耶利米书 11 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

耶利米书 11:1-23

犹大毁约

1耶和华对耶利米说: 2“你要听这约上的话,把内容告诉犹大人和耶路撒冷的居民。 3你要告诉他们,以色列的上帝耶和华说,‘不遵守这约的人必受咒诅。 4我把你们的祖先从埃及——苦难的熔炉里带出来,那时我吩咐他们遵守这约。他们若听从我的话,遵行我的吩咐,就必做我的子民,我也必做他们的上帝。 5这样,我就实现我向你们祖先起的誓——赐给他们那奶蜜之乡,正如今日一样。’”我回答说:“耶和华啊,遵命!”

6耶和华对我说:“你要在犹大各城和耶路撒冷的街头宣告,呼吁百姓听从、遵行这约。 7因为自从我把你们祖先从埃及领出来的那天起,一直到今天,我一再劝诫他们要听从我的话。 8然而,他们却不听不理,人人凭自己顽固的恶念行事。因此,我要使约中的一切咒诅临到他们,因为我吩咐他们遵守这约,他们却拒绝遵守。”

9耶和华对我说:“犹大人和耶路撒冷的居民阴谋背叛我。 10他们重蹈祖先的覆辙,不听从我的话,跟从、祭拜别的神明。以色列犹大都违背了我与他们祖先立的约。 11所以我要使他们灾难临头,无法逃脱,任他们高声呼求,我也不听。这是耶和华说的。 12那时,犹大各城和耶路撒冷的居民必去呼求他们烧香供奉的神明,却得不到任何帮助。 13犹大啊,你的神明多如你的城邑,你给可憎的巴力烧香的祭坛多如耶路撒冷的街道。

14“因此,耶利米啊,你不要为这些人祈祷,不要为他们呼求祷告,因为他们遭难时向我呼求,我必不理会他们。 15我所爱的子民既然罪恶滔天,还在我殿里做什么?难道祭肉可以为他们消灾免祸吗?他们以作恶为乐。 16耶和华曾称他们为枝繁叶茂、果实佳美的橄榄树,但现在祂要在呼啸的风暴中把它点燃,烧毁它的枝条。 17我——万军之耶和华曾栽培以色列人和犹大人,如今我要降祸给他们,因为他们作恶,向巴力献祭,惹我发怒。”

谋害耶利米

18有人想谋害我,耶和华告诉了我,并让我看见他们的所作所为。 19我好像一只被牵去宰杀的驯良羊羔,不知他们要谋害我。他们说:

“我们把这棵树连果子一同毁灭,

从世上除掉它,

使它被遗忘吧!”

20然而,审判公正、洞察肺腑心肠的万军之耶和华啊,

愿我能看见你报应他们,

因为我已向你陈明我的冤屈。

21-22亚拿突人想杀我,他们威胁我说:“你不要奉耶和华的名说预言,免得死在我们手上。”因此,万军之耶和华说:“看啊,我必惩罚他们。他们的青年必丧身刀下,他们的子女必死于饥荒, 23一个不留。因为在我报应之年,我必降灾难给亚拿突人。”

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yeremia 11:1-23

Wɔabu Apam No So

1Asɛm a efi Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn ni: 2“Tie apam yi mu nhyehyɛe na ka kyerɛ Yudafo ne wɔn a wɔtete Yerusalem. 3Ka kyerɛ wɔn se, sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn se: ‘Nnome nka onipa a onni apam yi mu nhyehyɛe so, 4nea mehyɛ maa mo agyanom bere a miyii wɔn fii Misraim, fononoo a wɔnan dade wɔ mu no.’ Mekae se, ‘Monyɛ osetie mma me na monyɛ biribiara a mehyɛ mo, na mobɛyɛ me nkurɔfo na mayɛ mo Nyankopɔn. 5Na afei mɛma ntam a mekaa mo agyanom se, mɛma wɔn asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so no aba mu,’ asase a mote so nnɛ yi.”

Mibuae se, “Amen, Awurade.”

6Awurade ka kyerɛɛ me se, “Bɔ saa asɛm yi ho dawuru wɔ Yuda nkurow ne Yerusalem mmɔnten so se: ‘Muntie apam yi ho nhyehyɛe na munni so. 7Efi bere a miyii mo agyanom fii Misraim besi nnɛ yi, mebɔɔ wɔn kɔkɔ bere biara se, “Monyɛ osetie mma me.” 8Nanso wɔantie na wɔamfa no asɛm; na mmom, wodii asoɔden a efi wɔn koma bɔne mu no akyi. Ɛno nti memaa nnome a efi apam a mahyɛ wɔn sɛ wonni so na wɔanni so no mu no baa wɔn so.’ ”

9Na afei Awurade ka kyerɛɛ me se, “Atuatew apam bi wɔ Yudafo ne wɔn a wɔtete Yerusalem no ntam. 10Wɔasan kɔ wɔn agyanom a wɔampɛ sɛ wotie mʼasɛm no bɔne ho. Wɔadi anyame foforo akyi akɔsom wɔn. Yerusalem fifo ne Yuda fifo abu apam a me ne wɔn agyanom yɛe no so. 11Ɛno nti nea Awurade se ni: ‘Mede amanehunu a wɔrentumi nguan mfi mu bɛba wɔn so. Ɛwɔ mu sɛ, wosu frɛ me de, nanso merennye wɔn so. 12Yuda nkurow ne Yerusalemfo bɛkɔ akosu afrɛ anyame a wɔhyew nnuhuam ma wɔn no, nanso sɛ amanehunu ba a wɔrentumi mmoa wɔn koraa. 13Wo Yuda, wowɔ anyame a wɔn dodow bɛyɛ sɛ wo nkurow; na afɔremuka a moasisi sɛ mobɛhyew nnuhuam wɔ so ama animguase nyame Baal no dɔɔso sɛ Yerusalem mmɔnten.’

14“Mmɔ mpae mma saa nnipa yi, nni mma wɔn na nsrɛ mma wɔn, efisɛ, sɛ wosu frɛ me wɔ wɔn amanehunu mu a merennye wɔn so.

15“Dɛn na me dɔfo reyɛ wɔ mʼasɔredan mu

bere a ɔne bebree hyehyɛ nsɛmmɔnedi ho?

Ahodwira nam betumi abɔ wo asotwe agu ana?

Sɛ woyɛ wʼamumɔyɛsɛm a

na wʼani agye.”

16Awurade, frɛ wo ngodua a enyin frɔmfrɔm

a ɛsow aba a ɛyɛ fɛ.

Nanso ɔde ahum kɛse bi nteɛmu

bɛto mu gya,

na ne mman bebubu.

17Asafo Awurade a oduaa wo no ahyɛ amanehunu ho nkɔm wɔ wo ho, efisɛ Israel fifo ne Yuda fifo ayɛ bɔne ahyɛ me abufuw sɛ wɔhyew nnuhuam ma Baal.

Yeremia Tirisopam

18Esiane sɛ Awurade yii pɔw a wabɔ kyerɛɛ me no nti, mihui, efisɛ saa bere no ɔde nea wɔreyɛ no kyerɛɛ me. 19Meyɛɛ sɛ oguamma a odwo a wɔde no rekɔ akokum no; amma mʼadwene mu sɛ wɔabɔ wɔn tirim pɔw atia me sɛ,

“Momma yɛnsɛe dua no ne nʼaba no;

momma yentwa no mfi ateasefo asase so,

sɛnea wɔnnkae ne din bio.”

20Nanso wo, Asafo Awurade, wo a wubu atɛntrenee

na wosɔ koma ne adwene hwɛ,

ma minhu wʼaweretɔ wɔ wɔn so,

na wo nsam na mede me nsɛm nyinaa hyɛ.

21Ɛno nti nea Awurade ka fa Anatot mmarima a wɔrehwehwɛ wo akum wo na wɔka se, “Nhyɛ nkɔm wɔ Awurade din mu anyɛ saa a, wubewu wɔ yɛn nsa ano,” 22Ɛno nti, nea Asafo Awurade se ni: “Mɛtwe wɔn aso. Wɔn mmerante bewuwu afoa ano, na ɔkɔm bekunkum wɔn mmabarima ne mmabea. 23Wɔrennya wɔn nkae biara mpo, efisɛ mede amanehunu bɛba Anatotfo so wɔ wɔn asotwe afe mu.”