他们却不肯听,不受教。 34他们把可憎的神像放在我的殿中,玷污了我的殿; 35他们在欣嫩子谷为巴力建丘坛,用自己的儿女作祭物献给摩洛,使犹大陷入罪中——我从未吩咐他们做如此邪恶的事,连想都没想过。 36耶利米啊,你们说这座城要因战争、饥荒和瘟疫而落入巴比伦王手中,但以色列的上帝耶和华说, 37‘看啊,我极其愤怒地把他们驱散到各地,我也必招聚他们,领他们回到故土,使他们安居乐业。 38他们要做我的子民,我要做他们的上帝。 39我要使他们永远全心全意地敬畏我,使他们和子孙得到福乐。 40我要与他们立永远的约,永远恩待他们,使他们对我心存敬畏,不再背弃我。 41我必以恩待他们为乐,全心全意在这地方培育他们。
42“‘我曾降下这一切灾祸给他们,我也要把我应许的福乐赐给他们。这是耶和华说的。 43耶利米啊,你们说这地方落在了迦勒底人手中,变得一片荒凉,人兽绝迹。但将来这地方必再有人置买田产。 44在便雅悯境内,耶路撒冷周围和犹大的城邑,以及山区、丘陵、南部的城邑中,必有人置买田地,签订地契,盖封印,请人作证,因为我必使被掳的人回到故土。这是耶和华说的。’”
Yeremia Tɔ Asase
1Eyi ne asɛm a efi Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ wɔ Yudahene Sedekia adedi afe a ɛto so du a na ɛyɛ Nebukadnessar adedi afe a ɛto so dunwɔtwe no mu. 2Na Babiloniahene nsraadɔm aka Yerusalem ahyɛ a na odiyifo Yeremia nso da dua mu wɔ awɛmfo adiwo a ɛwɔ Yuda ahemfi.
3Na Yudahene Sedekia de no ato afiase wɔ hɔ reka se, “Adɛn nti na wohyɛ nkɔm a ɛte sɛɛ? Woka se, ‘Nea Awurade se ni: Mede saa kuropɔn yi rebɛhyɛ Babiloniahene nsa, na wafa no nnommum. 4Yudahene Sedekia rennya kwan nguan mfi Babiloniafo nsam, na ampa ara hyɛ na wɔde no bɛhyɛ Babiloniahene nsa, na ɔne no akasa anim ne anim na ɔde nʼani ahu no. 5Ɔde Sedekia bɛkɔ Babilonia, na hɔ na ɔbɛtena akosi sɛ me ne no bedi, Awurade na ose. Sɛ woko tia Babiloniafo no a worenni nkonim.’ ”
6Yeremia kae se, “Awurade asɛm baa me nkyɛn se, 7Wo wɔfa Salum babarima Hanamel rebɛba wo nkyɛn, abɛka se, ‘Tɔ mʼasase a ɛwɔ Anatot32.7 Anatot—Yeremia kurom. no, efisɛ woyɛ me busuani titiriw na wowɔ ho kwan, na ɛyɛ wʼasɛde nso sɛ wotɔ.’
8“Na sɛnea Awurade aka no, me wɔfa ba Hanamel baa me nkyɛn wɔ awɛmfo adiwo hɔ bɛkae se, ‘Tɔ mʼasase a ɛwɔ Anatot wɔ Benyamin mantam mu no. Esiane sɛ wowɔ ho kwan sɛ wugye na wofa no nti, tɔ na fa.’
“Mihuu sɛ eyi yɛ Awurade asɛm.” 9Enti metɔɔ asase a na ɛwɔ Anatot no fii me wɔfa ba Hanamel nkyɛn na mituaa dwetɛ gram ɔha ne aduɔkron anan (194) maa no. 10Mede me nsa hyɛɛ adetɔ nhoma no ase, sɔw ano32.10 sɔw ano—Ɛnyɛ sɛ ɔde nsa bɛhyɛ ase sɛ ɛyɛ nokware nko, na mmom, sɛnea wɔbɛhyɛ nhyehyɛe no mu nsɛm no mu den na amma obiara antumi ansakra mu. wɔ nnansefo anim, na mede nsania karii dwetɛ mpɔw no. 11Na mefaa adetɔ nhoma no, nea wɔasɔw ano a ɛho nhyehyɛe wɔ mu no, ne nea wɔnsɔw ano no nso, 12na mede saa adetɔ nhoma no maa Neria babarima Baruk32.12 Baruk—Ase ne “Awurade ahyira no.” Na ɔyɛ Yeremia kyerɛwfo nokwafo. a, ɔyɛ Maaseia nena no wɔ me wɔfa ba Hanamel, nnansefo a wɔde wɔn nsa hyɛɛ adetɔ nhoma no ase ne Yudafo a na wɔwɔ awɛmfo adiwo hɔ no nyinaa anim.
13“Meka kyerɛɛ Baruk wɔ wɔn nyinaa anim se, 14‘Nea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn no se ni: Fa saa adetɔ so nhoma yi, nea wɔasɔw ano ne nea wɔnsɔw ano, na fa gu dɔte asuhina mu, sɛnea ɛbɛkyɛ yiye.32.14 fa to asuhina mu sɛnea ɛbɛkyɛ yiye—Krataa a wohuu no asuhina mu wɔ Ɛlefantin ne Kumram (nkurow a ɛdeda Nkyene Po atɔe fam) no dii mfe 2,000 ne akyi a ɛho anka. 15Nea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn no se ni: Wɔbɛtotɔ afi, mfuw ne bobe nturo wɔ asase yi so bio.’
16“Mede adetɔ nhoma no maa Neria babarima Baruk akyiri no, mebɔɔ Awurade mpae se,
17“Ao, Otumfo Awurade, wo na wonam wo tumi ne wo basa a woateɛ mu so abɔ ɔsoro ne asase. Biribiara nyɛ den mma wo. 18Wuyi ɔdɔ adi kyerɛ mpempem, nanso wutua agyanom amumɔyɛ so ka gu wɔn mma a wodi wɔn akyi srɛ so. Onyankopɔn Tweduampɔn a woso na wowɔ tumi, wo din ne Asafo Awurade, 19wo botae so, na wo nneyɛe yɛ kɛse. Wʼaniwa hu nnipa akwan nyinaa; na wutua obiara ka sɛnea nʼabrabɔ ne ne nneyɛe te. 20Woyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade wɔ Misraim na atoa so de abesi nnɛ wɔ Israel ne adesamma nyinaa mu, na wode agye din a ɛwɔ wo de besi nnɛ. 21Wode nsɛnkyerɛnne ne anwonwade, nsa a ɛyɛ den ne abasa a wɔateɛ mu ne nneɛma ɛyɛ hu yii wo man Israel fii Misraim. 22Wode asase a wokaa ho ntam sɛ wode bɛma wɔn agyanom no maa wɔn, asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so. 23Wɔba bedii, na wɔtenaa so, nanso wɔantie wo, na wɔanni wo mmara so; wɔanyɛ nea wohyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. Enti wode saa amanehunu yi nyinaa baa wɔn so.
24“Hwɛ sɛnea wɔasisi ntuano mpampim de rebegye kuropɔn no. Esiane afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm nti, wɔde kuropɔn no bɛhyɛ Babiloniafo a wɔretow ahyɛ ne so no nsa. Nea wokae no aba mu sɛnea wuhu no mprempren no. 25Na ɛwɔ mu sɛ wɔde kuropɔn no bɛhyɛ Babiloniafo nsa de, nanso wo, Otumfo Awurade, ka kyerɛ me se, ‘Fa dwetɛ tɔ asase na ma nnansefo mmra ho nhyehyɛe no mu.’ ”
26Na Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn se, 27“Mene Awurade adesamma nyinaa Nyankopɔn. Na biribi yɛ den dodo ma me ana? 28Enti nea Awurade se ni: Mede kuropɔn yi rebɛhyɛ Babiloniafo ne Babiloniahene Nebukadnessar nsa, na wɔafa. 29Babiloniafo a wɔretow ahyɛ saa kuropɔn yi so no bɛba, na wɔato mu gya; wɔbɛhyew no dwerɛbee, ɛno ne afi a nnipa hyew nnuhuam wɔ atifi maa Baal na wohwiee afɔrebɔ nsa maa anyame foforo de hyɛɛ me abufuw no.
30“Israelfo ne Yudafo nyɛɛ biribiara sɛ bɔne wɔ mʼani so, efi wɔn mmabun bere mu; ampa ara Israelfo nyɛɛ biribiara sɛ wɔde nneɛma a wɔde wɔn nsa ayɛ bɛhyɛ me abufuw, Awurade na ose. 31Efi da a wɔkyekyeree saa kuropɔn yi de besi nnɛ, wahyɛ me abufuw ne abufuwtraso a ɛsɛ sɛ miyi no fi mʼani so. 32Israelfo ne Yudafo de bɔne a wɔayɛ nyinaa ahyɛ me abufuw, wɔn, wɔn ahemfo ne adwumayɛfo, wɔn asɔfo ne adiyifo, mmarima a wɔwɔ Yuda ne nnipa a wɔwɔ Yerusalem. 33Wɔdan wɔn akyi kyerɛɛ me; ɛwɔ mu, mekyerɛkyerɛ wɔn bere biara de, nanso wɔantie na wɔamfa nteɛso. 34Wɔasisi ahoni a ɛyɛ akyiwade wɔ ofi a me Din da so no mu, de guu ho fi. 35Wosisii sorɔnsorɔmmea maa Baal wɔ Ben Hinom bon mu, de wɔn mmabarima ne mmabea bɔɔ afɔre maa Molek, wɔ bere a menhyɛɛ wɔn na ɛmmaa mʼadwene mu da sɛ wɔnyɛ saa akyiwade yi mma Yuda nyɛ bɔne.
36“Woreka wɔ kuropɔn yi ho se, ‘Wɔnam afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm so de bɛhyɛ Babiloniahene nsa’; nanso sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn se: 37Ampa ara mɛboaboa wɔn ano afi nsase a mifi mʼabufuwhyew mu pam wɔn koguu hɔ; mɛsan de wɔn aba ha na mama wɔatena ase ahotɔ mu. 38Wɔbɛyɛ me nkurɔfo, na mayɛ wɔn Nyankopɔn. 39Na mɛma wɔn koma koro na wɔayɛ wɔn ade abɔ mu, sɛnea bere biara wobesuro me, wɔn ankasa ne wɔn nkyirimma yiyedi nti. 40Na me ne wɔn bɛyɛ daapem apam: Merennyae wɔn yiyeyɛ da, na mede ɔpɛ bɛhyɛ wɔn koma mu, ama wɔasuro me, sɛnea wɔrentwe wɔn ho mfi me ho da. 41Mʼani begye sɛ mɛyɛ wɔn yiye, na ampa ara mede me koma ne me kra nyinaa bedua wɔn wɔ asase yi so.
42“Sɛɛ na Awurade se: Sɛnea mede amanehunu kɛse yi nyinaa aba nkurɔfo yi so no, saa ara na mede yiyedi a mahyɛ wɔn ho bɔ no bɛma wɔn. 43Wɔbɛtotɔ nsase bio wɔ ha, nea moka wɔ ho se, ‘Wɔde ahyɛ Babiloniafo nsa, ɛno nti ada mpan, na nnipa anaa mmoa nni so no.’ 44Wɔde dwetɛ bɛtotɔ nsase, na wɔbɛyɛ adetɔ nhoma wɔ so. Wɔbɛsɔw ano wɔ nnansefo anim wɔ Benyamin32.44 Benyamin mantam. Wɔbɔ Benyamin din ha kan efisɛ na hɔ yɛ ɔmantam a Yeremia kurow a ofi mu wɔ. mantam, nkuraa a atwa Yerusalem ho ahyia, nkurow a ɛwɔ Yuda, bepɔw so man, atɔe fam mmepɔw ase ne Negeb, efisɛ mɛsan de wɔn ahonyade ama wɔn, Awurade na ose.”