耶利米书 27 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

耶利米书 27:1-22

耶利米负轭的比喻

1犹大约西亚的儿子约雅敬执政初期,耶和华的话传给了耶利米2耶和华对我说:“你要做个木轭,用绳索套在自己颈上。 3然后请那些到耶路撒冷朝见犹大西底迦的使者传话给他们的主人以东王、摩押王、亚扪王、泰尔王和西顿王, 4说,‘以色列的上帝——万军之耶和华说, 5我伸出大能的臂膀创造了大地、地上的人类和动物,我想把大地赐给谁就赐给谁。 6现在,我要把你们的国家交给我的仆人巴比伦尼布甲尼撒,连田野的走兽也要归他管辖。 7各国都要臣服于他和他的子孙,直到他的国家灭亡。那时,许多国家和强大的君王必奴役他。 8如果哪一邦或哪一国不肯臣服于巴比伦尼布甲尼撒,不肯负巴比伦王的轭,我必用战争、饥荒和瘟疫惩罚他们,直到我借巴比伦王的手毁灭他们。这是耶和华说的。 9你们不可听信你们的先知、占卜者、解梦者、巫师和术士的话,他们说巴比伦王不会征服你们。 10他们的预言是骗人的,只会使你们远离家园。我会赶走你们,使你们灭亡。 11但如果哪一国肯负巴比伦王的轭,臣服于他,我必使那国的人们留在本国,安居乐业。这是耶和华说的。’”

12我照耶和华的吩咐对犹大西底迦说:“你们要负巴比伦王的轭,臣服于他和他的人民,这样你们就可存活。 13你和你的人民何必死于战争、饥荒和瘟疫呢?耶和华要降这些灾难给不肯臣服于巴比伦王的国家。 14不要听信那些先知骗人的预言,他们说巴比伦王不会征服你们。 15耶和华并没有派他们,他们却奉祂的名说假预言。如果你们听信他们的话,耶和华必把你们和假先知赶走,使你们一同灭亡。” 16我也对祭司和全体民众说:“耶和华说,‘你们不要听信假先知骗人的预言,他们说耶和华殿里的器皿很快就要从巴比伦运回来了。 17你们不可听信他们的话。你们要臣服于巴比伦王,以便存活。何必使这城沦为废墟呢? 18如果他们真的是先知,有耶和华给他们的信息,就让他们求万军之耶和华不要使圣殿中、犹大王宫内和耶路撒冷剩余的器皿被掳到巴比伦去。’ 19-20巴比伦尼布甲尼撒犹大约雅敬的儿子耶哥尼雅,以及犹大耶路撒冷的贵族从耶路撒冷掳到巴比伦去的时候,没有带走耶和华殿的铜柱、铜海、铜底座及其他器皿。 21论到这些剩下来的物件,以色列的上帝——万军之耶和华说, 22‘它们必被掳到巴比伦,一直留在那里,直到有一天我眷顾以色列人,把它们带回原处。这是耶和华说的。’”

Asante Twi Contemporary Bible

Yeremia 27:1-22

Yuda Bɛsom Nebukadnessar

1Yudahene Yosia babarima Sedekia adedie ahyɛaseɛ no, asɛm yi firi Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn sɛ, 2Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛɛ me: “Fa mmeamudua ne nkyehoma yɛ kɔnnua sɛn wo kɔn mu. 3Fa nkra ma abɔfoɔ a wɔaba Yudahene Sedekia nkyɛn wɔ Yerusalem na wɔmfa nkɔma ahemfo a wɔwɔ Edom, Moab, Amon, Tiro ne Sidon. 4Fa nkra kɔma wɔn wuranom sɛ: Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ, ‘Ka yei kyerɛ wo wuranom sɛ: 5Mede me tumi kɛseɛ ne me basa a matene mu yɛɛ asase ne so nnipa ne mmoa a wɔwɔ so, na mede ma obiara a ɔsɔ mʼani. 6Afei, mede mo aman nyinaa bɛhyɛ mʼakoa Babiloniahene Nebukadnessar nsa, na mede wiram mmoa mpo bɛhyɛ nʼase. 7Amanaman nyinaa bɛsom no ne ne babarima ne ne nanabarima kɔsi sɛ ne berɛ bɛtwam; na afei aman bebree ne ahemfo akɛseakɛseɛ bɛdi ne so.

8“ ‘Nanso sɛ ɔman bi anaa ahennie bi rensom Babiloniahene Nebukadnessar anaa wɔremfa wɔn kɔn nhyɛ ne kɔnnua ase a, mede akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm bɛtwe saa ɔman no aso, kɔsi sɛ mede ne nsa bɛsɛe no, Awurade na ɔseɛ. 9Ɛno enti monntie mo adiyifoɔ, mo nkɔmhyɛfoɔ, mo adaeɛ asekyerɛfoɔ, mo asamanfrɛfoɔ anaa mo ntafowayifoɔ a wɔka kyerɛ mo sɛ, “Morensom Babiloniahene.” 10Wɔhyɛ mo nkɔmtorɔ a ɛbɛma wɔayi mo afiri mo asase so akɔ akyirikyiri nko ara; mɛpam mo ama mo ase ayera. 11Nanso, sɛ ɔman biara de ne kɔn bɛhyɛ Babiloniahene kɔnnua no ase na wasom no a, mɛma saa ɔman no aka ɔno ara asase so na wadɔ so atena so, Awurade, na ɔseɛ.’ ”

12Mede saa nkra korɔ no ara kɔmaa Yudahene Sedekia sɛ, “Momfa mo kɔn nhyɛ Babiloniahene kɔnnua ase na monsom ɔno ne ne nkurɔfoɔ na mobɛnya nkwa. 13Adɛn enti na ɛsɛ sɛ wo ne wo nkurɔfoɔ wuwuo wɔ akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm ano, sɛdeɛ Awurade de ahunahuna ɔman biara a ɔmpɛ sɛ ɔsom Babiloniahene no? 14Monntie adiyifoɔ no a wɔka kyerɛ mo sɛ, ‘Morensom Babiloniahene,’ ɛfiri sɛ wɔhyɛ mo nkɔmtorɔ. 15‘Mensomaa wɔn’ Awurade na ɔseɛ. ‘Wɔhyɛ nkɔmtorɔ wɔ me din mu. Enti, mɛpam mo na moayera, mo ne adiyifoɔ a wɔhyɛ mo nkɔm no.’ ”

16Na meka kyerɛɛ asɔfoɔ no ne saa nkurɔfoɔ yi nyinaa sɛ, “Yei ne deɛ Awurade seɛ: Monntie adiyifoɔ no a wɔhyɛ mo nkɔm sɛ, ‘Ɛrenkyɛre koraa wɔde Awurade efie nneɛma no bɛfiri Babilonia aba.’ Wɔhyɛ nkɔmtorɔ kyerɛ mo. 17Monntie wɔn. Monsom Babiloniahene na mobɛnya nkwa. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ saa kuropɔn yi sɛeɛ? 18Sɛ wɔyɛ adiyifoɔ na Awurade asɛm wɔ wɔn mu a, ma wɔn nkoto nsrɛ Asafo Awurade na nneɛma a wɔde siesie dan mu a aka wɔ Awurade efie ne Yudahene ahemfie ne Yerusalem no, wɔamfa ankɔ Babilonia. 19Na yei ne deɛ Asafo Awurade ka fa kɔbere mfrafraeɛ afadum, Ɛpo, nnyinasoɔ a wɔtumi pia ne nneɛma a wɔde siesie dan mu no a aka wɔ kuropɔn yi mu no ho. 20Deɛ Babiloniahene Nebukadnessar amfa ankɔ ɛberɛ a ɔbɛfaa Yudahene Yehoiakim babarima Yehoiakin ne Yuda ne Yerusalem mmapɔmma firii Yerusalem kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilonia no. 21Aane, yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, ka fa nneɛma a aka wɔ Awurade efie, Yudahene ahemfie ne Yerusalem no ho: 22‘Wɔbɛfa akɔ Babilonia, na ɛhɔ na ɛbɛka kɔsi da a mɛba abɛfa,’ Awurade na ɔseɛ. ‘Afei mede nneɛma no bɛsane aba bio abɛsisi wɔn siberɛ wɔ ha.’ ”